Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nguannan no ne Oguanhwɛfo No

Nguannan no ne Oguanhwɛfo No

Ti 80

Nguannan no ne Oguanhwɛfo No

YESU aba Yerusalem rebedi Asɔrefidwira Afahyɛ, anaa Hanukkah, asɔrefi no a wɔsan hyiraa so maa Yehowa afahyɛ bere no mu. Bɛyɛ mfe 200 a atwam no mu wɔ 168 A.Y.B. mu no, Antiochus IV Epiphanes ko faa Yerusalem na oguu asɔrefi no ne n’afɔremuka no ho fĩ. Nanso mfe abiɛsa akyi no, wokogyee Yerusalem na wɔsan hyiraa asɔrefi no so bio. Ɛno akyi no, wɔhyɛ asɔrefi a wɔsan hyiraa so no ho fã afe afe.

Wodi Asɔrefidwira Afahyɛ yi Kislew 25, Yudafo ɔsram a ɛte sɛ November fã a etwa to ne December fã a edi kan no wɔ yɛn nnɛyi Kalenda so no. Enti, na aka bɛboro nnafua ɔha pɛ na wɔadi 33 Y.B. Twam titiriw no. Esiane sɛ ɛyɛ bere a wim yɛ nwini nti, ɔsomafo Yohane frɛ no “awɔw bere.”

Afei Yesu de mfatoho bi a ɔka nguannan abiɛsa ne n’adwuma sɛ Oguanhwɛfo pa ho asɛm wom di dwuma. Nguannan a edi kan a ɔka ho asɛm no fa Mose mmara apam nhyehyɛe no ho. Mmara no yɛɛ adwuma sɛ ɔfasu a na atwa Yudafo ne nnipa a wonni saa Onyankopɔn apam titiriw yi mu no ɔporɔw nneyɛe no ntam. Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nokware, nokware, mise mo sɛ, nea ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguannan mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifo ne odwowtwafo; na nea ɔfa ɔpon ano kɔ mu no ne nguan no hwɛfo.”

Na afoforo aba abɛkyerɛkyerɛ sɛ wɔne Mesia anaa Kristo no, nanso na wɔnyɛ nokware oguanhwɛfo a Yesu kɔ so ka ne ho asɛm no: “Ɔpon ano hwɛfo hiɛ ma no, na nguan no te ne nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi. . . . Na ɔnana de, wɔrenni n’akyi, efisɛ wonnim ananafo nne.”

Na nguannan a edi kan no “ano hwɛfo” ne Osuboni Yohane. Sɛ́ ɔpon ano hwɛfo no, Yohane ‘hiɛɛ’ Yesu denam kyerɛ a ɔde no kyerɛ saa sɛnkyerɛnne kwan so nguan a obedi wɔn anim akɔ adidibea no so. Awiei koraa no, wohiɛ saa nguan a Yesu de wɔn din frɛ wɔn na odi wɔn anim no ma wɔkɔ nguannan foforo mu sɛnea ɔkyerɛkyerɛ mu yi: “Nokware, nokware mise mo sɛ: Mene nguan no pon no,” kyerɛ sɛ ɔyɛ nguannan foforo no ano pon. Bere a Yesu ne n’asuafo yɛ apam foforo na wohwie honhom kronkron fi soro gu wɔn so wɔ Pentekoste akyi no, wogye wɔn kɔ nguannan foforo yi mu.

Yesu kɔ so kyerɛ dibea a ɔwɔ no na ɔka sɛ: “Mene ɔpon no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wobegye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na obefi adi, na obenya adidibea. . . . Mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmoroso. . . . Mene guanhwɛfo pa no; na minim me de, na me de nim me, sɛnea agya no nim me, na me nso minim agya no; na mede me kra meto hɔ mema nguan no.”

Na bere tiaa bi ni a Yesu kyekyee n’akyidifo werɛ bere a ɔkaa eyi no: “Kuw ketewaa, munnsuro! Efisɛ ɛyɛ mo agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.” Saa nguankuw ketewaa yi a awiei koraa no wɔn dodow du 144,000 no ba saa nguannan foforo anaa nea ɛto so abien yi mu. Nanso Yesu kɔ so ka sɛ: “Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.”

Esiane sɛ “nguan foforo” no mfi “ban yi” mu nti, ɛbɛyɛ sɛ wofi ban foforo bi, nea ɛto so abiɛsa mu. Ɛsono sɛnea nguannan abien yi mu biara daakye bɛyɛ. “Kuw ketewaa” a wɔwɔ nguannan biako mu no ne Kristo bedi hene wɔ soro, na “nguan foforo” no a wɔwɔ nguannan foforo no mu no bɛtra Paradise asase so. Ɛwom sɛ nguan no wɔ nguannan abien mu de, nanso wɔntwe wɔn ho wɔn ho ninkunu na wɔnte nka sɛ wɔapaapae wɔn mu nso, efisɛ Yesu ka sɛ ‘wɔbɛyɛ kuw biako’ wɔ “ɔhwɛfo” biako ase.

Oguanhwɛfo Pa Yesu Kristo fi ne pɛ mu de ne nkwa to hɔ ma nguankuw abien yi nyinaa. Ɔka sɛ: “M’ankasa na mede meto hɔ; na mewɔ hokwan sɛ mede to hɔ, na mewɔ hokwan sɛ mefa bio; ahyɛde yi na minyae m’Agya nkyɛn.” Bere a Yesu ka eyi no, Yudafo no mu paapae.

Nnipadɔm no mu pii ka sɛ: “Ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam; adɛn nti na mutie no?” Nanso ebinom bua sɛ: “Nsɛm yi nyɛ nea ɔwɔ honhommɔne nsɛm.” Afei bere a ɛda adi sɛ wɔretwe adwene asi asram bi a atwam a obuee ɔbarima bi a wɔwoo no onifuraefo ani so no, wɔka ka ho sɛ: “So honhommɔne betumi abue onifuraefo ani?” Yohane 10:1–22; 9:1–7; Luka 12:32; Adiyisɛm 14:1, 3; 21:3, 4; Dwom 37:29.

▪ Dɛn ne Asɔrefidwira Afahyɛ no, na bere bɛn na wodi?

▪ Dɛn ne nguannan a edi kan no, na hena ne ne pon ano hwɛfo?

▪ Ɔkwan bɛn so na ɔpon ano hwɛfo no hiɛ ma Oguanhwɛfo no, na dɛn na wɔma nguan no kɔ mu wɔ ɛno akyi?

▪ Henanom na wɔka bom yɛ Oguanhwɛfo Pa no nguannan abien no, na wɔbɛyɛ nguankuw ahe?