Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkae Anwummeduan No

Nkae Anwummeduan No

Ti 114

Nkae Anwummeduan No

YESU hohoro n’asomafo no nan ho akyi no, ɔfa kyerɛwsɛm a ɛwɔ Dwom 41:9 no ka sɛ: “Nea odi m’abodoo no na wama ne nantin so atia me.” Afei bere a ne honhom ho yeraw no no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mo mu biako rebeyi me ama.”

Asomafo no werɛ fi ase how, na wobisa Yesu mmiako mmiako sɛ: “Ɛyɛ me anaa?” Yuda mpo bisa bi. Yohane a ɔbɛn Yesu wɔ ɔpon no ho no pa tweri Yesu kokom na obisa sɛ: “Awurade, ɛyɛ hena?”

Yesu bua sɛ: “Ɛyɛ dumien no mu biako a ɔne me to nsa abeyaa mu. Onipa ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw ne ho de, nanso onipa a obeyi onipa ba no ama no nnue! Sɛ wɔannwo saa onipa no a, anka eye ma no.” Ɛno akyi no, Satan hyɛn Yuda mu bio na ɔde ɔkwan a wama aba ne koma a ayɛ bɔne no mu no di dwuma. Akyiri yi saa anadwo no, Yesu frɛ Yuda sɛ ‘ɔsɛe ba’ ma ɛfata.

Afei Yesu ka kyerɛ Yuda sɛ: “Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛm!” Asomafo a wɔaka no mu biara ante nea Yesu kyerɛ no ase. Ebinom susuw sɛ esiane sɛ Yuda kura sika kotoku no nti, na Yesu reka akyerɛ no sɛ: “Kɔtotɔ nea ehia yɛn sie afahyɛ no,” anaasɛ ɔmfa biribi nkɔma ahiafo.

Bere a Yuda kɔe akyi no, Yesu ka afahyɛ anaasɛ nkaedi foforo bi koraa ho asɛm kyerɛ n’asomafo anokwafo no. Ɔfa abodoo, ɔbɔ mpae da ase, obubu mu, na ɔde ma wɔn sɛ: “Munnye nni.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Eyi ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”

Bere a wɔn mu biara adi abodoo no, Yesu fa kuruwa a bobesa wom, ɛda adi sɛ ɛyɛ kuruwa a ɛto so anan a wɔde dii dwuma wɔ Twam afahyɛ no ase no. Ɔbɔ so mpae de da ase, ɔde ma wɔn na ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnnom, na ɔka sɛ: “Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.”

Nokwarem no, eyi yɛ ade a wɔde kae Yesu wu. Sɛnea Yesu ka no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ no afe biara Nisan 14 de kae no. Ɛbɛma wɔn a wodi afahyɛ no akae nea Yesu ne ne soro Agya ayɛ na adesamma afi owu afobu ase no. Yudafo a wɔbɛyɛɛ Kristo akyidifo fam no, na afahyɛ no besi Twam no ananmu.

Apam foforo a Yesu mogya a ohwie gui no ma ɛyɛ adwuma no si Apam Dedaw no ananmu. Yesu Kristo na ɔyɛ afanu no ntamgyinafo—Yehowa Nyankopɔn wɔ ɔfã biako, na Kristofo 144,000 a wɔde honhom awo wɔn no nso wɔ ɔfã foforo. Wɔ bɔne fafiri a apam no de ma akyi no, ebue hokwan ma wɔhyehyɛ ɔman bi a ɛwɔ ɔsoro a emufo yɛ ahene ne asɔfo. Mateo 26:21–29; Marko 14:18–25; Luka 22:19–23; Yohane 13:18–30; 17:12; 1 Korintofo 5:7.

▪ Bible mu nkɔmhyɛ bɛn na Yesu fa mu asɛm ka fa ne hokafo bi ho, na ɔde di dwuma dɛn?

▪ Dɛn nti na asomafo no werɛ how kɛse, na asɛm bɛn na wɔn mu biara bisa?

▪ Dɛn na Yesu ka kyerɛ Yuda sɛ ɔnyɛ, nanso asomafo a wɔaka no te ahyɛde no ase dɛn?

▪ Afahyɛ bɛn na Yesu ka ho asɛm bere a Yuda kɔ akyi no, na edi atirimpɔw bɛn ho dwuma?

▪ Henanom na wɔyɛɛ apam foforo no, na dɛn na apam no tumi yɛ?