Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkrasɛm Ahorow a Efi Soro

Nkrasɛm Ahorow a Efi Soro

Ti 1

Nkrasɛm Ahorow a Efi Soro

BIBLE mũ no nyinaa yɛ nkrasɛm a efi soro a yɛn soro Agya no de ama yɛn sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn. Nanso, ɔbɔfo bi a ‘ogyina Onyankopɔn anim’ bɛkaa nkrasɛm atitiriw abien bi bɛyɛ mfirihyia 2,000 a atwam ni. Ne din de Gabriel. Ma yɛnhwehwɛ asase so nsrahwɛ atitiriw abien yi ho nsɛm tebea horow mu.

Afe no yɛ 3 A.Y.B. mu. Wɔ Yudea mmepɔw so, wɔ baabi a ebia ɛbɛn Yerusalem na Yehowa sɔfo a ne din de Sakaria no te. Wabɔ akora, na ne yere Elisabet nso abɔ aberewa. Wonni mma. Adu Sakaria so sɛ ɔsom sɛ ɔsɔfo wɔ Onyankopɔn asɔrefi hɔ wɔ Yerusalem. Mpofirim ara Gabriel yi ne ho adi wɔ aduhuamhyew afɔremuka no nkyɛn.

Ehu kɛse ka Sakaria. Nanso Gabriel ma ne koma tɔ ne yam na ɔka sɛ: “Sakaria, nsuro, na wɔate w’adesrɛ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.” Gabriel kɔ so ka sɛ Yohane bɛyɛ “kɛse [Yehowa] anim” ne sɛ obesiesie “ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama [Yehowa].”

Nanso Sakaria nnye nni. Ɛte sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔ wɔn mfe a wɔadi no mu no ɔne Elisabet betumi awo ba. Enti Gabriel ka kyerɛ no sɛ: “Wobɛtɔ mum na worentumi nkasa de bɛkɔ akosi da a eyinom bɛba, efisɛ woannye me nsɛm anni.”

Bere yi mu no, nnipa a wɔwɔ akyi no resusuw nea enti a Sakaria akyɛ wɔ asɔrefi hɔ no ho. Awiei koraa bere a ɔba no, ontumi nkasa na mmom ne nsa ara kwa na ɔde yɛ sɛnkyerɛnne, na wohu sɛ wahu biribi wɔ hɔ.

Bere a Sakaria wie n’adwuma wɔ asɔrefi hɔ no, ɔsan kɔ fie. Na ɛno akyi bere tiaa bi no, ɛba mu saa ampa—Elisabet nyinsɛn! Bere a Elisabet retwɛn na wawo ne ba no, ɔde ne ho sie asram anum.

Akyiri yi Gabriel yi ne ho adi bio. Na ɔkasa kyerɛ hena? Ɛyɛ ababaa sigyani bi a wɔfrɛ no Maria a ofi Nasaret kurom no. Nkrasɛm bɛn na ɔka afei? Tie! Gabriel ka kyerɛ Maria sɛ: “Woanya Onyankopɔn hɔ dom. Na hwɛ wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu.” Gabriel de ka ho sɛ: “Ɔbɛyɛ kɛse na wɔafrɛ no nea ɔwɔ sorosoro no ba. . . . Na obedi Yakob fi so hene daapem na n’ahenni no to rentwa da.”

Yebetumi agye adi sɛ Gabriel te nka sɛ ɛyɛ hokwan a wanya sɛ ɔbɛba abɛka nkrasɛm ahorow yi. Na bere a yɛkenkan Yohane ne Yesu ho asɛm pii akyiri yi no, yebehu nea enti a nkrasɛm ahorow a efi soro yi ho hia kɛse saa no. 2 Timoteo 3:16; Luka 1:5–33.

▪ Nkrasɛm atitiriw abien bɛn na wofi soro bɛka?

▪ Hena na ɔka nkrasɛm no, na ɔka kyerɛ henanom?

▪ Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ wobegye nkrasɛm ahorow no adi?