Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nna a Edi Akyiri no ho Sɛnkyerɛnne

Nna a Edi Akyiri no ho Sɛnkyerɛnne

Ti 111

Nna a Edi Akyiri no ho Sɛnkyerɛnne

ƐYƐ Benada awia. Bere a Yesu te Ngo Bepɔw no so ná ɔhwɛ asɔrefi a ɛwɔ ase no, Petro, Andrea, Yakobo ne Yohane ba ne nkyɛn wɔ kokoam. Asɔrefi no ho asɛm hia wɔn esiane sɛ ná ɛnkyɛe na Yesu aka asie sɛ wɔrennyaw ɔbo ɔbo so wɔ mu no nti.

Nanso ɛda adi sɛ nneɛma pii wɔ wɔn adwenem bere a wɔba Yesu nkyɛn no. Wɔ adapɛn kakraa bi a atwam mu no, ná waka ne “ba a waba,” bere a “wobeyi onipa ba no adi” no ho asɛm. Na bere bi a atwam no, ná waka “nneɛma nhyehyɛe awiei” ho asɛm akyerɛ wɔn. Enti asomafo no repɛ nneɛma mu ahu.

Wɔka sɛ, “Kyerɛ yɛn da ko a eyinom [nea ɛde Yerusalem ne n’asɔrefi sɛe ba no] bɛba, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” Enti, wɔn asemmisa no bom abiɛsa. Nea edi kan no, wɔpɛ sɛ wɔte Yerusalem ne n’asɔrefi sɛe, afei ba a Yesu bɛba Ahenni tumi mu ne awiei koraa no nneɛma nhyehyɛe mũ no nyinaa awiei ho asɛm.

Yesu bua asemmisa yi afã horow abiɛsa no nyinaa wɔ ne mmuae a ɛware no mu. Ɔde sɛnkyerɛnne a ɛbɛkyerɛ Yudafo nneɛma nhyehyɛe no awiei ma; nanso ɔde nea ɛboro saa ma. Ɔde sɛnkyerɛnne bi a ɛbɛma ne daakye asuafo ani aba wɔn ho so na wɔatumi ahu sɛ wɔte bere a waba no mu na wɔabɛn nneɛma nhyehyɛe no awiei nso ma.

Bere a mfe no resen no, asomafo no hu Yesu nkɔmhyɛ no mmamu. Yiw, nneɛma a ɔka siei no fi ase ba wɔ wɔn bere so. Enti, Yudafo nneɛma nhyehyɛe ne n’asɔrefi sɛe no nto Kristofo a wɔwɔ hɔ wɔ ɛno akyi mfe 37, wɔ afe 70 Y.B. mu no mpofirim.

Nanso, Kristo ba ne nneɛma nhyehyɛe yi awiei no mma wɔ afe 70 Y.B. mu. Ne ba a ɔbɛba Ahenni tumi mu no ba akyiri yi koraa. Nanso bere bɛn? Yesu nkɔmhyɛ no mu hwehwɛ ma eyi da adi.

Yesu ka sie sɛ wɔbɛte “ɔko ne akosɛm.” Ɔka sɛ, “ɔman bɛsɔre ɔman so,” na ɔkɔm ne asasewosow ne ɔyaredɔm bɛba. Wɔbɛtan n’asuafo no na wɔakunkum wɔn. Atoro adiyifo bɛsɔre na wɔbɛdaadaa nnipa pii. Amumɔyɛ bɛdɔɔso, na nnipa pii dɔ ano bedwo. Bere koro no ara mu no, wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa no de adi amanaman nyinaa adanse.

Ɛwom sɛ Yesu nkɔmhyɛ no nyaa mmamu ketewaa bi ansa na Yerusalem sɛe wɔ afe 70 Y.B. mu no reba de, nanso ne mmamu kɛse no ba bere a waba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei bere mu. Nneɛma a asisi wɔ wiase fi 1914 a wɔhwehwɛ mu yiye ma ɛda adi sɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛho hia yi renya ne mmamu kɛse fi saa afe no.

Sɛnkyerɛnne a Yesu de ma no fã foforo ne “akyide a ɛbɔ ɔman” a ɛbɛba no. Wɔ afe 66 Y.B. mu no, ná Roma “asraafodɔm” a wotwaa Yerusalem ho hyiae na wotutuu asɔrefi ɔfasu no ase no ne akyide a ɛbɔ ɔman no. “Akyide” no gyina beae a ɛnsɛ sɛ egyina.

Sɛnkyerɛnne no mmamu kɛse no mu no, akyide a ɛbɔ ɔman no ne Amanaman Apam no ne nea edi n’akyi a ɛne Amanaman Nkabom no. Kristoman ka sɛ wiase asomdwoe ho ahyehyɛde yi gyina hɔ ma Onyankopɔn Ahenni. Hwɛ sɛnea eyi yɛ akyide! Enti, ɛrenkyɛ amammui tumi horow a wɔde wɔn ho abɔ Amanaman Nkabom no ho no bɛsɔre atia Kristoman (Yerusalem nsusuwso no) na wɔasɛe no.

Enti Yesu ka sie sɛ: “Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.” Bere a na Yerusalem sɛe wɔ afe 70 Y.B. mu no yɛ ahohiahia kɛse a wokunkum nnipa bɛboro ɔpepem biako wom no, na ɛnyɛ kɛse nsen Noa bere so wiase nyinaa Nsuyiri no. Enti afei na Yesu nkɔmhyɛ fã yi rebenya mmamu kɛse.

Ahotoso Wɔ Nna a Edi Akyiri no Mu

Bere a Benada, Nisan 11, reba awiei no, Yesu toa ɔne n’asomafo no nkɔmmɔbɔ a ɛfa n’Ahenni tumi mu a ɔbɛba ne nneɛma nhyehyɛe no nna a edi akyiri ho sɛnkyerɛnne ho no so. Ɔbɔ wɔn kɔkɔ wɔ atoro Kristo ahorow akyidi ho. Ɔka sɛ wɔbɛbɔ mmɔden sɛ “ebetumi a, anka wɔbɛdaadaa wɔn a wɔapaw wɔn no po.” Nanso wɔn a wɔapaw wɔn a wɔte sɛ akɔre a wohu ade kɔ akyiri no bɛkɔ beae a wobenya nokware honhom mu aduan, a ɛne nokware Kristo no nkyɛn wɔ ne ba a aniwa nhu no mu. Wɔrennaadaa wɔn, na wɔrenkɔ atoro Kristo biara nkyɛn.

Atoro Kristo ahorow betumi ada wɔn ho adi wɔ ɔhonam mu nkutoo. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yesu ba no bɛyɛ nea wonhu. Ɛbɛba wɔ adesamma abakɔsɛm mu bere a ɛyɛ hu mu, sɛnea Yesu ka no: “Owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn.” Yiw, ɛbɛyɛ adesamma asetra mu sum bere a ɛsen biara. Ɛbɛyɛ te sɛ nea owia aduru sum adekyee, ne te sɛ nea ɔsram nhyerɛn anadwo.

Yesu toa so sɛ, “na ɔsoro ahoɔden awosow.” Enti ɔda no adi sɛ ɔsoro ankasa beyi sɛnkyerɛnne akyerɛ. Ɔsoro renyɛ nnommaa atrae ara kwa, na mmom wimhyɛn, nsraman ne wimhwehwɛ ahorow nso bɛhyɛ hɔ ma. Ehu ne basabasayɛ no bɛsen nea wɔahu wɔ adesamma abakɔsɛm biara mu.

Enti Yesu ka sɛ, “amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkye a ɛrehuru nti; na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw.” Nokwarem no, adesamma asetra mu sum kabii yi bewie bere a, sɛnea Yesu ka no “wobehu onipa ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam kɛse reba omununkum mu, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho abubuw” no mu.

Nanso sɛ ‘onipa Ba no ba wɔ tumi mu’ sɛ ɔbɛsɛe nneɛma nhyehyɛe bɔne yi a, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔbɛbɔ ne ho abubuw. “Wɔn a wɔapaw wɔn,” 144,000 a wɔne Kristo benya kyɛfa wɔ ne soro Ahenni no mu anaa wɔn ahokafo a bere bi Yesu frɛɛ wɔn “nguan foforo” no remmɔ abubuw. Ɛwom mpo sɛ eyinom te adesamma abakɔsɛm mu sum kabii bere mu de, nanso wotie Yesu nkuranhyɛ no: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.”

Yesu de mfatoho yi ma na ama n’asuafo a wɔbɛtra ase wɔ nna a edi akyiri no mu no ahu sɛnea awiei no abɛn no: “Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa! Sɛ enya fefɛw na mohwɛ a, muhu sɛ ahohuru bere anya abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn. Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.”

Enti sɛ n’asuafo no hu sɛ sɛnkyerɛnne no afã horow pii no afi ase nya mmamu a, ɛsɛ sɛ wohu sɛ nneɛma nhyehyɛe no awiei abɛn ne sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn Ahenni no apopa amumɔyɛ nyinaa. Nokwarem no, awiei no bɛba wɔ nnipa a wohu nneɛma a Yesu hyɛ ho nkɔm no nyinaa mmamu no nkwa nna mu! Yesu de afotu ma asuafo a wɔbɛtra ase wɔ nna a edi akyiri a ɛho hia no mu sɛ: “Na monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so. Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa ba no anim.”

Mmabaa Mmadwemma ne Nkwasea

Yesu rema n’asomafo no asemmisa a ɛfa ne ba wɔ Ahenni tumi mu no ho mmuae. Afei ɔde ɛbɛ anaasɛ mfatoho abiɛsa ka sɛnkyerɛnne no ho nsɛm foforo.

Wɔn a wɔbɛtra ase bere a waba no behu mfatoho no mu biara mmamu. Ɔde nsɛm yi ka nea edi kan no ho asɛm sɛ: “Ɛnna wɔde ɔsoro ahenni bɛto mmabaa du bi a wɔtasee wɔn akanea fii adi sɛ wokohyia ayeforokunu no ho. Na wɔn mu baanum yɛ nkwasea, na baanum nso yɛ mmadwemma.”

Asɛm a Yesu ka sɛ “wɔde ɔsoro ahenni bɛto mmabaa du ho” no nkyerɛ sɛ wɔn a wobedi ade wɔ ɔsoro Ahenni mu no fã yɛ nkwaseafo na fã yɛ mmadwemma! Dabi, mmom no ɔkyerɛ sɛ ɔsoro Ahenni te saa anaa sɛɛ anaasɛ Ahenni no ho asɛm te sɛ eyi ne eyi.

Mmabaa du yi gyina hɔ ma Kristofo a wobenya anaasɛ wɔka sɛ wobenya ɔsoro Ahenni no nyinaa. Pentekoste afe 33 Y.B. mu na wogyee Kristofo asafo no aware maa Ayeforokunu a wɔanyan no ahyɛ no anuonyam, Yesu Kristo. Nanso ná aware no bɛba so wɔ ɔsoro daakye a wonnim ne bere pɔtee.

Wɔ mfatoho no mu no, mmabaa du no fi adi sɛ wokohyia ayeforokunu no na wɔakɔ ayeforohyia no ase. Sɛ ɔba a, wɔbɛsosɔ wɔn akanea no ɔkwan no so na wɔnam saayɛ so ahyɛ no anuonyam bere a ɔde n’ayeforo no ba fie a wasiesie ama no no. Nanso, Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na nkwasea no faa wɔn akanea no, wɔamfa ngo ankura; na mmadwemma no faa ngo guu toaa mu kaa wɔn akanea ho. Na ayeforokunu no kyɛe no, wɔn nyinaa ani kumii na wɔdedae.”

Kyɛ a ayeforokunu no kyɛe no kyerɛ sɛ Kristo ba sɛ Ɔhene no bɛkyɛ. Awiei koraa no, ɔtra n’ahengua so wɔ afe 1914 mu. Wɔ adesae a ɛyɛ tenten no mu no, mmabaa no nyinaa deda. Nanso wommu wɔn fɔ wɔ eyi ho. Mmabaa nkwasea no afodi no gyina ngo a wɔamfa no so. Yesu kyerɛkyerɛ sɛnea mmabaa no nyan ansa na ayeforokunu no ba no mu: “Na ɔdasu mu no, wɔtee nteɛm sɛ: Hwɛ ayeforokunu no ni oo! Mumfi nkohyia no! Ɛnna mmabaa no nyinaa sɔre kekaa wɔn akanea. Na nkwasea no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ: Momma yɛn mo ngo no bi, na yɛn akanea redunnum. Na mmadwemma no buae sɛ: Dabi, ɛrenso yɛne mo; na monkɔ wɔn a wɔtɔn no mmom nkyɛn nkɔtɔ mo de!”

Ngo no gyina hɔ ma nea ɛma nokware Kristofo hyerɛn sɛ akanea no. Eyi yɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu a Kristofo kura mu denneennen no ne honhom kronkron a ɛboa wɔn ma wɔte Asɛm no ase no. Honhom mu ngo no boa mmabaa mmadwemma no ma wɔhyerɛn wɔ ayeforokunu no a wohyia no kwan kɔ ayeforohyia no ase no mu. Nanso mmabaa nkwasea kuw no nni honhom mu ngo a ehia no wɔ wɔn ankasa mu ne wɔn ngo toa mu. Enti Yesu ka nea ɛba no ho asɛm sɛ:

“Na [mmabaa nkwasea no] rekɔ akɔtɔ no, ayeforokunu no bae; na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforohyia no ase, na wɔtoo pon no mu. Na akyiri no, mmabaa a aka no nso bae bɛkae sɛ: Owura, owura, hiɛ yɛn! Na obuae sɛ: Nokware mise mo sɛ, minnim mo.”

Kristo ba wɔ ne ɔsoro Ahenni mu akyi no, nokware Kristofo mmabaa mmadwemma kuw no nya hokwan a ɛne sɛ wɔhyerɛn wɔ wiase a aduru sum yi mu de kamfo ayeforokunu a wasan aba no. Nanso wɔn a nkwasea no yɛ wɔn ho mfonini no nsiesie wɔn ho mma nkamfo a wɔde ma akwaaba yi. Enti sɛ bere no du a, Kristo mmue ɔsoro ayeforohyia pon no mma wɔn. Ogyaw wɔn wɔ adiwo wɔ wiase sum kabii anadwo no mu, na wɔne afoforo a wɔyɛ nea ɛnteɛ no nyinaa ayera. Yesu de ba awiei sɛ, “Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no.”

Talente ho Mfatoho No

Yesu toa ɔne n’asuafo no nkɔmmɔbɔ wɔ Ngo Bepɔw no so no so denam bɛ foforo a obu kyerɛ wɔn no so, nea a ɛto so abien wɔ ahorow abiɛsa a ɛtoatoa so mu. Bere a ɔwɔ Yeriko wɔ nna kakraa a atwam mu no, obuu mmena ho bɛ no de kyerɛe sɛ ɛbɛkyɛ ansa na Ahenni no aba. Bere a bɛ a afei obu no ne kan de no afã horow bi di nsɛ no, ɛkyerɛkyerɛ nneɛma a sɛ enya ba mu a ebesisi bere a Kristo aba Ahenni tumi mu no mu. Ɛkyerɛ sɛ bere a n’asuafo no da so ara wɔ asase so no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma de ma “nea ɔwɔ no dɔɔso.”

Yesu fi ase sɛ: “Na ɛte [kyerɛ sɛ, nsɛm a ɛfa Ahenni no ho] sɛ onipa bi a ɔretu kwan akɔ baabi, na ɔfrɛɛ n’ankasa ne nkoa, na ɔde nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa.” Yesu ne ɔbarima a ansa na ɔretu kwan akɔ soro no, ɔde nea ɔwɔ hyɛ ne nkoa—asuafo a wobenya ɔsoro Ahenni—no nsa. Saa nneɛma a ɔwɔ no nyɛ honam fam ahode na mmom egyina hɔ ma asasesin a wɔagu mu aba a wobetumi anya asuafo bebree afi mu no.

Yesu de nea ɔwɔ no hyɛ ne nkoa nsa bere tiaa bi ansa na ɔreforo akɔ soro. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam ahyɛde a ɔde maa wɔn sɛ wɔnkɔ so nyɛ adwuma wɔ asasesin a wɔagu mu aba no mu denam Ahenni no ho asɛm a wɔbɛka akɔpem asase ano nohɔ no so. Sɛnea Yesu ka no: “Na ɔmaa obiako talente anum, na obiako nso abien, na obiako nso biako, sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te; na otuu kwan.”

Enti wogyina nkoa no mu biara ahoɔden anaa honhom fam hokwan ahorow a ɔwɔ so, na wɔkyekyɛɛ talente awotwe—Kristo nneɛma a ɔwɔ—no. Nkoa no gyina hɔ ma asuafo akuw horow. Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛda adi sɛ na asomafo no ka kuw a wonyaa talente anum no ho. Yesu kɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ nkoa a wonyaa talente anum ne abien no nyinaa nyaa nea wɔde maa wɔn no mmɔho denam wɔn Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no so. Nanso, akoa a onyaa talente biako no de kosiee fam.

Yesu toa so sɛ: “Na ɛkyɛe no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bebuu akontaa.” Ɛyɛ afeha 20 yi mu, bɛyɛ mfe 1,900 akyi, ansa na Kristo san bae bebuu akontaa, enti nokwarem no, “ɛkyɛe” ansa na ɔreba. Afei Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ:

“Na nea onyaa talente anum no bae de talente anum kaa ho bae sɛ: Owura, talente anum na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforo anum maka ho. Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafo, woadi kakraa yi ho nokware, mede wo mesi ade pii so; kɔ wo wura anigye mu!” Akoa a onyaa talente abien no nyaa talente a wɔde maa no no mmɔho saa ara, na onyaa nkamfo ne akatua koro no ara bi.

Nanso, ɔkwan bɛn so na saa nkoa anokwafo yi kɔ wɔn Wura anigye mu? Wiɛ, wɔn Wura, Yesu Kristo, anigye no ne nea onyae bere a ɔkɔɔ n’Agya nkyɛn wɔ soro kogyee Ahenni no. Nnɛyi nkoa anokwafo no de, wonya anigye kɛse sɛ wɔde Ahenni asɛyɛde afoforo hyɛ wɔn nsa, na bere a wowie wɔn asase so asetra no, wobenya anigye a awiei koraa no ɛbɛba no wɔ nyan a wobenyan wɔn akɔ ɔsoro Ahenni mu no mu. Na akoa a ɔto so abiɛsa no nso ɛ?

Akoa yi ka sɛ: “Owura, minim wo sɛ woyɛ onipa a woyɛ den; enti misuroe, na mede wo talente no mikosiee fam. Hwɛ, w’ade ni!” Akoa no hyɛɛ da powee sɛ ɔbɛyɛ asasesin a wɔagu mu aba mu adwuma denam asɛm no a ɔbɛka na wayɛ asuafo no so. Enti owura no frɛ no “akoa bɔne ne onihafo” na obu no atɛn sɛ: “Munnye ne nsam talente no . . . Na akoa a ne ho nni mfaso no, momfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.” Saa akoa kuw bɔne no mufo a wɔtow wɔn gu adiwo no hwere honhom mu anigye biara.

Eyi de asuade bi a anibere wom ma wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristo akyidifo nyinaa. Sɛ wobenya ne nkamfo ne n’akatua na wɔakwati akyirikyiri sum mu a wɔbɛtow wɔn agu na awiei koraa no wɔasɛe wɔn no a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma ma wɔn Wura a ɔwɔ soro no nneɛma a ɔwɔ no dɔɔso denam asɛnka adwuma no a wobenya mu kyɛfa sɛnea wobetumi nyinaa so. So woyɛ nsi wɔ eyi mu?

Bere a Kristo Ba Ahenni Tumi Mu

Yesu da so ara ne n’asuafo no wɔ Ngo Bepɔw no so. Afei ɔde mfatoho abiɛsa a ɔde ma n’asomafo no sɛnkyerɛnne a wobisae ho mmuae no mu nea etwa to ma. Yesu fi ase sɛ: “Na onipa ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so.”

Adesamma ntumi nhu abɔfo wɔ wɔn soro anuonyam mu. Enti onipa Ba, Yesu Kristo ne abɔfo no mmae no bɛyɛ nea ɔdesani aniwa ntumi nhu. Ne ba no si wɔ afe 1914 mu. Nanso ɛho atirimpɔw ne dɛn? Yesu kyerɛkyerɛ mu: “Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu. Na ɔde nguanten no begyina ne nifa, na ɔde mpapo no agyina benkum.”

Yesu reka nea ɛbɛba wɔn a wɔpae wɔn kɔ ɔdom gyinabea no ho asɛm no, ɔka sɛ: “Ɛno na ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni!” Nguanten a wɔwɔ mfatoho yi mu no ne Kristo renni ade wɔ ɔsoro nanso wobenya Ahenni no a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛyɛ n’asase so nkoa. “Wiase asefi” no bae bere a Adam ne Hawa dii kan woo mma a wobetumi anya Onyankopɔn nhyehyɛe a ɔde begye adesamma mu mfaso no.

Nanso dɛn nti na wɔpaw nguanten no gyina Ɔhene no ɔdom nsa nifa so no? Ɔhene no bua sɛ: “Na ɔkɔm dee me, na momaa me biribi midii, na osukɔm dee me, na momaa me biribi menomee, meyɛɛ ɔhɔho, na mofaa me kɔɔ mo fi; medaa adagyaw, na mufuraa me ntama, meyaree, na mobɛhwɛɛ me, medaa afiase, na mobaa me nkyɛn.”

Esiane sɛ nguanten no wɔ asase so nti, wɔpɛ sɛ wohu sɛnea wɔyɛɛ nneɛma pa yi maa wɔn soro Hene no. Wobisa sɛ: “Awurade, da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, na yɛmaa wo aduan, anaasɛ osukɔm dee wo, na yɛmaa wo nsu nomee? Afei da bɛn na yehuu wo sɛ woyɛɛ ɔhɔho na yɛfaa wo kɔɔ ofie, anaasɛ wodaa adagyaw na yefuraa wo ntama? Afei da bɛn na yehuu wo sɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛbaa wo nkyɛn?”

Ɔhene no bua sɛ: “Nokware mise mo sɛ, sɛ moayɛ ama me nuanom nketewaa yi mu biako yi, moayɛ ama me.” Kristo nuanom ne 144,000 a wɔne no bedi ade wɔ ɔsoro no nkaefo a wɔwɔ asase so no. Na Yesu ka sɛ papa a wɔyɛ wɔn no te sɛ nea wɔyɛ ma no ara pɛ.

Afei, Ɔhene no kasa kyerɛ mpapo no. “Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu! Na ɔkɔm dee me, na moamma me biribi manni, osukɔm dee me, na moamma me biribi mannom; meyɛɛ ɔhɔho, na moamfa me ankɔ mo fi, medaa adagyaw, na moamfura me ntama; meyaree na medaa afiase, na moammɛhwehwɛ me.”

Nanso mpapo no ka sɛ: “Awurade da bɛn na yehuu wo sɛ ɔkɔm dee wo, anaasɛ osukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔho, anaasɛ wodaa adagyaw, anaasɛ woyaree, anaasɛ wodaa afiase, na yɛammɛsom wo?” Wogyina nea nguanten no nam so nyaa ɔdom no ara so bu mpapo no fɔ. Yesu bua sɛ: “Sɛ moanyɛ amma [me nuanom] nketewaa yi mu biako yi, moanyɛ amma me.”

Enti, Kristo mmae wɔ Ahenni tumi mu bere tiaa ansa na nhyehyɛe bɔne yi aba awiei wɔ ahohiahia kɛse no mu no bɛyɛ atemmu bere. Mpapo no “befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nipa trenee no bɛkɔ daa nkwa mu.” Mateo 24:2–25:46; 13:40, 49; Marko 13:3–37; Luka 21:7–36; 19:43, 44; 17:20–30; 2 Timoteo 3:1–5; Yohane 10:16; Adiyisɛm 14:1–3.

▪ Dɛn na ɛma asomafo no bisa asɛm no, nanso ɛda adi sɛ dɛn nso na ɛwɔ wɔn adwenem?

▪ Yesu nkɔmhyɛ no fã bɛn na ɛba mu wɔ afe 70 Y.B. mu, nanso dɛn na ansi saa bere no?

▪ Bere bɛn na Yesu nkɔmhyɛ no bam bere a edi kan, nanso bere bɛn na ɛba mu kɛse?

▪ Dɛn ne akyide a ɛbɔ man no wɔ ne mmamu a edi kan ne nea edi akyiri no mu?

▪ Dɛn nti na ahohiahia kɛse no nnya ne mmamu ankasa wɔ Yerusalem sɛe no mu?

▪ Wiase nsɛm tebea bɛn na edi ba a Kristo aba no ho adanse?

▪ Bere bɛn na ‘asase so mmusua nyinaa bɛbɔ abubuw,’ nanso dɛn na Kristo akyidifo bɛyɛ?

▪ Ɛbɛ bɛn na Yesu bu na ama ne daakye asuafo no ahu bere a awiei no abɛn no?

▪ Afotu bɛn na Yesu de ma n’asuafo a wɔbɛtra ase wɔ nna a edi akyiri no mu no?

▪ Henanom na wɔde mmabaa du no yɛɛ wɔn ho mfonini no?

▪ Bere bɛn na wogyee Kristofo asafo no maa ayeforokunu no aware, nanso bere bɛn na ayeforokunu no bɛfa n’ayeforo no kɔ ayeforohyia no ase?

▪ Ngo no gyina hɔ ma dɛn, na ɔkwan bɛn so na ebi a mmabaa mmadwemma wɔ no ma wotumi yɛ?

▪ Ɛhe na wohyia ayeforo no?

▪ Akatua kɛse bɛn na mmabaa nkwasea no hwere, na dɛn na ɛba wɔn so?

▪ Asuade bɛn na talente ho bɛ no de ma?

▪ Henanom ne nkoa no, na dɛn ne nea ɔwɔ no a ɔde hyɛ wɔn nsa no?

▪ Bere bɛn na owura no ba bebu akontaa no, na dɛn na ohu?

▪ Anigye bɛn na nkoa anokwafo no kɔ mu, na dɛn na ɛba nea ɔto so abiɛsa, akoa bɔne no so?

▪ Dɛn nti na Kristo ba no bɛyɛ nea aniwa nhu, na adwuma bɛn na ɔyɛ saa bere no?

▪ Nguanten no nya Ahenni no wɔ ntease bɛn mu?

▪ Bere bɛn na “wiase asefi” no bae?

▪ Dɛn so na wogyina bu nkurɔfo atɛn sɛ wɔyɛ nguanten anaasɛ mpapo?