Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Nokware Abodoo a Efi Soro”

“Nokware Abodoo a Efi Soro”

Ti 54

“Nokware Abodoo a Efi Soro”

NÁ DA a atwam no yɛ nea dwumadi wom. Na Yesu ama nnipa mpempem pii aduan, na na waguan afi mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛkyere no asi no hene no mu. Saa anadwo no, ɔnantew Galilea po a ahum retu wɔ so no so; ogyee Petro a na ɔremem wɔ bere a ɔnantew nsu a ɛrebɔ asorɔkye no so no; na ɔmaa asorɔkye no yɛɛ komm de gyee n’asuafo no fii wɔn hyɛn a anka ɛrebɔ no mu.

Afei nnipa a Yesu nam anwonwa kwan so maa wɔn aduan wɔ Galilea po no kusuu fãm apuei no hu no wɔ beae a ɛbɛn Kapernaum na wobisa sɛ: “Da bɛn na wobaa ha?” Yesu ka wɔn anim na ɔka sɛ wɔbɛhwehwɛ no efisɛ wosusuw sɛ wobenya aduan adi kwa nti. Ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtra hɔ kɔ daa nkwa mu. Enti nnipa no bisa sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ na yɛayɛ Onyankopɔn nnwuma?”

Yesu ka adwuma biako pɛ a ɛsom bo sen biara ho asɛm. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, “Eyi ne Nyankopɔn adwuma, sɛ mubegye nea ɔsomaa no no adi.”

Nanso wɔ anwonwade ahorow a na Yesu ayɛ nyinaa akyi no, na nnipa no nnye no nni. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, wɔ anwonwade ahorow a na wayɛ nyinaa akyi mpo no, wobisa sɛ: “Ɛnde sɛnkyerɛnne bɛn na woreyɛ, na yɛahu na yɛagye wo adi? Dɛn na woreyɛ? Yɛn agyanom dii mana sare so, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔmaa wɔn abodoo fi soro dii.”

Yesu kyerɛkyerɛ wɔn anwonwa kwan so a wɔnam ma Aduan no Fibea no mu de ma wɔn abisade no ho mmuae na ɔka sɛ: “Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo abodoo a efi soro no, na mmom m’agya na ɔma mo nokware abɔdoo a efi soro no. Na Onyankopɔn abodoo ne nea osian fi soro ba na ɔma wiase nkwa no.”

Nnipa no ka sɛ, “Awurade, ma yɛn abodoo yi daa!”

Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Mene nkwa abodoo no; nea ɔba me nkyɛn no, ɔkɔm renne no da, na nea ogye me di no, osukɔm renne no da. Na meka mekyerɛ mo sɛ moahu me, nanso moda so nnye nni ara. Nea agya de ma me nyinaa bɛba me nkyɛn; na nea ɔba me nkyɛn no, mentow no menkyene da, efisɛ misian mifi soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde. Na eyi ne nea ɔsomaa me no apɛde, sɛ nea ɔde maa me nyinaa, memmma emu bi nnyera, na manya no ɛda a edi akyiri no. Na eyi ne nea ɔsomaa me no apɛde, sɛ obiara a ohu ɔba no na ogye no di no nnya daa nkwa.”

Eyi ma Yudafo no fi ase nwiinwii hyɛ Yesu efisɛ ɔkae sɛ, “Mene abodoo a esian fii soro no.” Na nea wohu no ara ne sɛ ɔyɛ ɔbabarima a n’awofo yɛ nnipa enti ɔte sɛ nnipa a wɔwɔ Nasaret no mu bi ara, na wɔkasa tia no sɛ: “Ɛnyɛ oyi ne Yesu, Yosef ba a yenim n’agya ne ne na no? Ɛyɛɛ dɛn na afei de ose: Masian mafi soro maba?”

Yesu bua sɛ: “Munnnwiinwii mo mu! Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no; na me de, menyan no da a edi akyiri no. Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a [Yehowa] akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn. Ɛnyɛ sɛ obi ahu agya no, gye nea ɔwɔ agya Onyankopɔn nkyɛn no, ɔno na wahu agya no. Nokware, nokware mise mo sɛ: Nea ogye di no wɔ daa nkwa.”

Yesu toa so na ɔka bio sɛ: “Mene nkwa abodoo. Mo agyanom dii mana sare so, na wowuwui; eyi ne abodoo a esian fi soro ba, sɛ onipa nni bi na wanwu. Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodoo yi bi a, ɔbɛtra ase daa.” Yiw, sɛ nnipa gye Yesu a Onyankopɔn somaa no no di a, wobetumi anya daa nkwa. Mana anaasɛ abodoo biara nni hɔ a ebetumi ayɛ saa!

Ɛda adi sɛ abodoo ho nkɔmmɔbɔ no fii ase wɔ bere a nnipa no huu Yesu wɔ beae a ɛbɛn Kapernaum no akyi bere tiaa bi. Nanso ɛtoa so kodu awiei akyiri yi wɔ bere a Yesu kyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum. Yohane 6:25–51, 59; Dwom 78:24; Yesaia 54:13; Mateo 13:55–57.

▪ Nsɛm a esisii bɛn na edii Yesu nkɔmmɔbɔ a ɛfa abodoo a efi soro ho no anim?

▪ Esiane nea na Yesu ayɛ a ɛnkyɛe no nti, dɛn nti na sɛnkyerɛnne a wobisa no yɛ nea ɛmfata?

▪ Dɛn nti na Yudafo no nwiinwii sɛ Yesu kae sɛ ɔne nokware abodoo a efi soro no?

▪ Ɛhe na wɔbɔɔ abodoo a efi soro no ho nkɔmmɔ?