Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nteɛso Afotu Ntoaso

Nteɛso Afotu Ntoaso

Ti 63

Nteɛso Afotu Ntoaso

BERE a Yesu ne n’asomafo no da so wɔ fie wɔ Kapernaum no, wɔbɔ biribi ne asomafo no ntam akasakasa a ɛfa nea ɔyɛ wɔn mu panyin ho nkɔmmɔ. Ebia eyi yɛ asɛm bi a esii bere a na wɔresan aba Kapernaum wɔ bere a na Yesu ankasa nka wɔn ho. Ɔsomafo Yohane bɔ amanneɛ sɛ: “Yɛahu obi sɛ ɔde wo din retu ahonhommɔne, na yɛbaraa no, efisɛ onni yɛn akyi.”

Akyinnye biara nni ho sɛ Yohane buu asomafo no sɛ wɔn nkutoo na wɔwɔ hokwan sɛ ayaresafo kuw. Enti, ɔte nka sɛ na ɔbarima no nnam ɔkwan pa so sɛ ɔyɛ ahoɔdenne efisɛ na onni wɔn kuw no mu.

Nanso, Yesu de afotu ma sɛ: “Mommmara no; na obi nni hɔ a ɔde me din bɛyɛ ahoɔdenne na obetumi aka me ho asɛmmɔne ɛhɔ ara. Na nea ɔnyɛ biribi ntia yɛn no, na ɔwɔ yɛn afã. Na nea ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom sɛ moyɛ Kristo dea no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.”

Na ɛho nhia sɛ ɔbarima yi di Yesu akyi ankasa na ɔde akyerɛ sɛ ɔwɔ n’afã. Na wɔnkyekyee Kristofo asafo no ɛ, nti na wɔn kuw no mu a onni no nkyerɛ sɛ ofi asafo soronko bi mu. Nokwarem no na ɔbarima no wɔ gyidi wɔ Yesu din mu nti na otumi tuu adaemone no. Na ɔreyɛ biribi a ɛne nea Yesu kae sɛ ɛfata akatua pa no hyia. Yesu kyerɛ sɛ esiane eyi a ɔyɛ nti, n’akatua remmɔ no.

Nanso sɛ asomafo no nsɛm ne nneyɛe to ɔbarima no hintidua a dɛn na ɛbɛba? Anka eyi bɛyɛ aniberesɛm ankasa! Yesu ka sɛ: “Na obiara a ɔbɛto nketewa yi a wogye me di no mu biako hintidua no, eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo sɛn ne kɔn mu, na wokogu no asu ɛpo bun mu.”

Yesu ka sɛ ɛsɛ sɛ n’akyidifo yi biribiara a ɛho hia yiye te sɛ nsa, nan, anaasɛ aniwa a ebetumi ato wɔn hintidua no fi wɔn asetra mu. Eye mmom sɛ nneɛma a ɛsom bo yi bi nni obi ho na wakɔ Onyankopɔn ahenni mu sen sɛ ebi wɔ ne ho na wɔde no ato Gehenna (sumina a ɛrehyew a ɛbɛn Yerusalem), a ɛyɛ daa ɔsɛe ho mfonini.

Yesu bɔ kɔkɔ bio sɛ: “Monhwɛ, na moammu nketewa yi mu biako abomfiaa; na mise mo sɛ ɔsoro no, wɔn abɔfo hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.” Afei ɔka ɔbarima bi a ɔwɔ nguan ɔha na emu biako yera ho asɛm de yɛ sɛnea “nketewa” yi som bo no ho mfatoho. Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ anka ɔbarima no begyaw 99 no akɔhwehwɛ biako a wayera no, na sɛ ohu no a n’ani begye no ho asen 99 no. Afei Yesu de asɛm no ba awiei sɛ: “Saa ara na ɛnyɛ mo agya a ɔwɔ soro no apɛde sɛ nketewa yi mu biako bɛyera.”

Akyinnye biara nni ho sɛ esiane sɛ na akasakasa a na ɛwɔ asomafo no ntam no wɔ Yesu adwenem nti ɔka sɛ: “Munnya nkyene mo ankasa mu, na munnya asomdwoe mo mu!” Nkyene ma aduan yoo yɛ dɛ. Enti, sɛnkyerɛnne kwan so nkyene ma ɛyɛ mmerɛw ma nkurɔfo tie nea obi ka. Saa nkyene no a wobenya no bɛma asomdwoe atra hɔ.

Nanso esiane adesamma sintɔ nti, ɛtɔ da bi a akasakasa a anibere wom bɛba. Yesu de sɛnea ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ho akwankyerɛ nso ma. Yesu ka sɛ: “Na sɛ wo nua fom wo a, kɔ na koyi no ntɛn wo ne no nko ntam. Na sɛ otie wo a, woanya wo nua.” Yesu de afotu ma sɛ, “na sɛ wantie a, fa onipa biako anaa baanu ka wo ho, na nsɛm nyinaa nnyina adansefo baanu anaa baasa anom.”

Yesu ka sɛ, bere a wonni nea wubetumi ayɛ bio koraa no ansa na “kɔka kyerɛ asafo,” kyerɛ sɛ asafo mu mpanyimfo a wobetumi adi asɛm no. Yesu de asɛm no ba awiei sɛ, sɛ ɔbɔnefo no antie wɔn gyinaesi no a, “ɛnde bu no sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni.”

Ɛsɛ sɛ mpanyimfo gyina Yehowa Asɛm mu akwankyerɛ so si gyinae a ɛte saa. Enti sɛ wohu sɛ onii no di fɔ na ɔfata asotwe a, atemmu no bɛyɛ nea “wɔakyekye no ɔsoro.” Na “wɔasan no asase so” a, kyerɛ sɛ sɛ wohu sɛ onii no di bem a, na “wɔasan no ɔsoro.” Asenni a ɛte saa mu na Yesu ka sɛ, “na nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔn mfinimfini.” Mateo 18:6–20; Marko 9:38–50; Luka 9:49, 50.

▪ Dɛn nti na na ɛho nhia wɔ Yesu bere so sɛ wɔne no bɛnantew?

▪ Dɛn nti na nketewa no mu bi a wɔbɛto no hintidua no yɛ aniberesɛm, na Yesu yɛɛ sɛnea saa nketewa no ho hia no ho mfatoho dɛn?

▪ Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa Yesu hyɛɛ asomafo no nkuran sɛ wonya nkyene wɔ wɔn mu no?

▪ Nkyerɛkyerɛmu a ɛfa ‘adekyekyere’ ne ‘adesan’ ho bɛn na ɛwɔ hɔ?