Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nusu Dan Anigye Kɛse

Nusu Dan Anigye Kɛse

Ti 47

Nusu Dan Anigye Kɛse

BERE a Yairo hu sɛ wɔasa ɔbea a mogya tu no no yare no, akyinnye biara nni ho sɛ n’awerɛhyem wɔ Yesu anwonwa kwan so tumi mu no yɛ kɛse. Da no anɔpa no, na Yairo afrɛ Yesu sɛ ɔmmɛboa ne babea a wadi mfirihyia 12 a ɔrewu no. Nanso, mprempren de, nea na Yairo suro pii no aba. Bere a Yesu da so ara ne ɔbea no kasa no, mmarima bi ba hɔ bɛka kyerɛ Yairo bɔkɔɔ sɛ: “Wo babea no awu, nhaw ɔkyerɛkyerɛfo no!”

Awerɛhow bɛn ara na amanneɛbɔ no yɛ sɛɛ yi! Susuw ho: Ɔbarima yi a ɔwɔ nidi kɛse wɔ mpɔtam hɔ no, afei ne werɛ ahow pii bere a ɔte sɛ ne babea no awu no. Nanso, Yesu te nkɔmmɔbɔ no. Enti, ɔdan ne ho ka kyerɛ Yairo wɔ nkuranhyɛ mu sɛ: “Nsuro, gye di ara.”

Yesu ne ɔbarima a ne werɛ ahow no san kɔ ne fi. Bere a wodu hɔ no, wohu sɛ osu ne abubuw kɛse wɔ hɔ. Nnipadɔm ahyia wɔ hɔ na wɔredi awerɛhow. Bere a Yesu hyɛn mu no, ɔka sɛ: “Adɛn na moreyɛ gyegyeegye na moresu? Abofra no nwui, wada.”

Bere a nkurɔfo no te eyi no, wɔserew Yesu wɔ animtiaabu mu efisɛ wonim sɛ abeawa no awu ampa. Nanso Yesu ka sɛ wada ara kwa. Ɛdenam ne tumi a Onyankopɔn de ama no no so no, ɔbɛkyerɛ sɛ wobetumi anyan nnipa afi owu mu te sɛ nea ɛyɛ mmerɛw sɛ woanyan wɔn fi nna mu no.

Afei Yesu ma wɔpam obiara ma ɛka Petro, Yakobo, Yohane ne abeawa a wawu no maame ne ne papa. Afei ɔne nnipa baanum yi kɔ beae a abeawa no da no. Yesu so ne nsam na ɔka sɛ: “Talita, kuum!” Asekyerɛ ne sɛ: “Ababaa, mise wo sɛ, nyan!” Ntɛm ara abeawa no nyan na ofi ase nantew! Adehu no ma n’awofo yɛ te sɛ anigye kɛse abɔ wɔn dam.

Yesu hyɛ sɛ wɔmma abofra no biribi nni na ɔka kyerɛɛ Yairo ne ne yere sɛ wɔmmma obiara nte nea ɛbae no. Nanso wɔ nea Yesu kae nyinaa akyi no, ɛho asɛm trɛw wɔ ɔmantam no mu nyinaa. Eyi yɛ owusɔre a ɛto so abien a Yesu yɛ. Mateo 9:18–26; Marko 5:35–43; Luka 8:41–56.

▪ Amanneɛbɔ bɛn na Yairo nsa ka, na ɔkwan bɛn so na Yesu hyɛ no nkuran?

▪ Bere a wodu Yairo fi no na tebea no te dɛn?

▪ Dɛn nti na Yesu ka sɛ abofra a wawu no ada ara kwa?

▪ Henanom ne nnipa baanum a wɔka Yesu ho a wohu owusɔre no?