Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Obua N’asɔretiafo

Obua N’asɔretiafo

Ti 30

Obua N’asɔretiafo

BERE a Yudafo nyamesom akannifo no kasa tia Yesu sɛ wasɛe homeda no, obua sɛ: “M’agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.”

Wɔ nea Farisifo no ka nyinaa akyi no, Yesu adwuma no nyɛ nea homeda mmara bara no bi. N’adwuma a ɛne asɛnka ne ayaresa no yɛ dwumadi a efi Nyankopɔn, na edi Onyankopɔn nhwɛso akyi, ɔkɔ so yɛ adwuma da biara da. Nanso, ne mmuae no ma Yudafo no bo fuw sen kan, na wɔhwehwɛ sɛ wokum no. Dɛn ntia?

Efisɛ afei de ɛnyɛ sɛ wogye di sɛ Yesu sɛe homeda nko, na mmom wosusuw sɛ Onyankopɔn ankasa Ba a ɔka sɛ ɔyɛ no yɛ abususɛm nso. Nanso, Yesu nsuro na ɔkɔ so ma abusuabɔ pa a ɔne Onyankopɔn wɔ no ho mmuae. Ɔka sɛ: “Agya no dɔ ɔba no, na ɔkyerɛ no nea n’ankasa yɛ nyinaa.”

Yesu toa so sɛ: “Na sɛnea agya no nyan awufo na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa.” Nokwarem no, Ɔba no nyan awufo wɔ honhom mu dedaw! Yesu ka sɛ: “Nea ɔte m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa.” Yiw, ɔtoa so sɛ: “Dɔn no reba na adu a awufo bɛte Onyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔte no benya nkwa.”

Ɛwom mpo sɛ kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu anyan obi afi awufo mu ankasa de, nanso ɔka kyerɛ n’asɔretiafo no sɛ awufo sɔre a ɛte saa bɛba. Ɔka sɛ: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.”

Ɛde besi saa bere yi nyinaa no, ɛda adi sɛ Yesu nkaa n’afã a ɛho hia wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu yi ho asɛm tee wɔ baguam saa da. Nanso Yesu asɔretiafo no wɔ nea ɛboro n’ankasa adanse a ɛfa nneɛma yi ho. Yesu kae wɔn sɛ: “Mo de, moasoma akɔ Yohane nkyɛn, na wadi nokware adanse.”

Bɛyɛ mfe abien ansa na eyi reba no, Osuboni Yohane kaa Nea obedi n’akyi aba ho asɛm kyerɛɛ Yudafo nyamesom akannifo yi. Yesu kae wɔn Yohane a anka wobu no yiye a mprempren ɔda afiase no, na ɔka sɛ: “Na mo de, mopɛe sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.” Yesu twe wɔn adwene si eyi so na aboa wɔn, yiw, agye wɔn. Nanso ɔmfa ne ho nto Yohane adanse so.

“Nnwuma no ara a meyɛ [a anwonwade a wayɛ bere tiaa bi a atwam ni no ka ho] no di me ho adanse sɛ agya no na asoma me.” Nanso nea ɛka ho no, Yesu ka sɛ: “Na agya no a ɔsomaa me no ankasa adi me ho adanse.” Sɛ nhwɛso no, bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, Onyankopɔn dii ne ho adanse sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.”

Ampa, Yesu asɔretiafo no nni anoyi biara a enti ɛsɛ sɛ wɔpow no. Kyerɛwnsɛm a wɔka sɛ wɔhwehwɛ mu no ara di ne ho adanse! Yesu de asɛm no ba awiei sɛ: “Sɛ mugye Mose di a, anka mubegye me adi; na me ho asɛm na ɔkyerɛwee. Na sɛ munnye ne kyerɛw nsɛm no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na mubegye me nsɛm adi?” Yohane 5:17–47; 1:19-27; Mateo 3:17.

▪ Dɛn nti na Yesu adwuma no nsɛe homeda?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu ka n’afã wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no ho asɛm?

▪ Hena adanse na Yesu twe adwene si so na ɔde akyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba?