Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ohu Ɔkwatani bi Mmɔbɔ

Ohu Ɔkwatani bi Mmɔbɔ

Ti 25

Ohu Ɔkwatani bi Mmɔbɔ

BERE a Yesu ne n’asuafo baanan no rekyinkyin Galilea nkurow no mu no, ná anwonwade ahorow a ɔyɛ no ho asɛm retrɛw wɔ ɔmantam no mu nyinaa. Ne nneyɛe no ho asɛm duu kurow biako a ɔbarima bi a ɔyare kwata te hɔ mu. Oduruyɛfo Luka ka ne ho asɛm sɛ “kwata ayɛ no.” Sɛ ɔyare huhu yi yɛ kɛse a, etumi sɛe ɔhonam akwaa ahorow. Enti ɔkwatani yi ade yɛ mmɔbɔ pii.

Bere a Yesu du kurow no mu no, ɔkwatani no ba ne nkyɛn. Sɛnea Onyankopɔn mmara kyerɛ no, ɛsɛ sɛ ɔkwatani teɛm sɛ “Me ho ntew, me ho ntew!” de bɔ kɔkɔ na afoforo ammɛn no dodo na yare no ansan wɔn. Afei ɔkwatani no butuw fam na ɔsrɛ Yesu sɛ: “Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.”

Hwɛ gyidi a ɔbarima no wɔ wɔ Yesu mu! Nanso hwɛ sɛnea ebia ne yare no ama wayɛ mmɔbɔ! Dɛn na Yesu bɛyɛ? Anka wobɛyɛ dɛn? Yesu de ayamhyehye teɛ ne nsa ka ɔbarima no na ɔka sɛ: “Mepɛ, wo ho mfi!” Na amonom hɔ ara kwata no fi ne ho.

So wobɛpɛ sɛ obi a ɔwɔ ayamhyehye sɛɛ yɛ wo hene? Sɛnea Yesu yɛ ɔkwatani no ma yɛn awerɛhyem sɛ wɔ N’Ahenni nniso no mu no, Bible mu nkɔmhyɛ no bɛbam: “Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa.” Yiw, saa bere no, Yesu bɛyɛ nea ne koma pɛ a ɛne abrɛfo nyinaa a ɔbɛboa wɔn no.

Ansa na Yesu resa ɔkwatani no yare mpo no, na ne som adwuma no ama nnipa no ani agye. Afei, wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mmamu mu no, Yesu hyɛ ɔbarima a wanya ayaresa no sɛ: “Hwɛ, nka asɛm yi nkyerɛ obiara.” Afei ɔka kyerɛ no sɛ: “Kɔ, na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na w’ahofi nti kɔma nea Mose hyɛe no, na ɛnyɛ adanse mma wɔn.”

Nanso ɔbarima no ani agye araa ma ontumi nkora anwonwade no so. Ɔkɔ na ofi ase keka wɔ baabiara, akyinnye biara nni ho sɛ ɔkanyan ho anigye araa ma Yesu ntumi nna ne ho adi wɔ kurow no mu. Enti, Yesu nkutoo kɔtra baabi a obiara nte hɔ, na nnipa fi mmaa nyinaa betie no na wasa wɔn yare. Luka 5:12–16; Marko 1:40–45; Mateo 8:2–4; Leviticus 13:45; 14:10–13; Dwom 72:13; Yesaia 42:1, 2.

▪ Nkɛntɛnso bɛn na kwata betumi anya, na kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ ɔkwatani de ma?

▪ Ɔkwan bɛn so na ɔkwatani bi srɛ Yesu ade, na dɛn na yebetumi asua afi Yesu mmuae no mu?

▪ Ɔkwan bɛn so na ɔbarima a wanya ayaresa no antie Yesu, na dɛn na efi mu ba?