Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Okogyina Sanhedrin no Anim, na Afei Ɔkɔ Pilato Anim

Okogyina Sanhedrin no Anim, na Afei Ɔkɔ Pilato Anim

Ti 121

Okogyina Sanhedrin no Anim, na Afei Ɔkɔ Pilato Anim

ADE REBƐKYE. Petro apa Yesu nea ɛto so abiɛsa, na Sanhedrin no mufo no awie wɔn ntɛnkyea asenni no ma wɔasɔre. Nanso, bere a anim retetew Fida anɔpa no ara pɛ, wɔsan hyiam bio, na mprempren de wohyiam wɔ Sanhedrin asa no so. Ɛte sɛ nea wɔn atirimpɔw ne sɛ wɔbɛyɛ ma anadwo asenni no ayɛ sɛ mmara kwan so ade. Wɔde Yesu ba wɔn anim na wɔka kyerɛ no, sɛnea wɔyɛe anadwo no, sɛ: “Wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn!”

Yesu bua sɛ: “Sɛ mise mo a, morennye nni; na sɛ nso mibisa mo a, moremmua me.” Nanso, Yesu de akokoduru da onipa ko a ɔyɛ adi na ɔka sɛ: “Na efi nnɛ na onipa ba no bɛtra Onyankopɔn tumi nifa so.”

Wɔn nyinaa bisa no sɛ: “Ɛnde na wone Nyankopɔn ba no nen?”

Yesu bua sɛ: “Mo ara na moaka sɛ me ne no.”

Saa mmuae yi ara dɔɔso ma mmarima yi a awudi na ɛwɔ wɔn adwenem no. Wobu no sɛ ɛyɛ abususɛm. Wobisa sɛ: “Adanse bɛn na ehia yɛn bio? Na yɛn ankasa ate afi n’anom.” Enti wɔkyekyere Yesu de no kɔma Roma amrado Pontio Pilato.

Ná Yuda, Yesu oyimafo no rehwɛ nea ɛrekɔ so no. Bere a ohui sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, ɔte ahonu nka. Enti ɔkɔ asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no nkyɛn de nnwetɛbona 30 no san kɔma wɔn, na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mayɛ bɔne sɛ mayi mogya a bɔne nni mu mama.”

Wɔde atirimɔden bua sɛ: “Ɛfa yɛn ho dɛn? Wo ara hwɛ!” Enti Yuda tow nnwetɛbona no gu asɔrefi hɔ na ofi hɔ kɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛn ne mene. Nanso ɛda adi sɛ dubaa a Yuda sa so hama no bu, na ne nnipadua kɔhwɛ abotan a ɛwɔ n’ase no so na ne mu pae.

Asɔfo mpanyin no ntumi nhu nea wɔmfa nnwetɛbona no nyɛ. Wɔka sɛ: “Enni ho kwan sɛ wɔde gu ayɛyɛde adaka no mu, na ɛyɛ mogya bo.” Enti wotuu agyina akyi no, wɔde kɔtɔɔ ɔnwemfo asase na wɔasie ahɔho wɔ mu. Enti wɔfrɛɛ asase no “Mogya Asase.”

Wɔde Yesu kɔ amrado aban mu anɔpatutuutu. Nanso Yudafo a wɔde no kɔe no pow sɛ wɔbɛhyɛn mu efisɛ wogye di sɛ Amanaman mufo a wɔne wɔn bɛbɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so no begu wɔn ho fi. Enti sɛnea ɛbɛyɛ na ɔbɛyɛ nea wɔpɛ ama wɔn no, Pilato pue ba adiwo hɔ. Obisa wɔn sɛ: “Ntɛn bɛn na mode bae onipa yi ho?”

Wobua sɛ: “Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛfo a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.”

Esiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔkwati ne ho a ɔde bɛhyɛ asɛm no mu nti, Pilato bua sɛ: “Mo ara momfa no, na munkobu no atɛn sɛnea mo mmara te.”

Yudafo no da wɔn awudi adwene no adi bere a wɔka sɛ: “Yɛn de, yenni ho kwan sɛ yekum obiara.” Nokwarem no, sɛ wokum Yesu bere a Twam Afahyɛ no rekɔ so no a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛma ɔman no mu ayɛ gyegyeegye, efisɛ nnipa pii wɔ obu kɛse ma Yesu. Nanso sɛ wotumi ma Romafo no gyina amammuisɛm mu ntwatoso bi so kum no a, wɔbɛde wɔn ho afi eyi ho asodi a ɛbɛda wɔn so no nnipa no anim no ho.

Enti nyamesom akannifo no de ntwatoso afoforo ma a wɔmmɔ wɔn asenni a wobuu Yesu kumfɔ wɔ ase sɛ waka abususɛm no so koraa. Wɔde ntwatoso a ɛbɔ ho abiɛsa yi ma sɛ: “Yɛahu sɛ onipa yi [1] resɛe yɛn man, na [2] wabara sɛ wonnyi Kaesare tow na [3] ɔka sɛ ɔno ankasa ne ɔhene Kristo no.”

Nea ehia Pilato ne sɛ wɔbɔɔ Yesu sobo sɛ ose ɔyɛ ɔhene no. Enti ɔhyɛn aban no mu bio na ɔfrɛ Yesu ba ne nkyɛn bisa no sɛ: “Wone Yudafo hene anaa?” Ɔkwan foforo so no, so woabu mmara so denam ka a woapae mu aka sɛ woyɛ ɔhene de tia Kaesare no so anaa?

Yesu pɛ sɛ ohu sɛnea Pilato adi kan ate ne ho asɛm afa, enti obisa sɛ: “Efi wo ankasa wo tirim na woka eyi, anaasɛ nnipa bi na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ wo?”

Pilato da no adi sɛ onnim no ne sɛ ɔpɛ sɛ ohu nokwasɛm a ɛwɔ asɛm no mu. Obua sɛ: “Meyɛ Yudani anaa? Wo ankasa wo manfo ne asɔfo mpanyin no na wɔde wo brɛɛ me; dɛn na woyɛe?”

Yesu mmɔ mmɔden ɔkwan biara so sɛ obeguan afi ɔsɛmpɔw a ɛfa ahenni ho no ano. Akyinnye biara nni ho sɛ mmuae a Yesu de ma afei no ma Pilato ho dwiriw no. Luka 22:66–23:3; Mateo 27:1–11; Marko 15:1; Yohane 18:28–35; Asomafo no Nnwuma 1:16–20.

▪ Atirimpɔw bɛn nti na Sanhedrin no hyiam bio anɔpa no?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yuda wu, na dɛn na wɔde nnwetɛbona 30 no yɛ?

▪ Dɛn nti na Yudafo no pɛ sɛ Romafo na wokum Yesu, sen sɛ wɔn ankasa bekum no no?

▪ Ntwatoso bɛn na Yudafo no de to Yesu so?