Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Osiesie Asomafo no Ma Ne Kɔ

Osiesie Asomafo no Ma Ne Kɔ

Ti 116

Osiesie Asomafo no Ma Ne Kɔ

NKAE adidi no aba awiei, nanso Yesu ne n’asomafo no da so ara wɔ abansoro dan no mu. Ɛwom sɛ ɛrenkyɛ na Yesu akɔ de, nanso ɔda so ara wɔ nneɛma pii a ɔbɛka. Ɔkyekye wɔn werɛ sɛ “mommma mo koma nntutu! Munnye Onyankopɔn nni.” Nanso ɔde ka ho sɛ: “Me nso, munnye me nni.”

Yesu toa so sɛ: “Trabere pii wɔ m’agya ofi; . . . merekɔ makosiesie baabi mama mo . . . na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ. Na nea merekɔ no, munim hɔ kwan nso.” Asomafo no nte ase sɛ Yesu reka ne sorokɔ ho asɛm, enti Toma bisa sɛ: “Awurade, yennim nea worekɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yebetumi ahu kwan?”

Yesu bua sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa.” Yiw, ɛnam gye a obi begye no atom na wasuasua n’asetra kwan nkutoo so na ɔbɛkɔ Agya no ɔsoro fie, efisɛ sɛnea Yesu ka no: “Obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.”

Filipo srɛ sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn agya no, na ɛno ara dɔɔso ma yɛn.” Ɛda adi sɛ Filipo hwehwɛ sɛ Yesu ma wonya Onyankopɔn ho adiyi bi a wɔde wɔn ani behu, te sɛ nea wɔnam anisoadehu so maa Mose, Elia, ne Yesaia nyae wɔ tete mmere mu no. Nanso, nokwarem no, asomafo no wɔ biribi a eye kyɛn anisoadehu ahorow a ɛte saa, sɛnea Yesu ka ho asɛm no: “Me ne mo wɔ hɔ dabidabi yi, munhuu me anaa, Filipo? Nea wahu me no ahu agya no.”

Yesu da n’Agya nipasu adi ma edi mu araa ma tra a wɔne no bɛtra na wɔahwɛ no no te sɛ nea wohu Agya no ankasa. Nanso, Agya no korɔn kyɛn Ɔba no, sɛnea Yesu gye tom no, sɛ: “Nsɛm a meka mekyerɛ mo no, emfi m’ankasa me tirim na meka.” Ɔkwan a ɛfata so no, Yesu ma ɛda adi sɛ ne nkyerɛkyerɛ no fi ne soro Agya no nkyɛn.

Hwɛ sɛnea ɛyɛ nkuranhyɛ ma asomafo no sɛ afei wɔte sɛ Yesu ka kyerɛ wɔn sɛ: “Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom”! Na Yesu nkyerɛ sɛ n’akyidifo no de anwonwadeyɛ tumi bedi dwuma asen sɛnea ɔyɛe no. Dabi, mmom na ɔkyerɛ sɛ wɔbɛyɛ ɔsom adwuma no bere tenten, akɔ akyirikyiri, na wɔakɔ nnipa pii nkyɛn asen no.

Yesu rennyaw n’asuafo no wɔ ne kɔ akyi. Ɔhyɛ wɔn bɔ sɛ: “Biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ.” Bio nso, ɔka sɛ: “Mebisa agya no, na wama mo okyigyinafo foforo, na ɔne mo abɛtra daa, nokware honhom no.” Akyiri yi, ne sorokɔ akyi no, Yesu hwie honhom kronkron a ɛne saa okyigyinafo foforo no gu n’asuafo no so.

Yesu kɔ abɛn, sɛnea ɔka no: “Aka kakraa na wiase nhu me bio.” Yesu bɛyɛ honhom abɔde a onipa biara rentumi nhu no. Nanso, Yesu hyɛ n’asomafo anokwafo no bɔ bio sɛ: ‘Mubehu me, efisɛ mete ase, na mo nso mobɛtra ase.’ Yiw, ɛnyɛ sɛ Yesu beyi ne ho adi akyerɛ wɔn sɛ onipa ne sɔre akyi nko, na mmom wɔ bere a ɛfata mu no, obenyan wɔn aba nkwa mu ma wɔne no akɔtra soro sɛ honhom abɔde.

Afei, Yesu ka mmara tiawa yi ho asɛm sɛ: “Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.”

Ɛno na ɔsomafo Yuda, nea wɔfrɛ no Tadeo nso no bisa no sɛ: “Awurade, ɛyɛɛ dɛn na worebeyi wo ho akyerɛ yɛn, na ɛnyɛ wiase?”

Yesu bua sɛ: “Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so, na m’agya bɛdɔ no, . . . Nea ɔnnɔ me no nni me nsɛm so.” Wiase no nte sɛ Yesu akyidifo a wɔyɛ osetie no, na wobu wɔn ani gu Kristo nkyerɛkyerɛ so. Enti, onnyi ne ho adi nnkyerɛ wɔn.

Yesu akyerɛ n’asomafo no nneɛma pii wɔ n’asase so ɔsom adwuma no mu. Wɔbɛyɛ dɛn akae ne nyinaa, ne titiriw no, esiane sɛ besi saa bere yi mpo no, na wɔnte nneɛma pii ase no nti? Nea ɛyɛ anigye no, Yesu hyɛ bɔ sɛ: “Na okyigyinafo a ɔne honhom kronkron a m’agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa.”

Yesu kyekye wɔn werɛ bio, na ɔka sɛ: “Asomdwoe na mede migyaw mo, m’asomdwoe na mede mema mo; . . . Mommma mo koma nntutu, nanso mommma ɛmmpere mo!” Ɛwom, Yesu rekɔ, nanso ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ modɔ me a, anka mo ani begye sɛ merekɔ agya no nkyɛn, efisɛ m’agya no yɛ kɛse sen me.”

Bere a aka a Yesu ne wɔn bɛtra ase no yɛ tiaa. Ɔka sɛ: “Me ne mo renkasa pii bio; na wi yi ase sodifo no reba, nanso ɔrennya me hɔ hwee.” Satan Ɔbonsam, nea otumi hyɛn Yuda mu nyaa ne so tumi no ne wiase no sodifo. Nanso, bɔne mmerɛwyɛ biara nni Yesu mu a Satan betumi de adi dwuma ma wadan no afi Onyankopɔn som ho.

Abusuabɔ a Emu yɛ Hyew a Wonya mu Anigye

Nkae adidi no akyi no, na Yesu ne n’asomafo no rekasa kokoam anibere so de ahyɛ wɔn nkuran. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔdasum apa ho. Enti Yesu hyɛ wɔn sɛ: “Monsɔre mma yemfi ha nkɔ!” Nanso, ansa na wɔrefi hɔ no, esiane sɛ ɔdɔ a Yesu wɔ ma wɔn no ka no nti, ɔkɔ so kasa, na ɔma wɔn mfatoho bi a ɛkanyan yiye.

Ofi ase sɛ: “Mene nokware bobe no, na m’agya ne okuafo no.” Okuafo Kɛse, Yehowa Nyankopɔn, tɛw mfonini kwan so bobe yi bere a ɔde honhom kronkron sraa Yesu wɔ n’asubɔ mu wɔ 29 Y.B. fefɛw bere mu no. Nanso Yesu kɔ so kyerɛ sɛ bobe no yɛ biribi a ɛsen n’ankasa ho mfonini ara kwa, na ɔka sɛ:

“Me ho baa biara a ɛnsow aba no, oyi; na ebiara a ɛsow aba no, oyiyi ho, na ɛsow aba bebree. . . . Sɛnea baa ntumi mfi n’ankasa mu nsow aba gye sɛ ɛtra obobe no mu no, saa ara nso na muntumi, gye sɛ motra me mu. Mene bobe no, mone abaa no.”

Ɛno akyi nnafua 51 wɔ Pentekoste no, asomafo no ne afoforo bɛyɛɛ obobe no abaa bere a wohwiee honhom kronkron guu wɔn so no. Awiei koraa no, nnipa 144,000 bɛyɛ nsusuwso kwan so obobe no abaa. Eyinom ne obobe dua a ɔne Yesu Kristo no ka bom yɛ sɛnkyerɛnne kwan so obobe a ɛsow Ahenni aba no.

Yesu kyerɛkyerɛ nea ɛma wɔsow aba no mu: “Nea ɔtra me mu na me nso metra no mu no, ɔno na ɔsow aba pii; na mokwati me a, muntumi nyɛ hwee.” Nanso, Yesu se sɛ obi ansow aba a, “wɔtow no kyene sɛ baa, na ewu; na wɔboaboa ano de kogu gya mu, na ɛhyew.” Yesu hyɛ bɔ sɛ: “Sɛ motra me mu na me nsɛm tra mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ ama mo.”

Yesu kɔ so ka kyerɛ n’asomafo no sɛ: “Eyi mu na wɔahyɛ m’agya anuonyam, sɛ mosow aba pii; ɛno na mobɛyɛ me asuafo.” Aba a Onyankopɔn hwehwɛ fi abaa no hɔ ne sɛ wɔbɛda Kristo su horow adi, titiriw no ɔdɔ. Bio, esiane sɛ na Kristo yɛ Onyankopɔn Ahenni no ho ɔdawurubɔfo nti, nea ɛka aba a wɔpɛ no ho nso ne asuafo a wɔbɛyɛ sɛnea ɔyɛe no.

Afei Yesu hyɛ wɔn sɛ: “Montra me dɔ mu.” Nanso, ɔkwan bɛn so na n’asomafo no betumi ayɛ saa? Ose: “Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu.” Yesu retoa so no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no. Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.”

Nnɔnhwerew kakraa bi mu no, Yesu bɛyɛ ɔdɔ a ɛtra so yi ho ɔyɛkyerɛ denam ne nkwa a ɔde bɛto hɔ ama n’asomafo no, ne afoforo a wobegye no adi no so. Ɛsɛ sɛ ne nhwɛso no ka n’akyidifo ma wonya ɔdɔ a ɛma obi de ne ho bɔ afɔre a ɛte saa ara ma wɔn ho wɔn ho. Saa ɔdɔ yi na ɛbɛda wɔn adi, sɛnea na Yesu adi kan aka no: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”

Yesu rekyerɛ wɔn a wɔyɛ ne nnamfo no, ose: “Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, moyɛ me nnamfo. Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ; na mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nneɛma a mate m’agya nkyɛn no nyinaa maka makyerɛ mo.”

Abusuabɔ a ɛsom bo a wobetumi anya bɛn ara ni—sɛ wɔbɛyɛ Yesu nnamfo a wɔbɛn no kɛse! Nanso sɛ n’asuafo no bɛkɔ so anya saa abusuabɔ yi mu anigye a, ɛsɛ sɛ ‘wɔkɔ so sow aba.’ Sɛ wɔyɛ saa a, Yesu se “biribiara a mobɛsrɛ agya no me din mu no, ɔde [bɛma] mo.” Ampa ara, ɛno yɛ akatua kɛse wɔ Ahenni aba a wɔsow no ho!

Bere a Yesu ahyɛ asomafo no bio sɛ ‘wɔnnodɔ wɔn ho’ akyi no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ wiase no bɛtan wɔn. Nanso, ɔkyekye wɔn werɛ sɛ: “Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ ɛtan me kan ansa na ɛretan mo.” Nea edi hɔ no, Yesu da nea enti a wiase no tan n’akyidifo no adi, na ose: “Sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.”

Yesu rekɔ so akyerɛkyerɛ wiase no tan no mu no, ɔtoa so sɛ: “Na eyinom nyinaa, me din nti na wɔde bɛyɛ mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me [Yehowa Nyankopɔn] no.” Enti, nnwuma a ɛyɛ nwonwa a Yesu yɛe no bu wɔn a wɔtan no no fɔ, sɛnea ɔkyerɛ no: “Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛe da wɔn mu a, anka wonni bɔne; na afei de, wɔahu, nanso wɔatan me ne m’agya.” Enti, sɛnea Yesu ka no, kyerɛwsɛm no aba mu: “Wɔtan me kwa.”

Sɛnea Yesu dii kan yɛe no, ɔkyekye wɔn werɛ bio denam okyigyinafo, honhom kronkron a ɛyɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi a ɛwɔ ahoɔden no a ɔde hyɛ wɔn bɔ no so. “Ɔno na obedi me ho adanse; na mo nso mubedi me ho adanse.”

Nkradi Afotu Foforo

Yesu ne asomafo no rebefi abansoro dan no mu. Ɔkɔ so ka sɛ: “Eyinom na maka makyerɛ mo na moanhintiw.” Afei ɔde kɔkɔbɔ a anibere wom ma sɛ: “Wobetu mo afi hyiadan mu; mpo ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn.”

Ɛda adi sɛ esiane kɔkɔbɔ yi nti asomafo no werɛ ahow. Ɛwom sɛ ná wadi kan aka akyerɛ wɔn sɛ wiase bɛtan wɔn de nanso ná ɔnnaa no adi pefee sɛ wobekum wɔn. Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na manka mo eyinom mamfi mfiase, efisɛ me ne mo wɔ hɔ.” Nanso hwɛ sɛnea eye sɛ ɔbɛma wɔahu asɛm yi na wɔada wɔn ho so ansa na wakɔ!

Yesu toa so sɛ: “Afei de, merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn, na mo mu biara mmisa me sɛ: Ɛhe na worekɔ?” Ná wɔadi kan abisa no nea ɔrekɔ anwummere no, nanso afei de, nea ɔka kyerɛɛ wɔn no ama wɔn ho adwiriw wɔn araa ma wɔammisa no eyi ho asɛm bio. Yesu se: “Sɛ maka eyi makyerɛ mo nti, awerɛhow ahyɛ mo koma ma.” Ná ɛnyɛ ɔtaa a ɛyɛ hu a wobehyia ne sɛ wobekum wɔn a wohui no nkutoo nti na asomafo no werɛ ahow, na mmom esiane sɛ wɔn Wura no rebegyaw wɔn hɔ nti.

Enti, Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Eye ma mo sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.” Sɛ onipa no, Yesu betumi atra faako pɛ wɔ bere koro mu, nanso sɛ ɔwɔ soro a, obetumi asoma okyigyinafo a ɛne Onyankopɔn honhom kronkron no akɔ n’akyidifo nkyɛn baabiara a wɔwɔ wɔ asase so. Enti Yesu kɔ no bɛyɛ nea mfaso wɔ so.

Yesu kyerɛ sɛ honhom kronkron no ‘beyi wiase ntɛn bɔne ne trenee ne atemmu ho.’ Wiase no bɔne a ɛne Onyankopɔn Ba no mu gyidi a wɔankyerɛ no bɛda adi. Nea ɛka ho bio no, wɔde ɔtreneeni a Yesu yɛ no ho adanse a edi mu bɛma denam n’Agya nkyɛn a ɔbɛkɔ wɔ soro no so. Na huammɔ a Satan ne ne wiase bɔne no adi sɛ wɔantumi ansɛe Yesu mudi mu kura no yɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ wɔabu atɛn atia wiase sodifo no.

Yesu toa so sɛ: “Mewɔ nsɛm pii bio meka mekyerɛ mo, nanso muntumi nsoa mprempren.” Enti Yesu hyɛ bɔ sɛ sɛ ohwie honhom kronkron a ɛyɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi no ma wɔn a, ɛbɛkyerɛ wɔn kwan ma wɔate nneɛma yi ase sɛnea wobetumi.

Ade titiriw a na asomafo no nte ase ne sɛ Yesu bewu na afei wɔayi ne ho adi akyerɛ wɔn ne wusɔre akyi. Enti wobisa wɔn ho wɔn ho sɛ: “Dɛn na ose yɛn sɛ: Aka kakraa na munhu me, na bio aka kakraa mebehu me, ɛne sɛ: Merekɔ agya no nkyɛn yi?”

Yesu hu sɛ wɔpɛ sɛ wobisa no biribi, enti ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nokware, nokware, mise mo sɛ: Mubesu na moatwa adwo, na wiasefo ani begye; na mo de, mo werɛ bɛhow; nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye.” Ɛda a edi hɔ no awia a wokum Yesu no, nyamesom mu akannifo wiasefo no ani gye, nanso asuafo no di awerɛhow. Nanso, wɔn awerɛhowdi no dan anigye, bere a wonyan Yesu no! Na wɔn anigye no kɔ so bere a wɔ Pentekoste no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ n’adansefo denam Onyankopɔn honhom kronkron a ohwie guu wɔn so no so no!

Yesu de asomafo no tebea toto ɔbea a ɔreko awo de ho, na ɔka sɛ: “Ɔbea, sɛ ɔrewo a, ohu awerɛhow, efisɛ ne dɔn adu.” Na sɛnea sɛ onya wo ne ba no a ɔnkae n’ahohia bio no, Yesu ka sɛ: “Na mo nso, afei de, mowɔ awerɛhow; na [mesɔre a] mehu mo bio, na mo koma bɛtɔ mo yam, na mo anigye no, obi rennye mo nsam.”

Ɛde besi saa bere yi no, na asomafo no nsrɛɛ biribi Yesu din mu da. Nanso, afei ɔka sɛ: “Biribiara a mobɛsrɛ agya no me din mu no, ɔde bɛma mo. . . . Na agya no ankasa dɔ mo, efisɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mifi agya no nkyɛn na mebae. Mifii agya no nkyɛn na mebaa wiase; na bio, merefi wiase na makɔ agya no nkyɛn.”

Yesu nsɛm no yɛ nkuranhyɛ kɛse ma asomafo no. Wɔka sɛ: “Eyi mu na yegye di sɛ wufi Nyankopɔn nkyɛn na ɛbae.”

Yesu bisa sɛ: “Afei de, mugye di? Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo afie mu, na moagyaw me nko.” Ɛwom sɛ ɛyɛ den sɛ wobegye adi de, nanso eyi sii ansa na ade rekye!

Yesu de ba awiei sɛ: “Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.” Yesu dii wiase so nkonim denam Onyankopɔn apɛde a ɔde nokwaredi yɛe, a nea Satan ne ne wiase bɔɔ mmɔden yɛe sɛ wɔde bɛma wagyaa ne mudi mu no mfa ho.

Mpaebɔ a Etwa to wɔ Abansoro Dan no Mu

Esiane ɔdɔ kɛse a na Yesu anya ama n’asuafo no nti, na ɔresiesie wɔn ama ne kɔ a na abɛn no. Afei, bere a na watu wɔn fo na wakyekye wɔn werɛ pii akyi no, ɔma n’ani so hwɛ soro na ɔsrɛ n’Agya sɛ: “Hyɛ wo ba anuonyam, na ɔba no nso nhyɛ wo anuonyam, sɛnea womaa no ɔhonam nyinaa so tumi, sɛ ade biara a wode ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.”

Asɛmti a ɛkanyan nkate bɛn ara na Yesu de to gua sɛɛ yi—daa nkwa! Esiane sɛ na wɔama no “ɔhonam nyinaa so tumi” nti, na Yesu betumi de ne ogye afɔre no mu mfaso horow no ama adesamma a wɔrewuwu no nyinaa. Nanso ɔde “daa nkwa” ma wɔn a Agya no pene wɔn so no nkutoo. Yesu nam asɛmti yi a ɔkɔ so ka ho asɛm no so toa ne mpaebɔ no so:

“Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” Yiw, nkwagye gyina Onyankopɔn ne ne Ba no nyinaa ho nimdeɛ a yebenya so. Nanso pii ho hia kyɛn tirim nimdeɛ ara kwa.

Ɛsɛ sɛ obi hu wɔn yiye ankasa, na ɔma adamfofa a ntease wom ba ɔne wɔn ntam. Ɛsɛ sɛ onii no te nka wɔ nneɛma ho te sɛ wɔn, na ohu nneɛma te sɛ wɔn. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ onii no bɔ mmɔden suasua wɔn su horow a ebiara ne no nsɛ no wɔ sɛnea ɔne afoforo di nsɛm no mu.

Afei Yesu bɔ mpae sɛ: “Me de, mahyɛ wo anuonyam asase so; mawie adwuma a wode maa me sɛ menyɛ no.” Esiane sɛ wayɛ n’adwuma abedu ha na ɔwɔ ahotoso sɛ obedi nkonim daakye nti, ɔsrɛ sɛ: “Afei, agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!” Yiw, afei ɔrebisa sɛ wɔmfa anuonyam a anka ɔwɔ wɔ soro no mma no denam owusɔre so.

Yesu reka n’adwuma titiriw wɔ asase so ho asɛm tiaa no, ose: “Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn fi wiase ama me no. Wɔyɛ wo dea, na wode wɔn ama me; na wɔadi w’asɛm so.” Yesu de Onyankopɔn din Yehowa no dii dwuma wɔ ne som adwuma mu, na ɔdaa sɛnea wɔbɔ din no ankasa adi, nanso ɔyɛɛ nea ɛsen saa de daa Onyankopɔn din no adi kyerɛɛ n’asomafo no. Ɔmaa Yehowa, ne su ne n’atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ ne anisɔ a wɔwɔ no yɛɛ kɛse nso.

Esiane sɛ Yesu kyerɛe sɛ Yehowa yɛ Obi a ɔkorɔn sen no, na ɔsom wɔ N’ase nti, ofi ahobrɛase mu gye tom sɛ: “Nsɛm a wode ama me no, mede mama wɔn; na wɔn nso wɔagye, na wɔahu ampa sɛ mifi wo nkyɛn na mebae, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.”

Yesu bɔ mpae bio, bere a ɔreda nsonsonoe a ɛwɔ n’akyidifo ne adesamma a aka no ntam adi no, ɔka sɛ: “Mensrɛ memma wiase, na wɔn a wode wɔn ama me no . . . Mewɔ wɔn nkyɛn no, . . . mawɛn wɔn na wɔn mu bi anyera, gye ɔyera ba no,” a ɔne Yuda Iskariot. Saa bere yi mu no, na Yuda gu n’adwuma bɔne a ɛne sɛ obeyi Yesu ama no so. Enti, na Yuda rema Kyerɛwnsɛm no aba mu a onnim.

Yesu toa so bɔ mpae sɛ: “Wiase atan wɔn. Mensrɛ sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ: yi wɔn fi ɔbɔne no ho sie! Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” Yesu akyidifo wɔ wiase, adesamma abusua a wɔahyehyɛ a Satan di so yi mu, nanso wɔtwe wɔn ho fi wiase no ne ne nsɛmmɔnedi ho, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ saa bere nyinaa.

Yesu toa so sɛ: “Yɛ wɔn kronkron wɔ nokware no mu; w’asɛm yɛ nokware.” Ɛha no, Yesu frɛ Hebri Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu a ɔfa mu asɛm ka bere nyinaa no sɛ “nokware no.” Nanso nea ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo ne nea akyiri yi wɔnam honhom so kyerɛwee sɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nso yɛ “nokware.” Nokware yi betumi atew obi ho na asakra n’abrabɔ koraa, na wayɛ obi a wayi ne ho afi wiase ho.

Afei Yesu bɔ mpae ma ‘wɔn a wɔnam wɔn asɛm so begye no adi no, na ɛnyɛ eyinom nkutoo.’ Enti, Yesu bɔ mpae ma wɔn a wɔbɛyɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn ne daakye asuafo a wɔbɛboa wɔn ano ayɛ wɔn “kuw biako” no. Dɛn na ɔsrɛ ma eyinom nyinaa? “Sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu . . . sɛ wɔnyɛ biako sɛnea yɛyɛ biako no.”

Yesu ne n’Agya nyɛ onipa biako ankasa, na mmom wɔwɔ adwenkoro wɔ biribiara mu. Yesu bɔ mpae sɛ n’akyidifo nyɛ biako saa ara na ama “wiase ahu sɛ wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no.”

Afei Yesu srɛ Agya no ma wɔn a wɔbɛyɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn no. Wɔ dɛn ho? “Mepɛ sɛ nea mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho na wonhu m’anuonyam a womaa me no efisɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase,” kyerɛ sɛ bere tenten ansa na Adam ne Hawa renyinsɛn ɔba. Bere tenten ansa na ɛno reba no, na Onyankopɔn dɔ ne Ba a ɔwoo no koro a ɔbɛyɛɛ Yesu no.

Bere a Yesu wie ne mpaebɔ no, osi so dua bio sɛ: “Mayi wo din makyerɛ wɔn, na meyi makyerɛ; na ɔdɔ a wode dɔ me no atra wɔn mu, na matra wɔn mu.” Wɔ asomafo no fam no, na Onyankopɔn din a wobesua no ka Onyankopɔn dɔ a wɔn ankasa behu no ho. Yohane 14:1–17:26; 13:27; 35, 36; 10:16; Luka 22:3, 4; Exodus 24:10; 1 Ahene 19:9–13; Yesaia 6:1–5; Galatifo 6:16; Dwom 35:19; 69:4; Mmebusɛm 8:22, 30.

▪ Ɛhe na Yesu rekɔ, na mmuae bɛn na ɔma Toma wɔ ɔkwan a wɔfa so kɔ hɔ no ho?

▪ Ɛda adi sɛ dɛn na Filipo nam n’asemmisa no so pɛ sɛ Yesu de ma?

▪ Dɛn nti na nea wahu Yesu no ahu Agya no nso?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu akyidifo bɛyɛ nnwuma akɛse asen nea ɔyɛe no?

▪ Ntease bɛn mu na Satan nni Yesu so tumi biara?

▪ Bere bɛn na Yehowa tɛw sɛnkyerɛnne kwan so bobe no, na bere bɛn na afoforo ba bɛyɛ bobe no baa, na ɔkwan bɛn so?

▪ Awiei koraa no, abaa ahe na sɛnkyerɛnne kwan so obobe no nya?

▪ Aba bɛn na Onyankopɔn pɛ fi abaa no hɔ?

▪ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ Yesu nnamfo?

▪ Dɛn nti na wiase no tan Yesu akyidifo?

▪ Yesu kɔkɔbɔ bɛn na ɛhaw n’asomafo no?

▪ Dɛn nti na asomafo no mmisa nea Yesu rekɔ ho asɛm no?

▪ Dɛn ankasa na asomafo no nte ase?

▪ Mfatoho bɛn na Yesu yɛ de kyerɛ sɛ asomafo no awerɛhow tebea bɛsakra ayɛ anigye tebea?

▪ Dɛn na Yesu ka sɛ ɛrenkyɛ asomafo no bɛyɛ?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu di wiase so nkonim?

▪ Ntease bɛn mu na wɔde “ɔhonam nyinaa so tumi” ama Yesu?

▪ Onyankopɔn ne ne Ba no ho nimdeɛ a wobenya no kyerɛ dɛn?

▪ Akwan bɛn so na Yesu maa Onyankopɔn din no daa adi?

▪ Dɛn ne “nokware no,” na ɔkwan bɛn so na “ɛtew” Kristoni ho?

▪ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn, ne Ba no, ne nokware asomfo nyinaa yɛ biako?

▪ Bere bɛn na “wɔhyɛɛ wiase no ase”?