Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Osoo N’atade Mu

Osoo N’atade Mu

Ti 46

Osoo N’atade Mu

DEKAPOLI a Yesu san n’akyi fi hɔ no ho amanneɛbɔ du Kapernaum, na nkurɔfokuw boa wɔn ho ano wɔ po no ano hyia no kwan. Akyinnye biara nni ho sɛ ná wɔate sɛ ɔmaa ahum no gyaee na ɔsaa mmarima a anka ahonhommɔne wɔ wɔn so no yare. Afei bere a osi wɔ mpoano hɔ no, wotwa ne ho si a wɔayɛ krado hwɛ biribi kwan.

Wɔn a wɔhwɛ Yesu kwan no mu biako ne Yairo a ɔyɛ hyiadan mu panyin no. Ɔhwe Yesu nan ase na ɔkɔ so srɛ no sɛ: “Me babea rewu, na bra na fa wo nsa begu no so, na ne ho nyɛ no den, na onnya nkwa.” Esiane sɛ ɔyɛ Yairo ɔba koro na wadi mfe 12 pɛ nti, ɔsom bo titiriw ma no.

Yesu tie na nkurɔfokuw no ka ne ho ma wɔkɔ Yairo fi. Yebetumi ahu sɛnea nnipa no ani gyei bere a ná wɔrehwɛ anwonwade foforo kwan no. Nanso ɔbea bi a ɔwɔ nkurɔfokuw no mu adwene wɔ n’ankasa haw a emu yɛ den so.

Mogya atu ɔbea yi mfe 12. Wakɔ nnuruyɛfo pii nkyɛn na wasɛe ne sika nyinaa wɔ ayaresa ho. Nanso ne ho ntɔ no; mmom no, ne haw no mu ayɛ den.

Sɛnea ebia wubetumi ahu no, nea ɛka mmerɛw pii a ne yare no ama wayɛ ho ne sɛ ɛyɛ fɛre ne animguase. Obi renka yare a ɛte saa ho asɛm wɔ baguam. Nea ɛka ho bio no, wɔ Mose mmara ase no, mogya a etu ɔbea ma ɔyɛ nea ne ho ntew, na ɛsɛ sɛ obiara a ɔde ne ho ka no anaasɛ n’atade a mogya wom no guare, na wobu no sɛ ne ho ntew kosi anwummere.

Ɔbea no ate Yesu anwonwade ahorow no ho asɛm na mprempren de wahu no. Esiane sɛ ne ho ntew nti, ɔde ne ho sie wɔ nnipa a ɔnam wɔn mu no mu sɛnea obetumi biara na ɔka kyerɛ ne ho sɛ: “Sɛ meka n’atade nko a, me ho bɛyɛ me den.” Bere a ɔyɛ saa no, ntɛm ara ɔte nka sɛ mogya a etu no no agyae!

“Ɛhena na ɔde ne ho kaa m’atade?” Hwɛ sɛnea Yesu nsɛm yi bɛma wasuro! Ɛyɛɛ dɛn na ohui? Petro ka sɛ ‘Kyerɛkyerɛfo, nkurɔfokuw no akyere wo so na woremia wo na wuse hena na ɔkaa me?’

Yesu hwehwɛ sɛ obehu ɔbea no, na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Obi aka me, na mahu sɛ ahoɔden bi afi me mu kɔ.” Nokwarem no, ɛnyɛ ne ho ara kwa na ɔde ka no, efisɛ ayaresa no ama Yesu ahoɔden so atew.

Ɔbea no hui sɛ wahu no no, ɔde osuro ne ahopopo bɛhwe Yesu anim. Ɔka nokware a ɛfa ne yare no ho ne sɛnea mprempren yi ara ne ho atɔ no no wɔ nnipa no nyinaa anim.

Nokware a ɔka no pefee no ka Yesu na ofi ayamhyehye mu kyekye ne werɛ sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi agye wo; kɔ asomdwoe mu, wo yare no nnyae, na wo ho nyɛ wo den!” Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ Nea Onyankopɔn apaw no sɛ sodifo wɔ asase so no yɛ onipa a ɔwɔ ɔdɔ ne ayamhyehye a osusuw nnipa ho na ɔwɔ tumi a ɔde bɛboa wɔn nso! Mateo 9:18–22; Marko 5:21–34; Luka 8:40–48; Leviticus 15:25–27.

▪ Hena ne Yairo, na dɛn nti na ɔba Yesu nkyɛn?

▪ Ɔhaw bɛn na ɔbea biako wɔ, na dɛn nti na Yesu nkyɛn a ɔba ma waboa no no yɛ den ma no?

▪ Ɔkwan bɛn so na wɔsa ɔbea no yare, na Yesu kyekye ne werɛ dɛn?