Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Osuani Soronko Bi

Osuani Soronko Bi

Ti 45

Osuani Soronko Bi

BERE a Yesu si mpoano hɔ no ade huhu bɛn na ohu sɛɛ yi! Mmarima baanu a wɔyɛ kekã yiye a wofi amusiei bi a ɛbɛn hɔ de mmirika ba no so. Ahonhommɔne wɔ wɔn so. Esiane sɛ akyinnye biara nni ho sɛ wɔn mu biako bɛyɛ kekã asen obiako na ahonhommɔne atra no so akyɛ nti, ɔno na wɔde adwene si no so pii.

Ɔbarima a n’ade yɛ mmɔbɔ yi atra aboda yi mu bere tenten a ɔnhyɛ hwee. Daa awia ne anadwo, ɔteɛteɛm na ɔde abo twitwa ne ho. Ɔyɛ kekã araa ma obiara ntumi mfa saa kwan no so. Wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyekyere no, nanso ɔtetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu na obubu nnade no fi ne nan. Obiara ntumi nnwudwo no.

Bere a ɔbarima no bɛn Yesu no, ɔhwe ne nan ase na ahonhommɔne a ɛwɔ ne so no ma ɔteɛm: “Dɛn na me ne wo Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ba, wɔ yɛ? Meka Onyankopɔn sɛ: Nhaw me.”

Yesu kɔ so ka sɛ, “Wo honhom fi, fi onipa no mu!” Na afei Yesu bisa sɛ: “Wo din de dɛn?”

Obua sɛ: “Me din de ɛdɔm, efisɛ yɛyɛ bebree.” Ahonhommɔne de nnipa a wɔwɔ wɔn so amanehunu gye wɔn ani, ɛda adi sɛ ehu nti wɔn ani gye sɛ wɔbɛboa wɔn ho ano wɔ wɔn so sɛ ɛdɔm. Nanso wohyiaa Yesu no, wɔsrɛ sɛ ɔmmpam wɔn nnkɔ ebun no mu. Yehu wɔ ha bio sɛ ná Yesu wɔ tumi kɛse; otumi dii ahonhommɔne a wɔyɛ den mpo so nkonim. Eyi nso ma ɛda adi sɛ ahonhommɔne nim sɛ wɔne wɔn panyin Satan Ɔbonsam a wɔde wɔn begu bun mu no ne wɔn atemmu a efi Onyankopɔn hɔ.

Mprakokuw a wɔbɛyɛ sɛ 2,000 redidi wɔ beae bi a ɛbɛn hɔ wɔ bepɔw no so. Enti honhommɔne no ka sɛ: “Pam yɛn kɔ mprako no mu, na yɛnkɔhyɛn wɔn mu!” Ɛda adi sɛ ahonhommɔne no nya atirimɔden anigye fi ɔhonam abɔde ahorow a wɔhaw wɔn no mu. Bere a Yesu ma wɔn kwan sɛ wɔnkɔ mprakokuw no mu no, 2,000 no nyinaa bɔ kirididi sian obon no kogu po no mu.

Bere a wɔn a wɔhwɛ mprakokuw no hu eyi no, wɔyɛ ntɛm kɔka nea aba no wɔ kurow no ne ɔman no mu. Enti nnipa no ba bɛhwɛ nea asi. Bere a wɔbae no, wohu onipa no a ahonhommɔne afi ne mu no. Hwɛ, ofura ntama, n’adwenem atew na ɔte Yesu nan ase! Wɔn a wohuu nea ɛbae no ka sɛnea wɔsaa ɔbarima no yare. Wɔka mprakokuw no wu no nso ho asɛm kyerɛ nkurɔfo no. Bere a nnipa no te eyi no, ehu kɛse ka wɔn, na wɔhyɛ Yesu katee sɛ omfi wɔn asasesin no mu nkɔ. Enti ɔpene so na ɔtra ɔkorow no mu. Nea anka ahonhommɔne wɔ ne so no srɛ Yesu sɛ ɔmma ɔne no nkɔ. Nanso Yesu ka kyerɛ no sɛ: “Kɔ wo fi, w’abusuafo nkyɛn, na kɔka nneɛma a [Yehowa] ayɛ ama wo ne mmɔbɔ a wahu wo no kyerɛ wɔn!”

Yesu taa hyɛ wɔn a ɔsa wɔn yare no sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara, efisɛ ɔmpɛ sɛ nnipa no gyina amanneɛbɔ ahorow a ɛkanyan nkurɔfo yi so si gyinae. Nanso eyi de na ɛfata, efisɛ ná nea anka honhommɔne wɔ ne so yi bedi adanse akyerɛ nnipa a Yesu annya hokwan ankɔ wɔn nkyɛn no. Afei, ɔbarima no a ɔbɛtra hɔ no bedi tumi a Yesu de yɛ ade pa no ho adanse na asiw atoro biara a wobedi afa mprakokuw a wowuwui no ho no ano.

Nea anka ahonhommɔne wɔ ne so no tie Yesu ahyɛde no na ɔkɔ. Ofi ase ka nneɛma a Yesu yɛ maa no no wɔ Dekapoli hɔ nyinaa, na ɛyɛ nnipa no nwonwa. Mateo 8:28–34; Marko 5:1–20; Luka 8:26–39; Adiyisɛm 20:1–3.

▪ Ɛbɛyɛ sɛ, dɛn nti na onipa biako a ahonhommɔne wɔ ne so na wɔtwe adwene si no so bere a wɔyɛ baanu?

▪ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ahonhommɔne no nim sɛ wɔde wɔ begu bun mu daakye?

▪ Ɛda adi sɛ dɛn nti na ahonhommɔne pɛ sɛ wɔtra nnipa ne mmoa so no?

▪ Dɛn nti na nea anka ahonhommɔne wɔ ne so no nkutoo de Yesu ka sɛ ɔnkɔka nea Wayɛ ama no no nkyerɛ afoforo?