Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Owusɔre Anidaso No

Owusɔre Anidaso No

Ti 90

Owusɔre Anidaso No

AWIEI koraa no, Yesu du Betania, akuraa bi a fi Yerusalem kɔ hɔ bɛyɛ akwansin abien no kurotia. Nna kakraa bi pɛ ni a Lasaro wui ma wosiee no, na ne nuabeanom Maria ne Marta da so ara regyam no, na na nnipa pii aba wɔn fie sɛ wɔrebɛkyekye wɔn werɛ.

Bere a wɔda so ara regyam no no, obi bɔ Marta amanneɛ sɛ Yesu reba. Enti ofi adi ntɛm kohyia no a ɛda adi sɛ wanka ho hwee ankyerɛ ne nua no. Bere a Marta reba Yesu nkyɛn no, oti̇̃ nea ebia ɔne ne nuabea no aka mpɛn pii wɔ nnanan a atwam no mu ka sɛ: “Sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu.”

Nanso Marta da anidaso adi, na ɔka sɛ Yesu betumi ayɛ biribi ama ne nua no. Ose: “Minim sɛ biribiara a wubebisa Onyankopɔn no, Onyankopɔn bɛma wo.”

Yesu hyɛ bɔ sɛ: “Wo nua no bɛsɔre bio.”

Marta te Yesu asɛm no ase sɛ ɔreka asase so owusɔre a ɛbɛba daakye a Abraham ne Onyankopɔn nkoa afoforo nso hwɛɛ kwan no ho asɛm. Enti Marta bua sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre.”

Nanso Yesu de anidaso a ɛma wonya ahomeka ntɛm ara ma, na obua sɛ: “Mene sɔre ne nkwa.” Ɔkae Marta sɛ Onyankopɔn ama no owu so tumi bere a ɔka eyi no: “Nea ogye me di no, sɛ wawu mpo a, obenya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da.”

Na ɛnyɛ sɛ Yesu reka akyerɛ Marta sɛ nnipa anokwafo a na wɔte ase saa bere no renwu da. Dabi, na mmom na ɔkyerɛ sɛ ne mu gyidi a obi nya no betumi ama wanya daa nkwa. Nnipa pii benya nkwa a ɛte saa esiane sɛ wobenyan wɔn da a edi akyiri no nti. Nanso afoforo a wodi nokware no benya nkwa wɔ asase so nneɛma nhyehyɛe yi awiei, na Yesu nsɛm yi bɛba mu wɔ honam fam ankasa wɔ saafo no fam. Wɔrenwu da! Bere a Yesu ka anwonwasɛm yi akyi no, obisa Marta sɛ: “Wugye eyi di anaa?”

Obua sɛ: “Yiw, Awurade, migye midi sɛ wone Kristo no, Onyankopɔn ba a ɔreba wiase no.”

Afei Marta yɛ ntɛm san n’akyi kɔfrɛ ne nuabea no na ɔka kyerɛ no kokoam sɛ: “Kyerɛkyerɛfo no aba na ɔfrɛ wo.” Maria fi fie hɔ ntɛm ara. Bere a afoforo hu sɛ ɔrekɔ no wodi n’akyi a na wosusuw sɛ ɔrekɔ ɔda no so.

Bere a Maria du Yesu nkyɛn no, ɔde osu hwe ne nan ase. Ose: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua anwu.” Bere a Yesu hu sɛ Maria ne nnipadɔm a wodi n’akyi no resu no, ɛka ne koma yiye. Obisa sɛ: “Ɛhe na mode no toe?”

Wobua sɛ: “Awurade, bra bɛhwɛ!”

Yesu nso su na ɛma Yudafo no ka sɛ: “Hwɛ ɔdɔ a ɔdɔ no!”

Ebinom kae sɛ ná Yesu abue aberante bi a wɔwoo no onifuraefo no ani wɔ Asese Afahyɛ no ase wɔ asram kakraa bi a na atwam no mu na wobisa sɛ: “Oyi a obue onifuraefo no ani no, so wantumi ammã amma sɛ anka oyi nso anwu?” Yohane 5:21, 6:40; 9:1–7; 11:17–37.

▪ Awiei koraa no, bere bɛn na Yesu du Betania, na na tebea no te dɛn wɔ hɔ?

▪ Nnyinaso bɛn na Marta wɔ a ɛma ogye owusɔre di no?

▪ Lasaro wu no ka Yesu dɛn?