Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Oyima ne Ɔkyere

Oyima ne Ɔkyere

Ti 118

Oyima ne Ɔkyere

ƆDASUM apa ho koraa bere a Yuda di asraafodɔm, ne asɔfo mpanyin, Farisifo, ne afoforo anim ba Getsemane turom hɔ no. Asɔfo no apene so sɛ wɔbɛma Yuda nnwetɛbona 30 na wayi Yesu ama.

Mfiase no, bere a wɔpam Yuda fii Twam adidi no ase no, ɛda adi sɛ ɔkɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn tee. Eyinom boaboaa wɔn ankasa mpanyimfo, ne asraafo dɔm ano ntɛmntɛm. Ebia Yuda dii kan de wɔn kɔɔ faako a Yesu ne nʼasomafo no dii Twam no. Bere a wohui sɛ wɔafi hɔ no, dɔm kɛse a wokurakura akode ne akanea ne agyatɛn no dii Yuda akyi ma wofii Yerusalem na wotwaa Kidron Bon no.

Bere a Yuda di santen no anim na wɔforo Ngo Bepɔw no, ɔte nka yiye sɛ onim faako a wobehu Yesu. Dapɛn a etwaam no mu, bere a na Yesu ne asomafo no di Betania ne Yerusalem akɔneaba no, na wotaa gyina Getsemane turo no mu home na wodi nkɔmmɔ. Nanso afei, bere a ebetumi aba sɛ Yesu da sum mu wɔ ngo nnua no ase no, ɛbɛyɛ dɛn na asraafo no ahu no? Ebi mpo a na wonhuu no da. Enti Yuda ma wɔn sɛnkyerɛnne, na ose: “Nea mefew nʼano no, ɔne no, monkyere no, na monhwɛ no yiye mfa no nkɔ!“

Yuda di nnipadɔm kɛse no anim de wɔn kɔ turo no mu, ohu Yesu ne nʼasomafo no, na ɔkɔ ne nkyɛn tee. Ose: “Rabi, mmo!“ na ofew nʼano.

Yesu bua sɛ: “Damfo, wobaa ha bɛyɛɛ dɛn?“ Afei, bere a obua nʼankasa asemmisa no, ose: “Yuda, wode mfewano na ɛreyi onipa ba no ama?“ Nanso nea waka akyerɛ ne oyimafo no ara dɔɔso! Yesu fi adi ba gyatɛn ne akanea a ɛredɛw no hann mu na obisa sɛ: “Mohwehwɛ hena?“

Mmuae no ba sɛ: “Yesu, Nasareni no.“ Bere a Yesu de akokoduru gyina wɔn nyinaa anim no, obua sɛ: “Mini!“ Bere a nʼakokoduru no ama mmarima no ho adwiriw wɔn na wonhu nea wɔnhwɛ kwan no, wopini nkyirinkyiri na wɔhwehwe ase.

Yesu toa so bɔkɔɔ sɛ: “Maka makyerɛ mo sɛ mini; enti sɛ me na mohwehwɛ me a, momma eyinom nkɔ!“ Bere tiaa bi ansa na eyi reba, wɔ abansoro dan no mu no, Yesu ka kyerɛɛ nʼAgya wɔ mpaebɔ mu sɛ wahwɛ nʼasomafo anokwafo no so na wɔn mu biako mpo anyera “gye ɔsɛe ba no.“ Enti, nea ɛbɛyɛ na nʼasɛm no bɛbam no, obisa sɛ wɔmma nʼakyidifo no nkɔ.

Bere a asraafo no ani ba wɔn ho so, wɔsɔre gyina, na wofi ase sɛ wɔkyekyere Yesu no, asomafo no hu nea ɛreba no. Wobisa sɛ: “Awurade, yɛmmobɔ wɔn nkrante anaa?“ Ansa na Yesu bɛma mmuae no, Petro a okura nkrante abien a asomafo no de bae no biako no twe wɔ Malko a ɔyɛ ɔsɔfo panyin akoa no so. Petro nkrante no fom akoa no ti nanso etwa nʼaso nifa.

Bere a Yesu siw ano no, ɔka sɛ: “Momma ɛnso ha ara!”

Ɔde ne nsa ka aso no na ɔsa kuru no. Afei ɔkyerɛ asuade bi a ɛho hia, na ɔhyɛ Petro sɛ: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu. Anaasɛ wususuw sɛ anka mintumi mensrɛ mʼagya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafotow dumien ne akyiri mmegyina me ho?“

Yesu wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛkyere no, efisɛ ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na Kyerɛwnsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?“ Na ɔde ka ho sɛ: “Kuruwa a mʼagya de ama me no, mennom anaa?“ Ɔpene nʼAgya apɛde a ɔwɔ ma no no so koraa!

Afei Yesu kasa kyerɛ nnipadɔm no. Obisa sɛ: “Moaba sɛnea moreba odwowtwafo so de nkrante ne mmaa rebɛkyere me? Metraa asɔrefi mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankyere me. Na eyi nyinaa aba na nea adiyifo no kae kyerɛw nsɛm mu no aba mu.”

Ɛno na afei asraafo dɔm no ne asraafo panyin no ne Yudafo mpanyimfo no susoo Yesu mu na wɔkyekyeree no. Asomafo no hu eyi no, wogyaw Yesu na woguan. Nanso, aberante bi—ɛbɛyɛ sɛ osuani Marko—ka nnipadɔm no mu. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ faako a Yesu dii Twam no na ɛno akyi no ofii hɔ dii nnipadɔm no akyi. Nanso afei, wohu no, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyere no. Nanso ogyaw ne nnwera ntama no na oguan. Mateo 26:47-56; Marko 14:43-52; Luka 22:47-53; Yohane 17:12; 18:3-12.

▪ Dɛn nti na na Yuda te nka yiye sɛ obehu Yesu wɔ Getsemane turo no mu?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu da no adi sɛ odwen nʼasomafo no ho?

▪ Dɛn na Petro yɛ sɛ ɔde rebɔ Yesu ho ban, nanso dɛn na Yesu ka kyerɛ Petro wɔ eyi ho?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu da no adi sɛ ɔpene nʼAgya apɛde a ɔwɔ ma no no so koraa?

▪ Bere a asomafo no guan gyaw Yesu no, hena na ɔka hɔ, na dɛn na ɛto no?