Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Samariani Ɔyamyefo

Samariani Ɔyamyefo

Ti 73

Samariani Ɔyamyefo

EBIA na Yesu bɛn Betani, akuraa bi a efi hɔ kɔ Yerusalem yɛ akwansin abien. Ɔbarima bi a onim Mose mmara yiye bebisa no sɛ: “Kyerɛkyerɛfo menyɛ dɛn na manya daa nkwa?”

Yesu hu sɛ ɔbarima no, mmaranimfo no, ɛnyɛ sɛ ɔpɛ sɛ ohu ara kwa, na mmom ɔpɛ sɛ ɔsɔ no hwɛ. Ebia na mmaranimfo no botae ne sɛ ɔbɛma Yesu ama mmuae wɔ ɔkwan a ɛne Yudafo no adwene nhyia so. Enti Yesu ma mmaranimfo no tõtõ ne ho ano, obisa sɛ: “Dɛn na wɔakyerɛw mmara no mu? Wokan no dɛn?”

Mmuaema mu no, mmaranimfo no de nhumu di dwuma na ɔfa Onyankopɔn mmara a ɛwɔ Deuteronomium 6:5 ne Leviticus 19:18 no ka sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Yesu bua sɛ: “Woabua no yiye; yɛ eyi na wubenya nkwa.”

Nanso mmaranimfo no koma ntɔ ne yam. Yesu mmuae no mu nna hɔ mma no. Ɔpɛ sɛ Yesu si so dua ma no sɛ n’ankasa adwene teɛ ne sɛ odi bem wɔ sɛnea ɔyɛ afoforo no mu. Enti obisa sɛ: “Na hena ne me yɔnko?”

Yudafo no gye di sɛ asɛmfua “ɔyɔnko” no fa mfɛfo Yudafo nkutoo ho sɛnea ɛte sɛ asɛm a ɛwɔ Leviticus 19:18 no kyerɛ no. Nokwarem no, akyiri yi ɔsomafo Petro mpo kae sɛ: “Mo ara munim sɛnea Yudani nni ho kwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn.” Enti mmaranimfo no, ne ebia Yesu asuafo no nso, gye di sɛ sɛ woyi ayamye adi kyerɛ wɔn mfɛfo Yudafo no nkutoo a na ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ atreneefo, efisɛ wosusuw sɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo no nnyɛ wɔn yɔnkonom ankasa.

Ɔkwan bɛn so na Yesu bɛteɛ wɔn adwene yi a empira n’atiefo no? Ɔka asɛm a ebia esii ankasa bi kyerɛ wɔn. Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “[Yudani] bi fi Yerusalem sian kɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akwanmukafo mu, na wɔpaa ne ho ntama bobɔɔ no afɛ gyaw no kɔe a watɔ beraw.”

Yesu toa so sɛ: “Na ɛbae sɛ ɔsɔfo bi bɛfaa ɔkwan no so; na obehuu no no, otwaa ne ho kɔe. Saa ara nso na Lewini bi a ɔbaa hɔnom, obehuu no no, otwaa ne ho kɔe. Na Samariani bi a ɔnam ne kwan baa nea ɔwɔ hɔ, na ohuu no no, ne yam hyehyee no.”

Asɔfo ne Lewifo a wɔboa wɔn wɔ asɔrefi hɔ no mu pii te Yeriko a ɛyɛ akwansin 14 a ɛyɛ ɔkwan a ɛso yɛ hu na esian anammɔn 3,000 fi beae a wɔsom wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ. Na wɔhwɛ kwan sɛ ɔsɔfo no ne Lewini no bɛboa wɔn yɔnko Yudani a ɔwɔ amanehunu mu no. Nanso wɔanyɛ. Mmom no, Samariani bi yɛ saa. Yudafo no tan Samariafo no ara ma ɛnkyɛe koraa na na wɔde asɛm “Samariani” no afrɛ Yesu de ayaw no.

Dɛn na Samariani no yɛ de boa Yudani no? Yesu ka sɛ: “Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔkyekyeree n’akuru no de ngo ne nsa guguu mu, na ɔde no traa n’ankasa aboa so de no kɔɔ ahɔhodan mu kɔhwɛɛ no. Na ade kyee a ɔrekɔ no, oyii denare abien [bɛyɛ nannu akatua] de maa ahɔhodan mu panyin no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ no, na biribiara a wobɛhwere aka ho no, mesan meba a, mɛhyɛ wo mu.”

Bere a Yesu ka asɛm no wie no, obisa mmaranimfo no sɛ: “Afei wɔn baasa yi mu hena na wususuw sɛ wayɛ nea ɔkɔtɔɔ akwanmukafo mu yi yɔnko?”

Mmaranimfo a ɔmpɛ sɛ ɔka Samariani ho asɛmpa no maa mmuae tiaa sɛ: “Nea ohuu no mmɔbɔ no.”

Yesu de asɛm no baa awiei sɛ: “Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara!”

Sɛ Yesu kyerɛɛ mmaranimfo no tee sɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo nso yɛ ne yɔnkonom a, anka ɛnyɛ sɛ ɔbarima no rente ase nko na mmom atiefo no mu pii ne no bɛkɔ afã wɔ wɔne Yesu nkɔmmɔbɔ no mu. Nanso, asɛm a ebia esii ankasa yi ma ɛda adi nokwarem sɛ nnipa a wɔnyɛ yɛn abusua ne yɛn man mufo nso yɛ yɛn yɔnkonom. Nkyerɛkyerɛ kwan a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na Yesu wɔ no sɛɛ yi! Luka 10:25–37; Asomafo no Nnwuma 10:28; Yohane 4:9; 8:48.

▪ Nsɛm bɛn na mmaranimfo no bisa Yesu, na ɛda adi sɛ n’atirimpɔw wɔ nea obisae no ho ne dɛn?

▪ Henanom na Yudafo no gye di sɛ wɔne wɔn yɔnkonom, na ntease bɛn na ɛkyerɛ sɛ na asuafo no mpo wɔ saa adwene yi bi?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu ma adwene a ɛteɛ no da adi a mmaranimfo no antumi ammɔ angu?