Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Na Yohane Nni Gyidi?

So Na Yohane Nni Gyidi?

Ti 38

So Na Yohane Nni Gyidi?

WƆKA Nain okunafo no ba owusɔre ho asɛm kyerɛ Osuboni Yohane a wɔde no ato afiase bɛyɛ afe ni no. Nanso Yohane pɛ sɛ ɔte nea eyi kyerɛ no fi Yesu nkyɛn tee, enti ɔsoma n’asuafo no mu baanu ma wokobisa sɛ: “Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?”

Ebia ɛno bɛyɛ asemmisa a ɛyɛ nwonwa, titiriw esiane sɛ Yohane hui sɛ Onyankopɔn honhom sian baa Yesu so na ɔtee Onyankopɔn mpeneso nne bere a wɔbɔɔ Yesu asu bɛyɛ mfe abien a atwam no nti. Ebia Yohane asemmisa no bɛma ebinom aka sɛ ne gyidi ayɛ mmerɛw. Nanso ɛnte saa. Sɛ na Yohane afi ase gye akyinnye a, anka Yesu renkamfo no sɛnea ɔyɛ wɔ ha yi. Ɛnde dɛn nti na Yohane bisa asɛm yi?

Ebia na nea Yohane pɛ ara ne sɛ ɔbɛte afi Yesu hɔ sɛ Ɔne Mesia no. Na eyi bɛhyɛ Yohane a ohu amane wɔ afiase no den kɛse. Nanso ɛda adi sɛ Yohane asemmisa no hwehwɛ nea ɛsen saa. Ɛda adi sɛ na ɔpɛ sɛ ohu sɛ obi foforo reba a sɛnea yɛbɛka no, ɔyɛ ɔdedifo a ɔbɛma nneɛma a wɔkae sɛ Mesia no bɛyɛ nyinaa anya mmamu koraa.

Sɛnea Bible nkɔmhyɛ a Yohane nim kyerɛ no, Nea Onyankopɔn Asra no no bɛyɛ ɔhene, ogyefo. Nanso, Yohane da so ara yɛ ɔdeduani, wɔ Yesu asubɔ akyi asram pii mpo. Enti akyinne biara nni ho sɛ Yohane bisa Yesu sɛ ‘So ɛyɛ nokware sɛ wone nea ɔbɛhyehyɛ Onyankopɔn Ahenni no wɔ honam mu no ankasa, anaasɛ ɔfoforo wɔ hɔ, ɔdedifo a ɛsɛ sɛ yɛtwɛn no na wama Mesia no anuonyam ho nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa no nyinaa anya mmamu no?’

Sɛ anka Yesu bɛka akyerɛ Yohane asuafo no sɛ ‘Nokware mene nea ɔreba!’ no, dɔn no mu ara ɔsa nnipa pii yare, ɔsa wɔn nyarewa ahorow pii. Afei ɔka kyerɛ asuafo no sɛ: “Monkɔ nkɔka nea moahu ne nea moate nkyerɛ Yohane sɛ: Anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm, awufo nyan, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafo.”

Ɔkwan foforo so no, Yohane asemmisa no betumi akyerɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ Yesu bɛyɛ nea ɛsen nea ɔyɛ no na ebia ama wɔayi ɔno Yohane ankasa afi afiase. Nanso, Yesu ka kyerɛ Yohane sɛ ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ nea ɛboro anwonwade ahorow a Yesu yɛ no kwan.

Bere a Yohane asuafo no kɔ no, Yesu ka kyerɛ nkurɔfokuw no sɛ Yohane ne Yehowa “bɔfo” a wɔahyɛ ne ho nkɔm wɔ Malaki 3:1 no, na ɔno ara ne odiyifo Elia a wɔahyɛ ne ho nkɔm wɔ Malaki 4:5, 6 no. Enti ɔkamfo Yohane sɛ ɔne tete odiyifo biara yɛ pɛ na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nokware mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane suboni; nanso nea ɔyɛ aketewa koraa ɔsoro ahenni mu no yɛ kɛse sen no. Na efi osuboni Yohane bere so besi nnɛ, wɔyɛ ɔsoro ahenni ho ade abran so.”

Ɛha no Yesu kyerɛ sɛ Yohane renkɔ ɔsoro Ahenni no mu, efisɛ wɔn mu ketewa yɛ kɛse sen Yohane. Yohane na osiesiee ɔkwan maa Yesu nanso owui ansa na Kristo sɔw apam, anaasɛ nhyehyɛe a ɔne n’asuafo yɛe sɛ wɔbɛyɛ ne yɔnko adedifo wɔ n’ahenni mu no ano. Enti na Yesu ka sɛ Yohane renkɔ Ahenni no mu. Mmom no Yohane bɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no akoa wɔ asase so. Luka 7:18-30; Mateo 11:2-15.

▪ Dɛn nti na Yohane bisa sɛ Yesu ne Nea Ɔreba no anaasɛ ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ɔfoforo kwan no?

▪ Nkɔmhyɛ ahorow bɛn na Yesu ka sɛ Yohane ma enyaa mmamu?

▪ Dɛn nti na Osuboni Yohane no renka Yesu ho nkɔ soro?