Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔ Galilea Po Ho

Wɔ Galilea Po Ho

Ti 130

Wɔ Galilea Po Ho

AFEI asomafo no san ba Galilea, sɛnea na Yesu adi kan ahyɛ sɛ wɔnyɛ no. Nanso na wonnim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ hɔ. Bere bi akyi no, Petro ka kyerɛ Toma, Natanael, Yakobo, ne ne nua Yohane, ne asomafo afoforo baanu sɛ: “Merekɔ po.”

Baasia no bua sɛ: “Yɛn nso, yɛne wo bɛkɔ.”

Anadwo mũ no nyinaa no, wɔanyi hwee. Nanso, bere a anim retetew pɛ, Yesu ba mpoano hɔ, nanso asomafo no anhu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɔteɛm sɛ: ‘Mma nkumaa, moanya nam anaa?’

Wɔteɛm wɔ nsu no so sɛ: “Dabi.”

Ose: “Momfa asawu no ngu ɔkorow no nifa, na mubenya bi.” Bere a wɔyɛ saa no, wontumi ntwetwe wɔn asawu no esiane mpataa dodow a ɛwom no nti.

Yohane teɛm sɛ: “Ɛyɛ Awurade!”

Petro te saa no, ɔde ne soro atade si n’asen, efisɛ na ɔnhyɛ hwee na ɔtɔ po no mu guare bɛyɛ basafa ɔha ba mpoano. Asomafo a wɔaka no di n’akyi wɔ ɔkorow ketewa no mu, na wɔtwe ɔkorow a mpataa ayɛ mu ma no.

Bere a wodu mpoano no, na nnyansramma wɔ hɔ a mpataa gu so, na na abodoo wɔ hɔ. Yesu se: “Momfa nam a muyii mprempren no bi mmra!” Petro kɔ ɔkorow no mu na ɔtwe asawu no ba mpoano. Na mpataa akɛse 153 wom!

Yesu frɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛka mo ano.”

Obiara annya akokoduru ammisa sɛ, “Woyɛ hena?” efisɛ na wɔn nyinaa nim sɛ ɛyɛ Yesu. Na eyi ne mpɛn ason a oyi ne ho adi kyerɛ wɔ ne wusɔre akyi, ne mprɛnsa so a oyi ne ho adi kyerɛ asomafo no sɛ kuw. Afei ɔma wɔn anɔpaduan, ɔma obiara abodoo ne apataa.

Bere a wodidi wie no, ebia Yesu hwɛ mpataa pii a wɔayi no na obisa Petro sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me sen eyinom?” Ebia ɔkyerɛ sɛ, So wopɛ mpataayi adwuma no kɛse sen adwuma a matete wo sɛ yɛ no?

Petro bua sɛ: “Wunim sɛ medɔ wo.”

Yesu bua sɛ: “Yɛn me nguammaa!”

Bio, obisa mprenu so sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me?”

Petro de anibere bua sɛ: “Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo.”

Yesu hyɛ no bio sɛ: “Hwɛ me nguan!”

Afei, obisa ne mprensa so sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me?”

Afei Petro werɛ how. Ebia osusuw sɛ Yesu nnye ne nokwaredi nni. Anyɛ yiye koraa no, bere a na wɔredi Yesu asɛm a wɔbɛfa so akum no no, Petro paa no mprensa sɛ onnim no. Enti Petro ka sɛ: “Awurade, wunim ade nyinaa, wunim sɛ medɔ wo.”

Yesu hyɛ no mprensa so sɛ: “Yɛn me nguan.”

Enti Yesu de Petro di dwuma sɛ nhwɛso ma afoforo no nso hu adwuma a ɔpɛ sɛ wɔyɛ no. Ɛrenkyɛ na wafi asase so, na na ɔpɛ sɛ wodi kan wɔ som a wɔsom wɔn a wɔbɛtwetwe wɔn aba Onyankopɔn nguannan mu no mu.

Sɛnea wɔkyeree Yesu kum no esiane sɛ ɔyɛɛ adwuma a Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no nti, afei ɔda no adi saa ara sɛ amanehunu koro no ara bi bɛto Petro. Yesu ka kyerɛ no sɛ: “Woyɛ aberante no, wobɔ wo ho so, na wonam nea wopɛ; na wunya bɔ akora a, wobɛteɛ wo nsa, na obi abɔ wo so, na ɔde wo akɔ nea wompɛ.” Wɔ mogya dansefo wu a na Petro bewu nyinaa akyi no, Yesu hyɛ no nkuran sɛ: “Di m’akyi!”

Petro dan n’ani no, ohu Yohane na obisa sɛ: “Awurade, na oyi ɛ?”

Yesu bua sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ ɔtra hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho dɛn? Wo de, di m’akyi!” Asuafo no pii bɛtee Yesu nsɛm yi ase sɛ ɛkyerɛ sɛ ɔsomafo Yohane renwu da. Nanso, sɛnea ɔsomafo Yohane kyerɛkyerɛɛ mu akyiri yi no, Yesu anka sɛ ɔrenwu, na mmom Yesu kae kɛkɛ sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ ɔtra hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho dɛn?”

Akyiri yi, Yohane nso kae sɛ: “Na nneɛma pii wɔ hɔ nso a Yesu yɛe, ɛno na sɛ wɔkyerɛw ne nyinaa mmiako mmiako a, anka misusuw sɛ nhoma a wɔbɛkyerɛw no rensen wiase mpo.” Yohane 21:1-25; Mateo 26:32; 28:7, 10.

▪ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na asomafo no nnim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ Galilea?

▪ Ɛyɛɛ dɛn na asomfo no huu Yesu wɔ Galilea Po no ho?

▪ Mpɛn ahe na afei Yesu ayi ne ho adi akyerɛ wɔ ne wusɔre akyi?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu si nea ɔpɛ sɛ asomafo no yɛ so dua?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛ ɔkwan a Petro bɛfa so awu?

▪ Asɛm a Yesu ka fa Yohane ho bɛn na asuafo no pii ante ase?