Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔ Onyankopɔn Nifa

Wɔ Onyankopɔn Nifa

Ti 132

Wɔ Onyankopɔn Nifa

HONHOM kronkron no a wohwie gui wɔ Pentekoste no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu akodu ɔsoro. Anisoadehu a wɔde maa osuani Stefano wɔ ɛno akyi bere tiaa bi no nso kyerɛ sɛ Wakodu hɔ. Aka bere tiaa bi ma wɔasiw Stefano abo wɔ ne nokwaredi adansedi ho no, ɔteɛm sɛ: “Hwɛ, mihu soro sɛ abue, na onipa Ba no gyina Onyankopɔn nifa.”

Bere a Yesu wɔ Onyankopɔn nifa no, na otwɛn ahyɛde a efi n’Agya hɔ yi: “Di hene w’atamfo mfinimfini!” Nanso ansa na ɔbɛyɛ ade atia n’atamfo no, dɛn na Yesu yɛ? Odi n’asuafo a wɔasra wɔn no so, ɔkyerɛ wɔn kwan wɔ wɔn asɛnka adwuma mu, na osiesie wɔn na wɔabɛyɛ ne mfɛfo ahemfo wɔ n’Agya Ahenni mu denam owusɔre so.

Sɛ nhwɛso no, Yesu paw Saulo (akyiri yi na wɔde ne Romafo din, Paulo na ɛfrɛ no) sɛ onni asuafoyɛ adwuma no anim wɔ nsase afoforo so. Saulo bɔ Onyankopɔn Mmara ho mmɔden, nanso na Yudafo nyamesom akannifo no daadaa no. Enti, ɛnyɛ sɛ Saulo penee Stefano kum no so nko, na mmom ɔde tumi krataa fi ɔsɔfo panyin Kaiafa nkyɛn kɔ Damasko sɛ ɔkɔkyere mmarima ne mmea biara a wɔyɛ Yesu akyidifo, a ohu wɔn wɔ hɔ no de wɔn asan aba Yerusalem nso. Nanso, bere a Saulo nam kwan mu rekɔ no, hann bi a ɛhyerɛn twa ne ho hyia mpofirim na ɔhwe fam.

Obi a wonhu no nne bisa sɛ: “Saulo, Saulo, adɛn na wotaa me?” Saulo bisa sɛ: “Ɛyɛ wo hena, awura?”

Obua sɛ: “Ɛyɛ me Yesu a wotaa no no.”

Yesu ka kyerɛ Saulo a anwonwa kwan so hann no ama n’ani afura no sɛ ɔnkɔ Damasko na ɔnkɔtwɛn ahyɛde ahorow wɔ hɔ. Afei Yesu yi ne ho adi kyerɛ Anania, ne suani biako wɔ anisoadehu mu. Yesu ka Saulo ho asɛm kyerɛ Anania sɛ: “Oyi ne ade a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim.”

Nokwarem no, ɛdenam Saulo (afei wɔfrɛ no Paulo) ne asɛmpakafo afoforo no akyi a Yesu gyina so no, wɔsow aba pii wɔ wɔn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu. Nokwarem no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Paulo wɔ Damasko kwan so akyi bɛyɛ mfe 25 no, Paulo kyerɛwee sɛ “asɛmpa” no “wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu.”

Mfe pii akyi no, Yesu de anisoadehu ahorow maa ɔsomafo a ɔdɔ no, a ɔne Yohane no. Ɛdenam anisoadehu ahorow a Yohane ka ho asɛm wɔ Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm mu no so no, ɔtra ase hu sɛ Yesu asan aba wɔ Ahenni tumi mu. Yohane ka sɛ ‘wɔnam honhom so’ de no kɔɔ “Awurade da” no mu wɔ bere a ɛsɛ mu. Dɛn ne “da” yi?

Bible nkɔmhyɛ ahorow a Yesu ankasa nkɔmhyɛ a ɛfa nna a edi akyiri no ho ka ho, da no adi sɛ “Awurade da no” fii ase wɔ afe 1914 a ɛyɛ abakɔsɛm mu bere titiriw no mu, yiw wɔ awo ntoatoaso yi mu! Enti 1914 na Yesu san bae a aniwa anhu, na amanfo ahurusidi nka ho, na ne nkoa anokwafo nkutoo na na wonim sɛ wasan aba. Saa afe no Yehowa de ahyɛde maa Yesu sɛ onkodi nkonim n’atamfo mfinimfini!

Bere a Yesu redi n’Agya ahyɛde so no, ɔpam Satan ne n’ahonhommɔne fi soro, na ɔtow wɔn kyene asase so. Yohane hui sɛ eyi asi wɔ ɔsoro akyi no, ɔte sɛ ɛnne bi a efi soro pae mu ka sɛ: “Afei nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn de, na ahoɔden ayɛ Kristo no dea.” Yiw, 1914 na Kristo fii ase dii tumi sɛ Ɔhene!

Hwɛ asɛmpa ara a eyi yɛ ma Yehowa asomfo a wɔwɔ ɔsoro no! Wɔhyɛɛ wɔn sɛ: “Mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam.” Na wɔn a wɔte asase so no tebea bɛyɛ dɛn? Ɛnne a efi soro no toa so sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”

Yɛwɔ saa bere tiaa no mu mprempren. Mprempren wɔrepaapae nnipa mu de wɔn akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu anaasɛ wɔasɛe wɔn. Nokwasɛm no ne sɛ nea woyɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔreka wɔ asase so wɔ Kristo akwankyerɛ ase no ho na mprempren ɛkyerɛ nea wo daakye bɛyɛ.

Sɛ wowie nnipa mu a wɔrepaapae no a, Yesu Kristo bɛsom sɛ Onyankopɔn Nanmusifo na wayi Satan nneɛma nhyehyɛe mũ no nyinaa ne n’akyigyinafo nyinaa afi asase no so. Yesu beyi nsɛmmɔnedi yi nyinaa afi hɔ wɔ ɔko a wɔfrɛ no wɔ Bible mu sɛ Harmagedon, anaasɛ Armagedon no mu. Ɛno akyi no, Yesu, Onipa a ɔsen biara wɔ amansan no mu a ɔno na odi Yehowa Nyankopɔn ankasa akyi no bɛkyere Satan ne n’ahonhommɔne na wakyekyere wɔn mfirihyia apem wɔ “bun” mu, kyerɛ sɛ wɔ tebea a wɔnyɛ hwee wom mu te sɛ owu. Asomafo no Nnwuma 7:55-60; 8:1-3; 9:1-19; 16:6-10; Dwom 110:1, 2; Hebrifo 10:12, 13; 1 Petro 3:22; Luka 22:28-30; Kolosefo 1:13, 23; Adiyisɛm 1:1, 10; 12:7-12; 16:14-16; 20:1-3; Mateo 24:14; 25:31-33.

▪ Yesu foro kɔ soro akyi no, ɔkɔtra he, na dɛn na ɔtwɛn?

▪ Na henanom so na Yesu di tumi bere a ɔforo kɔɔ soro no akyi, na ne nniso no daa adi dɛn?

▪ “Awurade da no” fii ase bere bɛn, na dɛn na esii wɔ ne mfiase?

▪ Mpaapaemu adwuma a wogu so reyɛ nnɛ bɛn na ɛka yɛn mu biara, na dɛn so na wogyina yɛ mpaapaemu no?

▪ Sɛ wowie mpaapaemu adwuma no a, nsɛm bɛn na ebesisi wɔ akyi?