Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔantumi Ankyere No

Wɔantumi Ankyere No

Ti 67

Wɔantumi Ankyere No

BERE a Asese Afahyɛ no rekɔ so no, nyamesom akannifo no soma polisifo mpanyimfo sɛ wɔnkɔkyere Yesu. Ɔmmɔ mmɔden sɛ ɔde ne ho besie. Mmom no Yesu kɔ so kyerɛkyerɛ wɔ baguam sɛ: “Mewɔ mo nkyɛn bere tiaa bi, na merebɛkɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me; na nea mewɔ no, mo de, muntumi mma hɔ.”

Yudafo no nte ase nti wobisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ: “Ɛhe na oyi rebɛkɔ a yɛrenhu no? So ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafo mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafo? Asɛm bɛn na ɔka yi sɛ: Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me, na nea mewɔ no, mo de, muntumi mma hɔ?” Nokwarem no, na Yesu reka ne wu ne ne wusɔre a ɛbɛma wakɔtra soro beae a n’atamfo no rentumi nkɔ hɔ a ɛrebɛn no ho asɛm.

Da a ɛto so ason a ɛyɛ afahyɛ no da a etwa to no du. Anɔpa biara wɔ afahyɛ no mu no, ɔsɔfo hwie nsu a ɔsaw fi Siloam Ɔtare mu gu ma ɛsen kɔ afɔremuka no ase. Yesu teɛm sɛ: “Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn mmɛnom [nsu]! Sɛnea kyerɛwsɛm no ka no; nea ogye me di no, nkwa asubɔnten bɛsen afi ne yam,” akyinnye biara nni ho sɛ ɔde eyi kae nkurɔfo no saa amane a wɔyɛ no daa no.

Nokwarem no, ɛha no na Yesu reka nea ebefi honhom kronkron a wobehwie agu no mu aba ankasa no ho asɛm. Afe a edii hɔ no honhom kronkron a wohwie gu yi ba wɔ Pentekoste bere mu. Ɛhɔ no, nkwa nsubɔnten sen bere a asuafo 120 fi ase kasa kyerɛ nkurɔfo no. Nanso, ansa na ɛno bɛba no, na honhom biara nni hɔ, a nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔmfaa honhom kronkron nsraa Kristo asuafo no mu biara sɛ obi a wɔafrɛ no kɔ soro ɛ.

Yesu nkyerɛkyerɛ no ma ebinom fi ase ka sɛ: “Odiyifo no ni ampa!” akyinnye biara nni ho sɛ na wɔreka Odiyifo a ɔsen Mose a na wɔahyɛ ne ho bɔ sɛ ɔbɛba no ho asɛm. Afoforo ka sɛ: “Kristo no ni!” Nanso afoforo gye ho akyinnye sɛ: “So Kristo no befi Galilea nen? Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem a Dawid traa hɔ no mu na Kristo no befi?”

Enti mpaapaemu ba nkurɔfo no mu. Ebinom pɛ sɛ wɔkyere Yesu, nanso obiara mfa ne nsa anka no. Bere a polisifo mpanyimfo no san bae a Yesu nka ho no, ɔsɔfo panyin no ne Farisifo no bisa sɛ: “Dɛn nti na moamfa no amma? Polisifo mpanyimfo no bua sɛ: “Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da.” Nyamesom akannifo a wɔn bo afuw no de fɛwdi, dinsɛe ne animtiaabu di dwuma. Wɔka sɛ: “So wɔadaadaa mo nso? Mpanyimfo anaa Farisifo no mu bi agye no adi anaa? Na nkurɔfokuw yi a wonnim Mmara no, wɔadome wɔn!”

Ɛha no, Nikodemo a ɔyɛ Farisini ne Yudafo panyin bi (kyerɛ sɛ, Sanhedrin no muni), kasa maa Yesu. Ebia wokae sɛ mfe abien ne fã a atwam no, Nikodemo baa Yesu nkyɛn anadwo bɛdaa gyidi a ɔwɔ wɔ ne mu no adi. Afei Nikodemo ka sɛ: “Yɛn mmara ntiee onipa, nhuu nea ɔyɛ ansa a, ebu no atɛn?”

Farisifo no bo fuw kɛse sɛ wɔn mu biako gyina Yesu akyi. Wɔde abufuw kae sɛ: ‘Asɛ wo nso wufi Galilea? Hwehwɛ mu, na wubehu sɛ odiyifo biara nsɔree Galilea pɛn.’

Ɛwom sɛ Kyerɛwnsɛm no nka no tee sɛ odiyifo bi befi Galilea de nanso ɛka sɛ Kristo no fi hɔ sɛ wobehu “hann bi” wɔ saa ɔmantam no mu. Afei bio, wɔwoo Yesu wɔ Betlehem, na ɔyɛ Dawid aseni. Bere a ɛda adi sɛ Farisifo no nim eyi no, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn na wɔmaa Yesu ho adwen horow a ɛnteɛ a nkurɔfo wɔ no trɛwee. Yohane 7:32–52; Yesaia 9:1, 2; Mateo 4:13–17.

▪ Dɛn na esi wɔ afahyɛ no anɔpa biara, na ɔkwan bɛn so na ebia Yesu twe adwene si so?

▪ Dɛn nti na polisifo mpanyimfo no antumi ankyere Yesu, na nyamesom akannifo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

▪ Hena ne Nikodimo, adwene bɛn na ɔwɔ wɔ Yesu ho, na ne mfɛfo Farisifo no yɛ no dɛn?

▪ Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ na Kristo no befi Galilea?