Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔawo Ɔkwan Siesiefo No

Wɔawo Ɔkwan Siesiefo No

Ti 3

Wɔawo Ɔkwan Siesiefo No

AKA kakraa na Elisabet awo. Maria atra ne nkyɛn bɛyɛ asram abiɛsa a atwam no mu. Nanso afei bere adu sɛ Maria kra no na otwa kwan tenten san kɔ fie wɔ Nasaret. Aka bɛyɛ asram asia na ɔno nso awo.

Maria kɔ akyi bere tiaa bi no, Elisabet wo. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ Elisabet atumi awo a hwee anyɛ ɔne abofra no nyinaa! Bere a Elisabet de abofra no kyerɛ n’afipamfo ne n’abusuafo no, wɔne no ani gye.

Sɛnea Onyankopɔn Mmara kyerɛ no, ɛsɛ sɛ wotwa Israelni abarimaa biara twetia bere a wanya nnawɔtwe no. Saa da yi, nnamfo ne abusuafo ba bɛsra wɔn. Wɔka sɛ ɛsɛ sɛ wɔde abofra no to n’agya Sakaria. Nanso Elisabet kasa. Ɔka sɛ: “Dabi, wɔmfrɛ no Yohane.” Kae, ɛno ne din a ɔbɔfo Gabriel kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔde frɛ abofra no.

Nanso, wɔn nnamfo kasa tia sɛ: “Obiara nni w’abusua mu a wɔfrɛ no saa.” Afei, wɔde sɛnkyerɛnne bisa n’agya edin a ɔpɛ sɛ wɔde frɛ abofra no. Ɛyɛ wɔn nyinaa nwonwa bere a Sakaria gye abopon bi na ɔkyerɛw so sɛ: “Ne din de Yohane” no.

Afei anwonwa kwan so no, Sakaria tumi kasa. Ebia wobɛkae sɛ bere a wannye ɔbɔfo no amanneɛbɔ a ɛne sɛ Elisabet bɛwo no anni no, ɔtɔɔ mum. Wiɛ, bere a Sakaria kasa no, wɔn a wɔtete mpɔtam hɔ no ho dwiriw wɔn na wɔka sɛ: “Ɛdɛn ara na abofraa yi rebɛyɛ?”

Afei honhom kronkron hyɛ Sakaria ma na ɔka sɛ: “Nhyira ne [Yehowa], Israel Nyankopɔn, efisɛ wabɛhwɛ na wagye ne man; na wama nkwagye abɛn so ama yɛn, n’abofra Dawid fi.” Nokwarem no, nkwagye a “abɛn” yi ne Awurade Yesu a wɔrebɛwo no no. Sakaria se Onyankopɔn nam ne so bɛma “wɔayi yɛn afi yɛn atamfo nsam, na yɛasom no a ehu nni mu, ahotew ne trenee mu wɔ n’anim, yɛn nna nyinaa.”

Afei Sakaria hyɛ ne ba Yohane ho nkɔm sɛ: “Na wo, abofraa yi, wɔbɛfrɛ wo ɔsorosoroni no diyifo; efisɛ wubedi [Yehowa] anim akosiesie n’akwan, na wode nkwagye ho nimdeɛ ama ne man, wɔn bɔne fafiri a efi yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyee a efi soro abepue yɛn so, sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owu sunsuma ase, na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoe kwan so.”

Saa bere yi, ɛda adi sɛ Maria a ɔda so ara yɛ ɔbea sigyani no akodu fie wɔ Nasaret. Sɛ wohu sɛ ɔyem a, dɛn na wɔbɛyɛ no? Luka 1:56–80; Leviticus 12:2, 3.

▪ Yohane sen Yesu panyin asram ahe?

▪ Yohane nyaa nnawɔtwe no, nsɛm bɛn na esisi?

▪ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man?

▪ Adwuma bɛn na wɔka ho asɛm sie sɛ Yohane bɛyɛ?