Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔde No Fi Pilato Hɔ kɔ Herode Anim San De No Ba Hɔ Bio

Wɔde No Fi Pilato Hɔ kɔ Herode Anim San De No Ba Hɔ Bio

Ti 122

Wɔde No Fi Pilato Hɔ kɔ Herode Anim San De No Ba Hɔ Bio

ƐWOM sɛ Yesu mmɔ mmɔden sɛ ɔde ɔhene a ɔyɛ no behintaw Pilato de, nanso ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ n’ahenni no nsɔre ntia Roma. Yesu ka sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.” Enti Yesu ka mprɛnsa sɛ ɔwɔ Ahenni, nanso emfi asase so.

Nanso, Pilato bisa no bio sɛ: “Na woyɛ ɔhene nen?” Kyerɛ sɛ, woyɛ ɔhene, nanso w’ahenni no nyɛ wiase yi fa?

Yesu ma Pilato hu sɛ waka nea ɛteɛ, na obua sɛ: “Wo na woka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.”

Yiw, asase so a Yesu wɔ no ho atirimpɔw ne sɛ obedi “nokware” no ho adanse, titiriw no n’Ahenni no ho nokware no. Yesu asiesie ne ho sɛ obekura ne mudi mu ama saa nokware no, sɛ ɛbɛma wahwere ne nkwa mpo a. Ɛwom sɛ Pilato bisa sɛ: “Dɛn ne nokware no?” de, nanso wantwɛn annye nkyerɛkyerɛmu foforo. Na wate nsɛm a ɛdɔɔso a obegyina so abu ntɛn.

Pilato san kɔ nnipadɔm a wɔretwɛn wɔ ahemfie no akyi no nkyɛn. Ɛda adi sɛ Yesu gyina ne nkyɛn, na ɔka kyerɛ asɔfo mpanyin no ne wɔn a wɔka wɔn ho no sɛ: “Minhu no mu afobusɛm biara.”

Esiane sɛ gyinaesi no hyɛ nnipadɔm no abufuw nti, wofi ase ka sɛ: “Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yuda man nyinaa mu, ofi ase Galilea na ɔde abedu ha yi.”

Ɛbɛyɛ sɛ Yudafo no kateeyɛ a ntease nnim no ma Pilato ho dwiriw no. Enti, bere a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no da so ara teɛteɛm no, Pilato dan n’ani kyerɛ Yesu na obisa sɛ: “Wonte nsɛm pii a wɔka gu wo so yi?” Nanso Yesu ammɔ mmɔden sɛ obebua. Komm a ɔyɛ wɔ anototo ntraso no mu no yɛ Pilato nwonwa.

Pilato hu sɛ Yesu yɛ Galileani no, ohu ɔkwan bi a ɔbɛfa so ade ne ho afi n’asɛyɛde ho. Na Galilea sodifo, Herode Antipa (Herode Ɔkɛseɛ no ba) wɔ Yerusalem rebedi Twam no, enti Pilato de Yesu kɔma no. Na Herode Antipa ama wɔatwa Yohane Osuboni no ti, na afei ehu kaa Herode bere a ɔtee anwonwade ahorow a Yesu yɛ no, na osuroe sɛ Yesu ne Yohane ankasa a wɔanyan no afi owu mu.

Afei, hokwan a Herode anya sɛ obehu Yesu no ama wanya anigye ntraso. Ɛnyɛ sɛ odwen Yesu yiyedi ho anaa ɔpɛ sɛ ɔbɔ mmɔden ankasa sɛ obehu sɛ sobo a wɔabɔ no no yɛ nokware anaa dabi nti na ɔyɛ saa. Mmom no ɔpɛ biribi ahu kɛkɛ, n’ani da so sɛ Yesu bɛyɛ anwonwade bi.

Nanso, Yesu anyɛ nea Herode ani da so no. Nokwarem no, bere a Herode bisabisa no nsɛm no, wammua. Esiane sɛ Herode annya nea ɔpɛ nti, ɔne n’asraafo a wɔwɛn no no di Yesu ho fɛw. Wɔhyɛ no atade hanahana bi, na wogoru ne ho. Afei wɔsan de no kɔma Pilato. Eyi nti, Herode ne Pilato a anka wɔyɛ atamfo no bɛyɛ nnamfo pa.

Bere a Yesu san ba no, Pilato frɛ asɔfo mpanyin, Yudafo sodifo ne nnipa no boa ano na ɔka sɛ: “Mode onipa yi abrɛ me sɛ obi a ɔsɛe ɔman; na hwɛ, mahwehwɛ no mu mo anim, na manhu nsɛm a mode totoo n’ano no mu afobusɛm biara onipa yi mu. Herode nso anhu; na ɔma wɔde no brɛɛ me, na hwɛ, ɔnyɛɛ akunne biara. Enti mɛhwe no, na magyaa no.”

Enti Pilato abu Yesu bem mprenu. Na ne ho pere no sɛ obegyaa no, efisɛ ohu sɛ anibere ara kwa nti na asɔfo no de no abrɛ no. Nanso bere a Pilato kɔ so bɔ mmɔden sɛ obegyaa Yesu no, ne nsa ka biribi a ɛkanyan no kɛse a ɛbɛma wayɛ saa. Bere a ɔte n’atemmu agua so no, ne yere de nkrasɛm brɛ no na ɔhyɛ no sɛ: “Mma asɛm biara mma wo ne onipa trenee no ntam; na ne nti mahu amane pii ɔdae [a ɛda adi sɛ efi soro] mu nnɛ.”

Nanso, ɔkwan bɛn so na Pilato begyaa ɔbarima a onni fɔ yi, sɛnea onim sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ no? Yohane 18:36-38; Luka 23:4-16; Mateo 27:12-14, 18, 19; 14:1, 2; Marko 15:2-5.

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu bua asemmisa a ɛfa n’ahenni ho no?

▪ Dɛn ne “nokware” a Yesu de n’asase so asetra dii ho adanse no?

▪ Atɛn bɛn na Pilato bu, na nnipa no yɛ wɔn ade wɔ ho dɛn, na dɛn na Pilato de yɛ Yesu?

▪ Hena ne Herode Antipa, na dɛn nti na n’ani gye mmoroso sɛ obehu Yesu, na ɔyɛ no dɛn?

▪ Dɛn nti na Pilato ho pere no sɛ obegyaa Yesu?