Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔde No Kɔma Hana, Ne Afei Kaiafa

Wɔde No Kɔma Hana, Ne Afei Kaiafa

Ti 119

Wɔde No Kɔma Hana, Ne Afei Kaiafa

WƆDE Yesu a wɔakyekyere no sɛ nsɛmmɔnedifo no kɔ Hana a na anka ɔyɛ ɔsɔfo panyin a ɔwɔ nkɛntɛnso no anim. Ná Hana yɛ ɔsɔfo panyin bere a Yesu a na wadi mfe 12 no maa rabifo akyerɛkyerɛfo no ho dwiriw wɔn wɔ asɔrefi hɔ no. Hana mma pii bɛyɛɛ asɔfo mpanyin akyiri yi, na mprempren n’ase Kaiafa na okura saa dibea no.

Ɛda adi sɛ wodi kan de Yesu kɔ Hana fi esiane bere tenten a ɔsɔfo panyin no de ayɛ onipa titiriw wɔ Yudafo nyamesom asetra mu no nti. Hana a wɔkɔ kohu no no ma Ɔsɔfo Panyin Kaiafa nya kwan boaboa Sanhedrin a ɛyɛ Yudafo asennibea kunini a emufo yɛ 71 no ne atoro adansefo ano.

Afei ɔsɔfo panyin Hana bisabisa Yesu nsɛm fa n’asuafo ne ne nkyerɛkyerɛ ho. Nanso, Yesu bua sɛ: “Me de, mekasae pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛe hyiadan mu ne asɔrefi, nea Yudafo nyinaa ahyia, na kokoam de menkaa hwee. Adɛn na wubisa me? Bisa wɔn a wɔtee ne nea mekaa wɔn; hwɛ, wɔn na wonim nea mekae.”

Ɔkaa saa no, asomfo a ogyina hɔ no mu biako bɔ Yesu sotɔre ka sɛ: “Sɛnea wubua ɔsɔfo panyin ni?”

Yesu bua sɛ: “Sɛ maka no bɔne a, di bɔne no ho adanse; na sɛ eye a, adɛn nti na wobɔɔ me?” Saa nsɛm a woyiyi yi akyi no, Hana ma wɔde Yesu to hama mu kɔma Kaiafa.

Ɛde besi saa bere yi no, asɔfo mpanyin ne mpanyimfo ne kyerɛwfo, yiw, Sanhedrin no nyinaa refi ase ahyia. Ɛda adi sɛ wɔn nhyiambea no ne Kaiafa fi. Nanso, ɛda adi pefee sɛ asɛm a wobedi saa Twam anadwo no tia Yudafo mmara. Nanso eyi mmɔ nyamesom akwankyerɛfo no hu wɔ wɔn atirimpɔw bɔne no ho.

Adapɛn bi ansa na eyi reba bere a Yesu nyanee Lasaro fii awufo mu no, na Sanhedrin no abɔ wɔn tirim dedaw sɛ ɛsɛ sɛ owu. Na nnanu pɛ ni, Wukuda no, nyamesom mpanyimfo no tuu agyina sɛ wɔnam anifere kwan so bɛkyere Yesu akum no. Susuw ho hwɛ, na wɔabu no fɔ dedaw ansa na wɔredi n’asɛm!

Wɔrebɔ mmɔden mprempren sɛ wobenya adansefo a wobedi adansekurum sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asɛm bi ato Yesu so. Nanso, wɔannya adansefo a wɔn adanse no hyia. Awiei no, baanu ba na wɔkyerɛ sɛ: “Yɛate sɛ ɔka sɛ: Medwiriw asɔredan a wɔde nsa ayɛ yi, na nnansa mu mɛto bi a wɔamfa nsa anyɛ.”

Kaiafa bisa sɛ: “Wummua bi? Ɛdɛn ho na eyinom di adanse tia wo yi?” Nanso Yesu mua n’ano. Wɔ atosɛm yi mu mpo no, nea ɛmaa Sanhedrin no ani wui no, adansefo no ntumi mma wɔn nsɛm no nhyia. Enti ɔsɔfo panyin no sɔ ɔkwan foforo hwɛ.

Kaiafa nim sɛnea Yudafo te nka wɔ obiara a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba ankasa no ho. Mpɛn abien bi a edi kan mu no, wɔde ahopere kae sɛ Yesu yɛ abususɛnkafo a ɔsɛ owu, na bere bi wodii mfomso susuwii sɛ na ɔrekyerɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. Afei Kaiafa de anifere ka sɛ: “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Kristo, Onyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn!”

Ɛmfa ho nea Yudafo besusuw no, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa. Wobetumi afa mua a ɔbɛkɔ so amua n’ano no sɛ ɔrepow yɛ a ɔyɛ Kristo no. Enti Yesu de akokoduru bua sɛ: “Mene no; na mubehu onipa ba no sɛ ɔte tumi nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum mu.” Ɛno na Kaiafa, wɔ adeyɛ bi a ɛyɛ nwonwa mu no, sunsuane ne ntade mu na ɔteɛm sɛ: “Waka abususɛm! Dɛn hia na ehia yɛn adansefo bio? Hwɛ, afei moate n’abususɛm no. Mudwen ho dɛn?”

Sanhedrin no pae mu ka sɛ: “Ɔsɛ owu.” Afei wofi ase di ne ho fɛw, na wɔka abususɛm pii tia no. Wɔbɔ no sotɔre na wohinam n’ani so ntasu. Afoforo nso kata n’ani na wɔbobɔ no akuturuku na wobisa fɛwdi so sɛ: “Hyɛ nkɔm Kristo. Kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo no!” Wɔyɛ ade bɔne a ɛne mmara nhyia yi anadwo asenni no mu. Mateo 26:57–68; 26:3, 4; Marko 14:53–65; Luka 22:54, 63–65; Yohane 18:13–24; 11:45–53; 10:31–39; 5:16–18.

▪ Ɛhe na wodi kan de Yesu kɔ, na dɛn na ɛto no wɔ hɔ?

▪ Ɛhe na wɔsan de Yesu kɔ, na atirimpɔw bɛn nti?

▪ Ɔkwan bɛn so na Kaiafa tumi nya Sanhedrin no ma wɔpae mu ka sɛ Yesu sɛ owu?

▪ Adeyɛ bɔne a ɛne mmara nhyia bɛn na wɔyɛ wɔ asenni no mu?