Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔn a Wɔayera Hwehwɛ

Wɔn a Wɔayera Hwehwɛ

TI 85

Wɔn a Wɔayera Hwehwɛ

YESU ho pere no sɛ ɔbɛhwehwɛ na wahu wɔn a wobefi ahobrɛase mu asom Onyankopɔn. Enti ɔhwehwɛ mu na ɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ obiara a nnebɔneyɛfo akɛse ka ho. Afei saafo yi twiw bɛn sɛ wɔrebetie.

Bere a Farisifo ne kyerɛwfo no hu eyi no, wɔkasa tia Yesu sɛ ɔde ne ho abɔ nnipa a wobu wɔn sɛ wɔmfata no ho. Wonwiinwii sɛ: “Oyi gye nnebɔneyɛfo, na ɔne wɔn didi.” Hwɛ sɛnea na eyi mfata wɔn dibea! Farisifo ne kyerɛwfo no bu nnipa mpapahwekwa sɛ wɔn nan ase mfutuma. Nokwarem no, wɔde Hebri asɛmfua ‛am ha·’a΄rets “famfo [asase sofo],” no na edii dwuma de kyerɛɛ sɛnea na wobu nnipa a wɔte saa no animtiaa no.

Nanso, Yesu ne obiara di no nidi, ayamye ne mmɔborohunu mu. Nea efii saayɛ mu bae ne sɛ mpapahwekwa yi mu pii, a nnipa a wonim wɔn sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfo akɛse ka ho, ho pere wɔn sɛ wobetie no. Na Farisifo no kasa a wɔkasa tia Yesu wɔ nea ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ wɔ nnipa a wobu wɔn sɛ wɔmfata ho no nso ɛ?

Yesu nam mfatoho bi so bua wɔn ɔkasatia no. Ogyina Farisifo no ankasa adwene a ɛne sɛ wɔyɛ atreneefo ne sɛ wɔwɔ ahobammɔ wɔ Onyankopɔn nguannan mu bere a mpapahwekwa, ‛am ha·’a΄rets a wɔnsɛ hwee no afom kwan ma wɔwɔ ɔyera mu no so na ɛkasa. Tie nea ɔka no:

“Mo mu nnipa bɛn na sɛ ɔwɔ nguanten ɔha na wɔn mu biako kɔyera a ɔrennyaw aduakron akron no sare so, na onni nea wayera no akyi nkosi sɛ obehu no? Na sɛ ohu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye. Na ɔba fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: Momma mo ne me ani nnye, na mahu me guan a ɔyerae no.”

Afei Yesu gyina nea ɔkae no so na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mise mo sɛ: Saa ara na anigye bɛba ɔsoro, ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho sen nnipa trenee aduɔkron akron a enhia wɔn adwensakra.”

Farisifo no bu wɔn ho trenee na enti enhia sɛ wɔsakra wɔn adwene. Bere a wɔn mu bi kasa tiaa Yesu wɔ mfe abien a atwam mu esiane sɛ ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didii nti no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mammɛfrɛ atreneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.” Farisifo a wobu wɔn ho trenee a wonhu hia a ehia sɛ wɔsakra wɔn adwene no mma anigye biara mma ɔsoro. Nanso nokwarem no, nnebɔneyɛfo a wɔsakra wɔn adwene no yɛ saa.

Nea ɛbɛyɛ na Yesu asi asɛm no so dua yiye sɛ nnebɔneyɛfo a wɔasakra no de anigye ba no, ɔde mfatoho foforo di dwuma. Ose: “Anaasɛ ɔbea bɛn na ɔwɔ nnwetɛbona du na emu biako yera a, ɔrensɔ kanea, na ɔmpra ɔdan no mu, na ɔnhwehwɛ yiye nkosi sɛ obehu? Na sɛ ohu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo boa ano, na ɔka sɛ: Momma mo ne me ani nnye, na mahu me dwetɛbona a ɛyerae no.”

Afei Yesu de mfatoho a ɛte saa ara ma na ose: “Saa ara na mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.”

Hwɛ sɛnea ɔdɔ mu a Onyankopɔn abɔfo fi susuw nnebɔneyɛfo a wɔayera a wohu wɔn ho no yɛ nwonwa! Eyi te saa titiriw efisɛ akyiri yi saafo a bere bi na wɔba fam, ‛am ha·’a΄rets a wommu wɔn yi bɛyɛ Onyankopɔn ɔsoro Ahenni no mufo. Nea efi mu ba ne sɛ, wonya dibea bi wɔ ɔsoro a ɛsen abɔfo no ankasa de! Nanso sɛ́ anka abɔfo no bɛyɛ ahoɔyaw na wɔate nka sɛ wɔabrɛ wɔn ase mmom no, wofi ahobrɛase mu kyerɛ anisɔ wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ saa nnipa abɔnefo yi ahyia asetra mu tebea ahorow a ebesiesie wɔn ma wɔatumi asom sɛ ɔsoro ahene ne asɔfo a wɔyɛ timmɔbɔ ne ayamyefo na wɔadi mu nkonim no ho. Luka 15:1–10; Mateo 9:13; 1 Korintofo 6:2, 3; Adiyisɛm 20:6.

▪ Dɛn nti na Yesu de ne ho bɔ nnebɔneyɛfo ho, na eyi de ɔkasatia a efi Farisifo no hɔ bɛn na ɛba?

▪ Farisifo no bu mpapahwekwa no dɛn?

▪ Mfatoho bɛn na Yesu de di dwuma, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

▪ Dɛn nti na abɔfo no anigye no yɛ nwonwa?