Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔpempan Awi Mmɛtem Homeda

Wɔpempan Awi Mmɛtem Homeda

Ti 31

Wɔpempan Awi Mmɛtem Homeda

BERE tiaa bi mu no Yesu ne n’asuafo no fi Yerusalem na wɔsan kɔ Galilea. Ɛyɛ fefɛw bere mu na awimmono wɔ mfuw mu. Ɔkɔm de asuafo no. Enti wɔpempan mmɛtem no bi we. Nanso esiane sɛ ɛyɛ homeda nti, nkurɔfo hu wɔn.

Na ɛnkyɛe biara na nyamesom akannifo a wɔwɔ Yerusalem pɛe sɛ wokum Yesu sɛ wɔasɛe homeda. Afei Farisifo no bɔ sobo. Wɔka sɛ: “Hwɛ, w’asuafo yɛ nea enni ho kwan sɛ wɔyɛ home da.”

Farisifo no kyerɛ sɛ awi a wɔpempan na wotutu we no yɛ otwa ne ɔporow. Nanso wɔn kateeyɛ wɔ nea wɔfrɛ no adwumayɛ ho no ma homeda no yɛ den bere a anka ɛsɛ sɛ ɛyɛ anigye ne honhom mu denhyɛ bere no. Enti Yesu ma Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow de kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn anhyɛ Ne Homeda mmara no katee saa.

Yesu se bere a ɔkɔm dee Dawid ne ne mmarima no, wɔkɔɔ asɔrefi hɔ kodii kyerɛ abodoo. Na wɔayi saa abodoo no afi Yehowa pon so de foforo asi ananmu na na asɔfo na ɛsɛ sɛ wodi. Nanso, tebea no nti, wɔammu Dawid ne ne mmarima no fɔ sɛ wodii.

Yesu de nhwɛso foforo ma sɛ: “Monkan mmara no mu sɛnea homeda, asɔfo a wɔwɔ asɔrefi no sɛe homeda nanso wonni ho fɔ no?” Yiw, homeda mpo no asɔfo kɔ so kunkum mmoa na wɔyɛ nnwuma na wosiesie mmoa de wɔn bɔ afɔre! Yesu ka sɛ “Mise mo sɛ, nea ɔkyɛn asɔrefi wɔ ha.”

Yesu toa afutu a ɔde ma Farisifo no so sɛ: “Na sɛ munim sɛ: Mmɔborohunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ a, anka moammu wɔn a wonni fɔ no fɔ.” Afei ɔde asɛm no ba awiei sɛ: “Onipa ba no yɛ homeda wura.” Yesu kyerɛ dɛn? Yesu reka n’asomdwoe mfirihyia apem Ahenni nniso no ho asɛm.

Mfe 6,000 ni a adesamma ahu nkoasom mu ɔbrɛ ho amane wɔ Satan Ɔbonsam ase, wɔ basabasayɛ ne akodi mu. Ɔkwan foforo so no, Kristo Homeda nniso kɛse no bɛyɛ amanehunu ne nhyɛso a ɛte saa a wɔbɛhome afi ho. Mateo 12:1-8; Leviticus 24:5-9; 1 Samuel 21:1-6; Numeri 28:9; Hosea 6:6.

▪ Sobo bɛn na wɔde bɔ Yesu asuafo no, na Yesu bua dɛn?

▪ Farisifo no mfomso bɛn na Yesu da no adi?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ “homeda wura”?