Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔsa Akwatafo Du Yare Wɔ Yesu Akwantu a Etwa To a Ɔde Kɔ Yerusalem No Mu

Wɔsa Akwatafo Du Yare Wɔ Yesu Akwantu a Etwa To a Ɔde Kɔ Yerusalem No Mu

Ti 92

Wɔsa Akwatafo Du Yare Wɔ Yesu Akwantu a Etwa To a Ɔde Kɔ Yerusalem No Mu

YESU ma mmɔden a Sanhedrin no bɔ sɛ wobekum no no yɛ ɔkwa denam fi a ofi Yerusalem kɔ Efraim, kurow a ebia ɛbɛyɛ akwansin 15 pɛ wɔ Yerusalem kusuu fam apuei mu no so. Ɛhɔ na ɔne n’asuafo no tra, ɔmmɛn n’atamfo no.

Nanso, afe 33 Y.B. mu Twam no rebɛn, na ankyɛ Yesu tu kwan bio. Ɔkɔfa Samaria ne Galilea. Eyi yɛ ne bere a etwa to a ɔde kɔ beae yi ansa na wawu. Bere a ɔwɔ Galilea no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔne n’asuafo no de wɔn ho bɔ nnipa afoforo a wɔrekɔ Yerusalem akodi Twam afahyɛ no ho. Wɔfa Perea mantam no mu wɔ Yordan Asubɔnten no apuei fam.

Wɔ akwantu no mfiase no, bere a Yesu rehyɛn Samaria anaa Galilea akuraa bi ase no, akwatafo du hyia no. Ɔyare bɔne yi de nkakrankakra twitwa onipa no honam akwaa—ne nsateaa, ne nansoaa, n’aso, ne hwene ne n’anofafa. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔamfa ansan afoforo no, Onyankopɔn mmara a ɛfa ɔkwatani ho ne sɛ: “Ɔnkata n’ano na ɔnteɛm sɛ: Me ho ntew, me ho ntew! Nna dodow a ɔyare no wɔ ne ho no, ɔtew na ne ho ntew. . . . Ne nko na ɔntra.”

Akwatafo du no di mmara no mu anohyeto ma akwatafo no so na wɔmmɛn Yesu. Nanso, wɔteɛm dennennen sɛ: “Owura Yesu, hu yɛn mmɔbɔ!”

Yesu hu wɔn wɔ akyiri na ɔhyɛ sɛ: “Monkɔ mfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfo.” Yesu ka eyi efisɛ asɔfo na Onyankopɔn Mmara ma wɔn kwan sɛ wɔnkyerɛ akwatafo a wɔn yare no agyae no. Saa kwan yi so na wobenya hokwan ne nnipa a wɔwɔ akwahosan atra abom.

Akwatafo du no wɔ Yesu anwonwadeyɛ tumi no mu ahotoso. Enti wɔde ahoɔhare kɔ sɛ wokohu asɔfo ɛwom sɛ wɔn ho nsan wɔn de. Wɔrekɔ no, wonya wɔn gyidi wɔ Yesu mu no so akatua. Wofi ase hu na wɔte sɛ wɔanya akwahosan!

Akwatafo a wɔn ho afi no mu akron toa so kɔ, nanso ɔkwatani biako, Samariani, san n’akyi kɔhwehwɛ Yesu. Dɛn ntia? Efisɛ n’ani sɔ nea aba no so no. Ɔde nne kɛse yi Onyankopɔn ayɛ, na bere a ohu Yesu no, ɔhwe ne nan ase da no ase.

Yesu bua sɛ: “Ɛnyɛ du no na wɔn ho fii? Na baakron no de, wɔwɔ he? Wɔanhu wɔn mu biara a ɔsan de anuonyam brɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnanani yi nko?”

Afei ɔka kyerɛ Samarini no sɛ: “Sɔre kɔ, wo gyidi agye wo.”

Sɛ yɛkenkan Yesu akwatafo du ayaresa no a, ɛsɛ sɛ yedwen asuade a ɛwɔ n’asemmisa: “Na baakron no de wɔwɔ he?” no mu no ho. Anisɔ a baakron no ankyerɛ no yɛ sintɔ a anibere wom. Te sɛ Samariani no, so yɛkyerɛ nneɛma a yenya fi Onyankopɔn hɔ a daa nkwa wɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo mu ho bɔhyɛ a ɛyɛ pintinn no ka ho no ho anisɔ? Yohane 11:54, 55; Luka 17:11–19; Leviticus 13:16, 17, 45, 46; Adiyisɛm 21:3, 4.

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu ma mmɔden a wɔbɔ sɛ wobekum no no yɛ ɔkwa?

▪ Ɛhe na afei Yesu tu kwan kɔ, na ɛhe na ɔrekɔ?

▪ Dɛn nti na akwatafo no gyina akyiri, na dɛn nti na Yesu ka sɛ wɔnkɔ asɔfo nkyɛn no?

▪ Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi osuahu yi mu?