Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔte Onyankopɔn Nne Nea Ɛto So Abiɛsa

Wɔte Onyankopɔn Nne Nea Ɛto So Abiɛsa

Ti 104

Wɔte Onyankopɔn Nne Nea Ɛto So Abiɛsa

BERE a Yesu wɔ asɔrefi hɔ no, na ne ho yeraw no wɔ owu a ɛda hɔ ma no no ho. Nea ɛhaw no titiriw ne sɛnea ɛbɛka n’Agya din, enti ɔbɔ mpae sɛ: “Agya, hyɛ wo din anuonyam!”

Ɛno na ɛnne kɛse bi a efi soro ka sɛ: “Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio!”

Nnipakuw a wɔwɔ hɔ no ho dwiriw wɔn. Ebinom fi ase keka sɛ “Ɔbɔfo ne no kasae.” Ebinom nso ka sɛ ɛyɛ ɔprannaa. Nanso nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn na ɔkasae! Nanso eyi nyɛ bere a edi kan a wɔate sɛ Onyankopɔn kasa fa Yesu ho. Bere a Yesu bɔɔ asu mfe abiɛsa a atwam ni no, Osuboni Yohane tee sɛ Onyankopɔn ka Yesu ho asɛm sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.” Afei, afe a etwaam no Twam no akyi bere bi a Yesu sakrae wɔ Yakobo, Yohane ne Petro anim no, wɔtee sɛ Onyankopɔn ka sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!” Na afei ne mprɛnsa so, wɔ Nisan 10 a aka nnanan na Yesu awu no, nnipa te Onyankopɔn nne bio. Nanso saa bere yi de Yehowa kasa ma nnipadɔm te!

Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛnyɛ me nti na ɛnne yi bae, na mo nti.” Edi adanse sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba; Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no ampa. Yesu toa so sɛ: “Afei ne wi yi ase atemmu; afei na wobeyi wi yi ase sodifo no hɔ.” Yesu nokwaredi kwan no si so dua sɛ ɛsɛ sɛ ‘woyi’ Satan Ɔbonsam, wi yi ase sodifo no hɔ, wɔsɛe no.

Yesu ka nea ebefi ne wu a ɛrebɛn no mu aba no ho asɛm sɛ: “Na me de, sɛ wɔma me so fi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa maba me nkyɛn.” Ne wu no nyɛ nkogudi koraa efisɛ ɛno so na ɔnam bɛtwe afoforo akɔ ne nkyɛn na wɔanya daa nkwa.

Nanso nnipakuw no sɔre tia sɛ: “Yɛn de, yɛate mmara no mu sɛ Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wuse: Etwa sɛ wɔma onipa ba no so? Hena ne onipa ba no?”

Wɔ adanse ahorow a Onyankopɔn ankasa nne a wɔte ka ho nyinaa akyi no, nnipa pii nnye nni sɛ Yesu ne nokware onipa Ba, Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Nanso, sɛnea na Yesu ayɛ asram asia a atwam ni wɔ Asese Afahyɛ no ase no, ɔfrɛ n’ankasa ho sɛ “hann no” na ɔhyɛ n’atiefo no nkuran sɛ: “Mowɔ hann no yi, munnye hann no nni, na moayɛ hann no mma.” Bere a Yesu ka eyinom wie no, ofi hɔ de ne ho kosie, ebia esiane sɛ ne nkwa da asiane mu nti.

Gyidi a Yudafo no nni wɔ Yesu mu no ma Yesaia nsɛm a ɛne sɛ ‘nnipa no ani afura, na wɔn koma apirim nti wontumi nsakra na wɔasa wɔn yare’ no nya mmamu. Yesaia huu Yehowa ɔsoro bagua a na Yesu a ɔwɔ Yehowa nkyɛn ansa na ɔbɛyɛɛ onipa no ka ho wɔ anisoadehu mu. Nanso wɔ nea Yesaia kyerɛw no mmamu mu no, Yudafo no de ahantan pow adanse a ɛkyerɛ sɛ Oyi ne wɔn Gyefo a wɔahyɛ ne ho bɔ no.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnipa pii a sodifo (ɛda adi sɛ Yudafo asennibea kunini, Sanhedrin no mufo) ka ho gye Yesu di. Nikodemo ne Yosef a ofi Arimatea yɛ sodifo yi mu baanu. Nanso saa bere yi de sodifo no nka wɔn gyidi no ho asɛm na wɔannye wɔn dibea amfi wɔn nsam wɔ hyiadan mu. Hwɛ ade ara a saafo no hwere!

Yesu kɔ so ka sɛ: “Nea ogye me di no, ɛnyɛ me na ogye me di, na ɛyɛ nea ɔsomaa me no; na nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no. . . . Na sɛ obi te me nsɛm na wannye anni a, me de, mimmu no atɛn, na mamma sɛ merebebu wiase atɛn, na mebae sɛ merebegye wiase. . . . Asɛm a maka no, ɛno ara na ebebu no atɛn ɛda a edi akyiri no.”

Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma adesamma wiase no ma ɔsomaa Yesu na wɔagye wɔn a wogye no di no nkwa. Nkwa a wobegye nnipa no gyina nneɛma a Onyankopɔn hyɛɛ Yesu sɛ ɔnka a wobetie no so. Atemmu no bɛba “ɛda a edi akyiri” no wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu.

Yesu de asɛm no ba awiei na ɔka sɛ: “Ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mekasae, na agya a ɔsomaa me no na ɔhyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa. Na minim sɛ n’ahyɛde no yɛ daa nkwa. Enti nea meka no, sɛnea agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.” Yohane 12:28-50; 19:38, 39; Mateo 3:17; 17:5; Yesaia 6:1, 8-10.

▪ Mmere horow abiɛsa bɛn na wɔtee Onyankopɔn nne sɛ ɛka Yesu ho asɛm?

▪ Ɔkwan bɛn so na odiyifo Yesaia huu Yesu anuonyam?

▪ Sodifo bɛn na wogye Yesu dii no, nanso dɛn nti na wɔnka no baguam?

▪ Dɛn ne “da a edi akyiri no,” na dɛn so na wobegyina abu nkurɔfo atɛn?