Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobisa no Mmuadadi ho Asɛm

Wobisa no Mmuadadi ho Asɛm

Ti 28

Wobisa no Mmuadadi ho Asɛm

BƐYƐ sɛ afe biako atwam fi bere a Yesu kɔɔ Twam Afahyɛ no wɔ 30 Y.B. mu no. Saa bere yi, ná wɔde Osuboni Yohane ato afiase asram pii. Ɛwom sɛ ɔpɛe sɛ n’asuafo no nyinaa dan Yesu akyidifo de, nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔayɛ saa.

Afei Yohane a wɔde no ato afiase no asuafo yi mu bi ba Yesu nkyɛn na wobisa sɛ: “Adɛn nti na yɛne Farisifo di mmuada, na w’asuafo de, wonni mmuada?” Farisifo di mmuada mpɛn abien dapɛn biara sɛ wɔn som mu amanne. Na ebia Yohane asuafo no yɛ amanne koro yi ara. Ebia ɛbɛyɛ sɛ na wɔredi mmuada de adi Yohane afiase nna no ho awerɛhow na wonhu nea enti a Yesu asuafo no nka wɔn ho mma wonni awerɛhow yi.

Mmuaema mu no, Yesu ka sɛ: “Ayeforokunu ne ayeforo asefo no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Na nna bi bɛba a wobeyi ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wobedi mmuada.”

Ɛsɛ sɛ Yohane asuafo no kae sɛ Yohane ankasa kae sɛ Yesu yɛ ayeforokunu. Enti bere a Yesu wɔ hɔ yi, Yohane rensusuw sɛ ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ odi mmuada, na Yesu asuafo no nso nsusuw saa. Akyiri yi bere a Yesu wu no, n’asuafo no sũ na wodi mmuada. Nanso bere a wɔanyan no na ɔkɔ soro no, wonni nea enti a ɛsɛ sɛ wɔdi mmuada na wosu.

Ɛno akyi no, Yesu de mfatoho ahorow yi ma: “Obi mfa ɔtam foforo sin ntaa atade dedaw mu; efisɛ ntaamu no yi fi atade no mu a, ntetewee no yɛ kɛse. Nanso wɔmfa nsa foforo ngu nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, nkotoku no bɛpaapae, na nsa no ahwie agu, na kotoku no asɛe.” Mfatoho ahorow yi fa mmuadadi ho dɛn?

Ná Yesu reboa Osuboni Yohane asuafo no ma wɔahu sɛ ɛnsɛ sɛ obi hwɛ kwan sɛ n’akyidifo no bɛyɛ Yudasom mu nneyɛe ahorow a ayɛ dedaw, te sɛ amanne kwan so mmuadadi. Wammɛtaa ɔsom nhyehyɛe ahorow a ayɛ dedaw na atetew a ɛsɛ sɛ wɔtow gu no mu na atra hɔ kakra. Ná wɔremma Kristosom nni saa bere no mu Yudasom mu nnipa atetesɛm no so. Dabi, ná ɛrenyɛ sɛ ntaamu foforo wɔ atade mu anaasɛ nsa foforo wɔ nhoma nkotoku dedaw mu. Mateo 9:14–17; Marko 2:18–22; Luka 5:33–39; Yohane 3:27–29.

▪ Henanom na wodi mmuada, na dɛn ntia?

▪ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Yesu asuafo di mmuada bere a ɔwɔ wɔn nkyɛn no, na ɛno akyi bere tiaa bi no, dɛn na ɛbɛma nea enti a wodi mmuada afi hɔ?

▪ Mfatoho ahorow bɛn na Yesu de ma, na ɛkyerɛ dɛn?