Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Woguan Fi Ɔhene Tirimɔdenfo Bi Anim

Woguan Fi Ɔhene Tirimɔdenfo Bi Anim

Ti 8

Woguan Fi Ɔhene Tirimɔdenfo Bi Anim

YOSEF nyan Maria na ɔka asɛm bi a ɛho hia kyerɛ no. Yehowa bɔfo ayi ne ho adi akyerɛ no mprempren ara aka akyerɛ no sɛ: “Sɔre fa abofraa no ne ne na, na guan kɔ Misraim, na kɔtra hɔ kosi sɛ mɛka makyerɛ wo; na Herode rebɛhwehwɛ abofra no akum no.”

Wɔn baasa nyinaa guan kɔ ntɛm ara. Na eyi yɛ bere ano pɛɛ efisɛ na Herode ate sɛ nsoromma mu ahwɛfo no adaadaa no na wɔafi ɔman no mu kɔ. Kae sɛ na anka ɛsɛ sɛ wɔsan kɔka baabi a wohuu Yesu no kyerɛ no. Herode bo afuw. Enti sɛnea ɛbɛyɛ a obekum Yesu no, ɔhyɛ mmara sɛ wonkunkum mmarimaa a wɔwɔ Betlehem ne n’ahye so a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii saa no nyinaa. Ɔde mfe yi ho akontaabu no gyina nea nsoromma mu ahwɛfo a wofi apuei no adi kan aka akyerɛ no no so.

Mmofra a wɔyɛ mmarimaa nyinaa a wokunkum wɔn yi yɛ awerɛhow kɛse! Herode asraafo no hyɛn ofi biara mu. Na sɛ wohu abofra abarimaa a, wogye no fi ne na nsam. Yentumi nkyerɛ mmofra dodow a wokunkum wɔn, nanso ɛnanom su ne awerɛhow no ma Bible nkɔmhyɛ a Onyankopɔn diyifo Yeremia de mae no nya mmamu.

Saa bere yi no, na Yosef ne n’abusua no aguan akodu Misraim dwoodwoo a na wɔte hɔ. Nanso, Yehowa bɔfo no san yi ne ho adi kyerɛ Yosef wɔ ɔdae mu anadwo bi. Ɔbɔfo no ka sɛ: “Sɔre fa abofraa no ne ne na, na kɔ Israel asase so; na wɔn a wɔhwehwɛ abofraa no kra no awu.” Enti wɔ Bible nkɔmhyɛ foforo a ɛka sɛ wɔbɛfrɛ Onyankopɔn Ba no afi Misraim mmamu mu no, abusua yi san kɔ wɔn asase so.

Ɛda adi sɛ na Yosef pɛ sɛ ɔtra Yudea, baabi a wɔte kan ansa na wɔreguan akɔ Misraim no. Nanso na wate sɛ Herode ba Arkelao otirimɔdenfo no na ɔredi Yudea so hene na Yehowa bɔɔ no kɔkɔ wɔ ɔdae foforo bi mu. Enti Yosef ne n’abusua no tu kwan kɔfa kesee fam kɔtra Nasaret a ɛwɔ Galilea. Ɛha na Yesu tra nyin wɔ kurow a na atew ne ho wɔ Yudafo nyamesom asetra ho no mu. Mateo 2:13–23; Yeremia 31:15; Hosea 11:1.

▪ Bere a nsoromma mu ahwɛfo no ansan wɔn akyi bio no, ade a ɛyɛ hu bɛn na Ɔhene Herode yɛ, nanso ɔkwan bɛn so na wɔbɔ Yesu ho ban?

▪ Bere a wofi Misraim san ba no, dɛn nti na Yosef ntra Betlehem bio?

▪ Bible nkɔmhyɛ ahorow bɛn na ɛba mu wɔ saa bere yi mu?