Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Som ho Mmɔdenbɔ

Yehowa Som ho Mmɔdenbɔ

Ti 16

Yehowa Som ho Mmɔdenbɔ

YESU nuanom—Maria mma afoforo no—ne Yakobo, Yosef, Simon ne Yuda. Ansa na eyinom ne Yesu ne n’asuafo no retu kwan akɔ Kapernaum, kurow bi a ɛbɛn Galilea Po mu no, ɛbɛyɛ sɛ wodi kan fa Yesu fi wɔ Nasaret na abusua no atumi afa wɔn nneɛma a ɛho behia wɔn.

Nanso dɛn nti na Yesu kɔ Kapernaum mmom sen sɛ ɔbɛtoa ne som adwuma no so wɔ Kana, Nasaret anaasɛ Galilea mmepɔw no so baabi? Ade biako ne sɛ, Kapernaum agye din na ɛda adi sɛ ɛyɛ kurow kɛse. Afei nso, Yesu asuafo a wanya wɔn foforo no mu pii tete Kapernaum anaa mmeae a ɛbɛmmɛn hɔ, enti na ɛho nhia sɛ wofi wɔn kurom na wakogye ne hɔ ntetee.

Bere a Yesu de tra Kapernaum no mu no, ɔyɛ anwonwade ahorow sɛnea n’ankasa di ho adanse asram bi akyi no. Nanso ankyɛ na Yesu ne n’ahokafo no si kwan so bio. Ɛyɛ asusow bere, na wɔrekɔ Yerusalem akodi afe 30 Y.B. mu Twam afahyɛ no. Bere a wɔwɔ hɔ no, Yesu asuafo no hu biribi wɔ ne ho a ɛbɛyɛ sɛ wonhuu da.

Sɛnea Onyankopɔn Mmara kyerɛ no, ɛsɛ sɛ Israelfo de mmoa bɔ afɔre. Enti, nea ɛbɛyɛ na ayɛ mmerɛw ama wɔn no, aguadifo a wɔwɔ Yerusalem no de hokwan no tontɔn mmoa ne nnomaa a wɔde wɔn di saa atirimpɔw yi ho dwuma no. Nanso wɔtɔn wɔn wɔ asɔrefi hɔ pɛɛ, na wosisi nkurɔfo efisɛ wɔtɔn mmoa no aboɔden.

Yesu bo fuw, na ɔde nhama yɛ abaa na ɔpam adetɔnfo no fi adi. Ɔka sikasesafo no sika nyinaa gu fam na obutubutuw wɔn apon no. Ɔka kyerɛ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: “Momfa eyinom mfi ha, monnyɛ m’agya fi aguadi fi!”

Bere a Yesu asuafo no hu eyinom no, wɔkae Onyankopɔn Ba no ho nkɔmhyɛ bi a ese: “Wo fi ho mmɔdenbɔ amene me” no. Nanso Yudafo no bisa sɛ: “Sɛnkyerɛnne bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ eyinom?” Yesu bua sɛ: “Munnwiriw asɔredan yi na mede nnansa bɛma so bio.”

Yudafo no fa no sɛ Yesu reka asɔredan no ankasa ho asɛm, enti wobisa sɛ: “Mfirihyia aduanan asia na wɔde sii asɔredan yi, na wode nnansa na wode bɛma so?” Nanso Yesu reka ne nipadua asɔredan ho asɛm. Mfe abiɛsa akyi no, n’asuafo no kae ne nsɛm yi bere a wonyan no fi awufo mu no. Yohane 2:12–22; Mateo 13:55; Luka 4:23.

▪ Wɔ Kana ayeforohyia no akyi no, mmeae ahorow bɛn na Yesu kɔ?

▪ Dɛn nti na Yesu bo fuw, na dɛn na ɔyɛ?

▪ Bere a asuafo no hu nea Yesu yɛ no, dɛn na wɔkae?

▪ Dɛn na Yesu ka fa “asɔredan yi” ho, na dɛn na ɔkyerɛ?