Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yerusalem Akwantu Ahorow

Yerusalem Akwantu Ahorow

Ti 10

Yerusalem Akwantu Ahorow

ASUSOW bere adu. Bere adu sɛ Yosef ne n’abusua a nnamfo ne abusuafo afoforo ka ho tu wɔn afe afe kwan no kɔ Yerusalem kodi Twam afahyɛ no. Sɛ wofi wɔn akwansin bɛyɛ 65 akwantu no ase a, anigye taa ba. Afei de Yesu adi mfirihyia 12, na ɔde anigye kɛse hwɛ afahyɛ no kwan.

Yesu ne n’abusua fam no, Twam no nyɛ da koro asɛm ara kwa. Wɔtra hɔ twɛn nnanson Apiti Afahyɛ a edi hɔ a wobu no sɛ ɛyɛ Twam bere no fã no nso. Enti kwan a wotu fi wɔn kurom Nasaret a Yerusalem tra no ka ho no nyinaa gye wɔn bɛyɛ adapɛn abien. Nanso afe yi de esiane biribi a ɛfa Yesu ho nti, ɛkyɛ kakra.

Ɔhaw no da adi bere a wɔresan afi Yerusalem no. Yosef ne Maria susuw sɛ Yesu ne abusuafo anaa nnamfo no abom kɔ. Nanso bere a wogyina anadwo no, wɔanhu no, enti wɔkɔhwehwɛ no wɔ wɔn mfɛfo a wɔne wɔn retu kwan no mu. Wɔanhu no. Enti Yosef ne Maria san wɔn akyi kɔ Yerusalem kɔhwehwɛ no.

Wɔhwehwɛ no da mũ nyinaa nanso wɔanhu no. Wɔanhu no da a ɛto so abien no nso. Awiei koraa no, ɛda a ɛto so abiɛsa no, wɔkɔ asɔrefi hɔ. Ɛhɔ na wohu Yesu wɔ asa ahorow no biako so a ɔte Yudafo akyerɛkyerɛfo no mfinimfini retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.

Maria bisa sɛ: “Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyeraw ahwehwɛ wo!”

Ɛyɛ Yesu nwonwa sɛ wonnim faako a na wobehu no. Obisa sɛ: “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metra m’agya fi?” Yesu nte nea enti a n’awofo nnim eyi no ase. Enti Yesu ne n’awofo san kɔ wɔn kurom na ɔkɔbrɛ ne ho ase ma wɔn. Onyin wɔ nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu. Yiw, efi Yesu mmofraase no, ɛnyɛ honhom mu nneɛma a wɔhwehwɛ mu nko na ɔyɛ nhwɛso fɛfɛ na mmom wɔ obu a oyi adi kyerɛ n’awofo no mu nso. Luka 2:40–52; 22:7.

▪ Asusow bere mu kwan bɛn na Yesu ne n’abusua taa tu, na ne tenten te dɛn?

▪ Asɛm bɛn na esi akwantu no mu bere a Yesu di mfirihyia 12 no?

▪ Nhwɛso bɛn na Yesu yɛ ma mmofra nnɛ?