Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Abusua Asetra Mfiase

Yesu Abusua Asetra Mfiase

Ti 9

Yesu Abusua Asetra Mfiase

BERE a Yesu renyin wɔ Nasaret no, na ɛyɛ kurow ketewaa a wommu. Ɛwɔ ɔman bi a egu bepɔw so a wɔfrɛ no Galilea a ɛbɛn Yesreel Bon fɛfɛ no mu.

Bere a Yesu adi bɛyɛ mfe abien na Yosef ne Maria asan de no afi Misraim aba ha no, ɛda adi sɛ ɔno nkutoo ne Maria ba. Nanso ankyɛ wɔwo Yakobo, Yosef, Simon ne Yuda, na Maria ne Yosef wo mmabea nso. Awiei koraa no, anyɛ yiye koraa no, Yesu nya nuabarimanom ne nuabeanom nkumaa baasia.

Yesu wɔ abusuafo afoforo nso. Yɛate ne na nua ba panyin Yohane a na ɔte akyirikyiri baabi wɔ Yudea no ho asɛm dedaw. Nanso nea na ɔte bɛn wɔn wɔ Galilea ne Salome a ɛda adi sɛ ɔyɛ Maria nuabea no. Na Salome ware Sebedeo, enti na wɔn mmabarima baanu, Yakobo ne Yohane, bɛyɛ Yesu ne na nua mma. Yennim sɛ ebia bere a na Yesu renyin no ɔne mmofra yi nantewee pii, nanso akyiri yi wɔbɛyɛ ayɔnkofo kɛse, sɛnea yebehu no.

Ɛsɛ sɛ Yosef yɛ adwumaden de hwɛ n’abusua a emufo redɔɔso no. Ɔyɛ duadwumfo. Yosef tete Yesu sɛ n’ankasa ba, enti wɔfrɛ Yesu sɛ “duadwumfo no ba.” Yosef kyerɛ Yesu duadwumfo adwuma no nso, na osua no yiye. Enti na akyiri yi nkurɔfo frɛ Yesu sɛ “duadwumfo” no.

Yosef abusua no asetra nyinaa fa Yehowa Nyankopɔn som ho. Wɔ Onyankopɔn mmara so di mu no, Yosef ne Maria de honhom mu nkyerɛkyerɛ ma wɔn mma ‘wɔ wɔn afitra mu, wɔn kwan so nantew mu, wɔn nna mu ne wɔn sɔre mu.’ Hyiadan bi wɔ Nasaret, na yebetumi agye adi sɛ Yosef nso de n’abusua no kɔ hɔ bere nyinaa ma wɔkɔsom. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn ani gye kɛse wɔ kwan a wotu daa kɔ Yehowa asɔrefi wɔ Yerusalem no mu. Mateo 13:55, 56; 27:56; Marko 15:40; 6:3; Deuteronomium 6:6–9.

▪ Anyɛ yiye koraa no, nuabarimanom ne nuabeanom nkumaa baahe na Yesu wɔ, na wɔn mu binom din de dɛn?

▪ Yesu ne na nuanom mma baasa bɛn na wonim wɔn yiye?

▪ Honam fam adwuma bɛn na akyiri yi Yesu yɛ, na dɛn ntia?

▪ Nkyerɛkyerɛ a ɛho hia bɛn na Yosef de ma n’abusua no?