Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Anwonwade a Edi Kan

Yesu Anwonwade a Edi Kan

Ti 15

Yesu Anwonwade a Edi Kan

DA KORO anaa nnanu pɛ ni a Andrea, Petro, Yohane, Filipo, Natanael ne ebia Yakobo, bɛyɛɛ Yesu asuafo a wodi kan. Afei wɔnam kwan so rekɔ Galilea mantam a ɛhɔ na wɔn nyinaa fi no mu. Wɔrekɔ Kana a ɛhɔ na Natanael fi a ɛyɛ kurow a egu mmepɔw so a ɛbɛn Nasaret a ɛhɔ na Yesu nyinii no. Wɔafrɛ wɔn ayeforohyia apontow bi ase wɔ Kana.

Yesu ne na nso aba ayeforohyia no ase bi. Sɛ wɔn a wɔreware no abusuafo nnamfo no, ɛte sɛ nea Maria boa ma wɔsom ahɔho pii no. Enti otumi hu ntɛm ara sɛ nsa no asa na ɔka kyerɛ Yesu sɛ: “Wonni nsa.”

Enti bere a Maria nam eyi so kamfo kyerɛ Yesu sɛ ɔnyɛ nsa a asa no ho biribi no, Yesu twentwɛn ne nan ase mfiase no. Obisa sɛ: “Dɛn na me ne wo wɔ yɛ?” Sɛ Onyankopɔn Hene a wapaw no no, ɛnyɛ abusuafo anaa nnamfo na wɔbɛkyerɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Enti Maria fi nyansa mu gyaw asɛm no mu ma ne ba no a nea ɔka kyerɛ asomfo no ara ne sɛ: “Biribiara a obese mo no, monyɛ!”

Wiɛ, abo nsuhina akɛse asia sisi hɔ a emu biara betumi afa bɛboro galɔn du. Yesu ka kyerɛ wɔn a wɔresom no sɛ: “Momfa nsu nhyehyɛ nhina yi mama.” Asomfo no hyehyɛ no mama. Afei Yesu ka sɛ: “Afei monsesaw mfa nkɔma adidiihwɛfo no!”

Adidiihwɛfo no ani gye sɛnea nsa no yɛ dɛ fa no ho, nanso na onnim sɛ wɔnam anwonwa kwan so na ɛyɛe. Ɔfrɛ ayeforokunu no, na ɔka sɛ: “Nnipa nyinaa de nsa pa na ebesisi hɔ kan, na sɛ wɔbobow a, ɛno ansa na wɔde nea enye ba; na wo de, wode nsa pa no asie abedu sesɛɛ.”

Yesu anwonwade a edi kan ni, na bere a n’asuafo afoforo no hui no, ɛhyɛ wɔn gyidi den. Ɛno akyi no, wɔkɔ Kapernaum kurow a ɛbɛn Galilea Po no mu a ne na ne ne nuanom ka ho. Yohane 2:1–12.

▪ Yesu som adwuma no mu bere bɛn na wohyia ayeforo wɔ Kana no?

▪ Dɛn nti na Yesu mpene nyansahyɛ a ne na de ma no no so?

▪ Anwonwade bɛn na Yesu yɛ, na ɛka afoforo dɛn?