Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Asubɔ

Yesu Asubɔ

Ti 12

Yesu Asubɔ

BERE a Yohane fii asɛnka no ase bɛyɛ asram asia akyi no, Yesu a na afei wadi mfe 30 no ba ne nkyɛn wɔ Yordan ho. Dɛn ntia? So na ɔrebɛsra no? So na Yesu ani gye sɛnea Yohane adwuma no rekɔ so no ho ara kwa? Dabi, Yesu ka kyerɛ Yohane sɛ ɔmmɔ no asu.

Ntɛm ara Yohane pow sɛ ɔbɛyɛ saa. Obisa sɛ, “Me mmom a ehia me sɛ wobɔ me asu no na woba me nkyɛn yi?” Yohane nim sɛ ne na nua ba Yesu yɛ Onyankopɔn ba titiriw. Yohane de anigye huruwii wɔ ne na yafunu mu bere a Maria a ɔyem Yesu bɛsraa wɔn no! Akyinnye biara nni ho sɛ Yohane ne na Elisabet kaa eyi ho asɛm kyerɛɛ no akyiri yi. Na ebia ɔkaa ɔbɔfo a ɔbɛbɔɔ Yesu awo ho amanneɛ ne abɔfo a woyii wɔn ho adi kyerɛɛ nguanhwɛfo anadwo a wɔwoo no no nso ho asɛm kyerɛɛ no.

Enti na Yesu nyɛ ɔhɔho mma Yohane. Na Yohane nim sɛ Yesu nka n’asubɔ no ho. Wɔn a wɔanu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho na ɔbɔ wɔn asu, nanso na Yesu nni bɔne. Wɔ eyi a Yohane kae nyinaa akyi no, nea Yesu ka ara ne sɛ: “Mprempren de, ma ho kwan; na saa ara na ɛsɛ yɛn sɛ yɛma trenee nyinaa wie pɛyɛ.”

Dɛn nti na ɛteɛ sɛ wɔbɔ Yesu asu? Efisɛ Yesu asubɔ no nyɛ bɔne mu adwensakra ho sɛnkyerɛnne, na mmom ne ho a ɔde ama sɛ ɔrebɛyɛ n’Agya no apɛde. Na Yesu yɛ duadwumfo, nanso mprempren de bere adu sɛ ofi ɔsom adwuma a Onyankopɔn somaa no baa asase so sɛ ɔmmɛyɛ no ase. So wugye di sɛ Yohane rehwɛ kwan sɛ anwonwade bi besi bere a wabɔ Yesu asu no?

Wiɛ, Yohane bɔɔ amanneɛ akyiri yi sɛ: “Nea ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsu mu no, ɔno ara na osee me sɛ: Nea wubehu sɛ honhom no asian abɛtra no so no, ɔno ne nea ɔbɔ asu honhom kronkron mu.” Enti na Yohane rehwɛ kwan sɛ Onyankopɔn honhom bɛba obi a ɔbɔ no asu so. Enti ebia ɛnyɛ Yohane nwonwa pii bere a Yesu refi nsu no mu apue no, ohu sɛ ‘Onyankopɔn honhom sian ba ne so te sɛ aborɔnoma’ no.

Nanso nea ɛsen saa sii bere a wɔbɔ Yesu asu no. ‘Ɔsoro bue maa no.’ Eyi kyerɛ dɛn? Ɛda adi sɛ nea ɛkyerɛ ne sɛ bere a wɔrebɔ no asu no, ase a ɔtrae wɔ soro ansa na ɔbɛyɛ onipa no san ba n’adwenem. Enti Yesu kae n’asetra sɛ Yehowa Nyankopɔn honhom mu ba ne nea Onyankopɔn ka kyerɛɛ no nyinaa ansa na ɔrebɛyɛ onipa no.

Nea ɛka ho bio no, wɔ n’asubɔ bere no mu no, ɛnne bi a efi soro ka sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.” Hena nne nen? Yesu ankasa nne? Dabida! Ɛyɛ Onyankopɔn nne. Ɛda adi sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, ɔnyɛ Onyankopɔn ankasa sɛnea nnipa binom kyerɛ no.

Nanso, Yesu yɛ Onyankopɔn ba ɔdesani sɛnea na Adam a odi kan no te no. Bere a osuani Luka aka Yesu asubɔ ho asɛm awie no, ɔkyerɛw sɛ: “Bere a Yesu fii n’adwuma ase no, na wadi mfirihyia aduasa, na wobuu no sɛ ɔyɛ Yosef ba, Eli ba, . . . Dawid ba, . . . Abraham ba, . . . Noa ba, . . . Adam ba, . . . Onyankopɔn ba.”

Sɛnea na Adam yɛ “Onyankopɔn ba” a ɔyɛ ɔdesani no, saa ara na Yesu nso te. Sɛ yɛhwehwɛ Yesu asetra mu a, yehu sɛ ɔne onipa kɛse a ɔsen biara a watra ase pɛn. Nanso wɔ Yesu asubɔ mu no, ɔhyɛn ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ foforo mu, ɔbɛyɛ Onyankopɔn honhom mu Ba nso. Afei sɛnea yɛbɛka no no, Onyankopɔn frɛ no kɔ soro bio denam ɔkwan a ɛbɛma ɔde ne desani nkwa abɔ afɔre ama adesamma a wɔabu wɔn fɔ no a ɔma ɔfa so no so. Mateo 3:13–17; Luka 3:21–38; 1:34–36, 44; 2:10–14; Yohane 1:32–34; Hebrifo 10:5–9.

▪ Dɛn nti na Yesu nyɛ ɔhɔho mma Yohane?

▪ Dɛn nti na wɔbɔ Yesu a wanyɛ bɔne biara no asu?

▪ Esiane nea na Yohane nim wɔ Yesu ho no nti, dɛn nti na ebia ɛnyɛ no nwonwa sɛ Onyankopɔn honhom ba Yesu so no?