Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Awo—Ɛhefa ne Bere Bɛn?

Yesu Awo—Ɛhefa ne Bere Bɛn?

Ti 5

Yesu Awo—Ɛhefa ne Bere Bɛn?

ROMA Ahemman no hempɔn, Kaesare Augusto, ahyɛ mmara sɛ ɛsɛ sɛ obiara san kɔ ne kurom ma wɔkan no. Enti Yosef kɔ ne kurom Betlehem.

Nnipa pii aba Betlehem rebɛkyerɛw wɔn din, enti beae koro pɛ a Yosef ne Maria benya atra ne mmoa dan mu. Ɛha, wɔ faako a wɔde mfurum ne mmoa afoforo gu yi, na wɔwoo Yesu. Maria de ntama kyekyere ne ho na ɔde no to mmoa adididaka mu.

Ɛda adi sɛ Kaesare Augusto hyɛɛ nnipa kan ho mmara yi wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase. Ɛma etumi yɛɛ yiye sɛ wɔbɛwo Yesu wɔ Betlehem, kurow a na Kyerɛwnsɛm no aka asie bere tenten sɛ ɛhɔ na wɔbɛwo sodifo a wahyɛ ne ho bɔ no.

Hwɛ anadwo titiriw ara a na eyi yɛ! Hann bi twa nguanhwɛfo kuw bi ho hyia wɔ sare so. Ɛyɛ Yehowa anuonyam! Na Yehowa bɔfo ka kyerɛ wɔn sɛ: “Munnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo, sɛ nnɛ wɔawo agyenkwa a ɔne Kristo no, Awurade, ama mo wɔ Dawid kurom. Na eyi ne mo sɛnkyerɛnne: mubehu akokoaa a wɔde ntama akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.” Mpofirim ara abɔfo pii ba na wɔto dwom sɛ: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.”

Bere a abɔfo no kɔ no, nguanhwɛfo no keka kyerɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: “Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ asɛm a aba a [Yehowa] ayi akyerɛ yɛn yi ɛ.” Wɔkɔ ntɛm ara na wohu Yesu wɔ faako a ɔbɔfo no kae sɛ wobehu no no. Bere a nguanhwɛfo no ka nea ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no, ɛyɛ wɔn a wɔte no nyinaa nwonwa. Maria de asɛm yi sie na odwen ho ne komam.

Ɛnnɛ, nnipa pii gye di sɛ wɔwoo Yesu December 25. Nanso December yɛ osutɔ ne awɔw bere wɔ Betlehem. Nguanhwɛfo remfa wɔn nguan ntra sare so anadwo saa bere no wɔ afe no mu. Afei nso, ɛda adi sɛ na Roma Kaesare no renhwɛ kwan sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔtew atua tia no dedaw no betu kwan wɔ awɔw bere kɛse a ɛte saa mu akɔkyerɛw wɔn din. Ɛda adi sɛ wɔwoo Yesu wɔ ahohuru bere mfiase mu hɔ baabi. Luka 2:1–20; Mika 5:2.

▪ Dɛn nti na Yosef ne Maria tu kwan kɔ Betlehem?

▪ Anwonwasɛm bɛn na esi anadwo a wɔwo Yesu no?

▪ Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔanwo Yesu December 25?