Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Kɔ Yerusalem Bio

Yesu Kɔ Yerusalem Bio

Ti 82

Yesu Kɔ Yerusalem Bio

ANKYƐ koraa Yesu si kwan so bio, ɔkyerɛkyerɛ wɔ nkurow ne nkuraase. Ɛda adi sɛ ɔwɔ Perea mantam mu, wɔ Yordan Asubɔnten no agya fi Yudea. Nanso na ɔkɔ Yerusalem.

Ebia esiane Yudafo adwene a ɛne sɛ nnipa kakraa bi na wobegye wɔn no nti, ɔbarima bi bisae sɛ: “Awurade, wɔn a wobegye wɔn yɛ kakraa bi anaa?” Yesu nam ne mmuae so hyɛ nnipa no ma wosusuw nea ɛho hia na wɔanya nkwagye no ho: “Mompere [kyerɛ sɛ, monyere mo ho, anaasɛ mommia moani] nhyɛn ɔpon teateaa no mu!”

Yesu toa so sɛ mmɔdenbɔ a emu yɛ den saa no ho hia “efisɛ nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, na wɔrentumi.” Dɛn nti na wɔrentumi? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ ofiewura no bɛsɔre ato pon no mu na nnipa bɛka akyi na wɔabom aka sɛ: “Owura, hiɛ yɛn,” ɔbɛka sɛ: “Mo de, minnim nea mufi. Mumfi me so, mo a moyɛ nea ɛnteɛ nyinaa!”

Ɛda adi sɛ wɔn a wɔka akyi no ba wɔ bere a wɔn ankasa pɛ mu. Nanso saa bere no na wɔato hokwan pon no mu abram akyi. Anka ɛsɛ sɛ wɔba ntɛm na wɔakɔ mu, ɛwom mpo sɛ ná ɛno nye mma wɔn de. Nokwarem no, awiei a ɛyɛ awerɛhow da hɔ ma wɔn a wɔyɛ mmɔtohɔ wɔ Yehowa som a ɛsɛ sɛ wɔde yɛ botae titiriw wɔ wɔn asetra mu ho no!

Yudafo a wɔsomaa Yesu sɛ ɔnkɔsom wɔn no powee mpɛn pii sɛ wɔbɛfa hokwan kɛse a wonyae yi so agye Onyankopɔn nhyehyɛe ma nkwagye no atom. Enti Yesu ka sɛ sɛ wɔto wɔn pon mu a, wobesu na wɔatwɛre wɔn sẽ. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnipa a wofi “apuei ne atɔe, ne nifã ne benkum,” yiw wobefi amanaman nyinaa mu “aba abɛtra adidii Onyankopɔn ahenni mu.”

Yesu toa so: “Na hwɛ akyikafo bi [wɔn a wɔnyɛ Yudafo a wobu wɔn animtiaa ne afei Yudafo mpapahwekwa] wɔ hɔ a wobedi kan, na adikanfo bi [Yudafo adefo a wɔwɔ gyinabea pa wɔ ɔsom mu] wɔ hɔ a wɔbɛka akyiri.” Akyiri a wɔbɛka no kyerɛ sɛ anihafo a wɔnkyerɛ anisɔ yi renkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu koraa.

Afei Farisifo ba Yesu nkyɛn na wɔka sɛ: “Fi ha kɔ! Na Herode [Antipa] pɛ wo akum wo.” Ɛbɛyɛ sɛ Herode ankasa na ɔkae saa na ama Yesu aguan afi asasesin no mu. Ebia ná Herode suro sɛ ne ho asɛm bɛsan aba Onyankopɔn diyifo foforo wu mu te sɛ nea ɛbae wɔ Osuboni Yohane kum mu no. Nanso Yesu ka kyerɛ Farisifo no sɛ: “Monkɔka nkyerɛ sakraman no sɛ: Hwɛ mitu ahonhommɔne, na mesa yare nnɛ ne ɔkyena, na da a ɛto so abiɛsa no, mawie.”

Bere a Yesu wie n’adwuma wɔ hɔ no, ɔtoa n’akwantu no so kɔ Yerusalem efisɛ, sɛnea ɔkyerɛkyerɛ mu no, “enni ho kwan sɛ odiyifo bi bɛtɔ baabi, gye Yerusalem.” Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ wobekum Yesu wɔ Yerusalem? Efisɛ Yerusalem ne kuropɔn a asennibea kɛse a emufo yɛ nnipa 71 a ɛne Sanhedrin no wɔ ne beae a wɔde mmoa bɔ afɔre. Enti ná ɛrenyɛ papa sɛ wobekum “Onyankopɔn guammaa” no wɔ baabiara sɛ Yerusalem.

Yesu de ɛyaw ka sɛ, “Yerusalem, Yerusalem a wukum adiyifo na wusiw wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn abo! Mpɛn ahe ni a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔtan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase, nanso moampɛ. Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo.” Esiane sɛ ná ɔman no apow Onyankopɔn Ba no nti, ná wɔadome no!

Bere a Yesu bɛn Yerusalem no, Farisifo panyin bi to nsa frɛ no kɔ ne fi. Ɛyɛ homeda, na nnipa no hwɛ no yiye, efisɛ na ɔbarima bi aba hɔ a ɔyare sesaborɔ, ɛda adi sɛ n’anan ase ne ne nsa ahonhon. Yesu kasa kyerɛ Farisifo ne mmarakyerɛfo a wɔwɔ hɔ no na obisa wɔn sɛ: “Ɛwɔ hokwan sɛ wɔsa yare homeda anaa?”

Obiara nkasa. Enti Yesu sa ɔbarima no yare na ɔma ɔkɔ. Afei obisa sɛ: “Mo mu hena na homeda n’afurum anaa nantwi kɔtɔ abura mu a, ɔrenkɔtwe no ntɛmntɛm?” Obiara mmua ara. Luka 13:22–14:6; Yohane 1:29.

▪ Dɛn na Yesu ka sɛ ehia na obi anya nkwagye, na dɛn nti na nnipa pii ka ɔpon akyi?

▪ Henanom ne “akyikafo” a wobedi kan no, ne “adikanfo” a wɔbɛka akyiri no?

▪ Ebia dɛn nti na wɔkae sɛ Herode hwehwɛ Yesu akum no no?

▪ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wokum odiyifo wɔ baabiara gye Yerusalem?