Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Ka Farisifo no Anim

Yesu Ka Farisifo no Anim

Ti 42

Yesu Ka Farisifo no Anim

YESU ka sɛ Satan tumi na ɔde tu adaemone a, ɛnde na Satan sɔre tia n’ankasa ho. Ɔtoa so sɛ, “Momma dua no nyɛ dua pa, na n’aba ayɛ aba pa; anaasɛ momma dua no nyɛ dua bɔne na n’aba ayɛ aba bɔne; na dua aba na wɔde hu dua ko.”

Nyansa nnim sɛ wɔka sɛ aba pa a ɛne adaemone a Yesu tu wɔn no kyerɛ sɛ ɔsom Satan. Sɛ aba no yɛ papa a, dua no rentumi nyɛ dua bɔne. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Farisifo no aba bɔne a ɛne atoro sobo ne Yesu a wɔde ɔsɔretia a nyansa nnim ba no so no kyerɛ sɛ wɔn na wonye. Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nhurutoa mma! Moyɛ abɔnefo yi, mobɛyɛ dɛn aka asɛm pa? Na nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.”

Esiane sɛ yɛn nsɛm da nea ɛwɔ yɛn komam adi nti, wotumi gyina nea yɛka so bu yɛn ntɛn. Yesu ka sɛ, “Mise mo sɛ, nsɛnhunu biara a nnipa bɛka no, wobebu ho akontaa atemmu da. Na wo nsɛm so na wɔnam bebu wo bem, na wo nsɛm so na wɔnam bebu wo fɔ.”

Wɔ Yesu ahoɔdenne no nyinaa akyi no, kyerɛwfo ne Farisifo no bisa sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ yehu wo nsam sɛnkyerɛnne bi.” Ɛwom sɛ ebia na mmarima a wofi Yerusalem yi ankasa nhuu n’anwowade ahorow no de, nanso ɛho adanse wɔ hɔ. Enti Yesu ka kyerɛ Yudafo akannifo no sɛ: “Nnɛ mma abɔnefo ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye odiyifo Yona sɛnkyerɛnne no.”

Yesu toa nea ɔka no so na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa awia ne anadwo no, saa ara nso na onipa ba no bedi asase komam nnansa awia ne anadwo.” Bere a apataa no amene Yona akyi no, opue bae sɛ nea ofi awufo mu, enti Yesu hyɛ nkɔm sɛ obewu na da a ɛto so abiɛsa no wasɔre. Nanso, bere a akyiri yi Yesu nyan no, Yudafo akannifo no pow “Yona sɛnkyerɛnne” no.

Enti Yesu ka sɛ Niniwefo a wɔnam Yona asɛm so nuu wɔn ho no bɛsɔre wɔ atemmu mu na wɔabu Yudafo a wɔpow Yesu no fɔ. Saa ara nso na ɔde sɛnea Sheba hemma fi asase ano nohɔ betiee Salomo nyansa na nea ɔtee ne nea ohui maa ne ho dwiriw no no yɛ mfatoho. Yesu ka sɛ, “Na hwɛ nea ɔsen Salomo wɔ ha.”

Afei Yesu de obi a honhommɔne tu fi ne mu yɛ mfatoho. Onipa no mmfa nneɛma pa nsi ananmu, enti ahonhommɔne ason a wɔyɛ den bɛtra no mu. Yesu ka sɛ, “Saa ara nso na ɛbɛyɛ nnɛ mma abɔnefo yi.” Na wɔaguare Israel man no na na ayɛ nsakrae ahorow—te sɛ nea honhom fi bi atu bere tiaa bi mu. Nanso Onyankopɔn adiyifo a ɔman no pow wɔn a ewiee Kristo no ankasa a ɛsɔre tia no so no ma ɛda adi sɛ ne tebea no asɛe sen ne mfiase.

Bere a Yesu kasa no, ne nã ne ne nuanom bedu hɔ na wogyina nkurɔfokuw no akyi. Enti obi ka sɛ: “Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina afikyiri pɛ sɛ wɔne wo kasa.”

Yesu bisa sɛ, “Hena ne me na, na hena ne me nuanom?” Ɔteɛ ne nsa kyerɛ n’asuafo no so na ɔka sɛ: “Hwɛ me na ne me nuanom ni! Na obiara a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no, ɔno ara ne me nuabarima ne onuabea ne ɛna.” Wɔ saa kwan yi so no, Yesu kyerɛ sɛ ɔne n’abusuafo ntam abusuabɔ ho hia de, nanso ɔne n’asuafo de no ho hia sen saa. Mateo 12:33-50; Marko 3:31-35; Luka 8:19-21.

▪ Ɔkwan bɛn so na Farisifo no ntumi mma “dua” no ne “aba” no nyɛ papa?

▪ Dɛn ne “Yona sɛnkyerɛnne” no, na ɔkwan bɛn so na wɔpow akyiri yi?

▪ Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan Israel man no te sɛ ɔbarima a honhommɔne tu fii ne mu no?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu si ɔne n’asuafo ntam abusuabɔ a emu yɛ den no so dua?