Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Kasa Tia N’asɔretiafo

Yesu Kasa Tia N’asɔretiafo

Ti 109

Yesu Kasa Tia N’asɔretiafo

YESU ama n’anyamesom mu asɔretiafo no adwene ayɛ basaa araa ma enti wosuro sɛ wobebisa no biribi foforo. Enti ɔyɛ na wɔn anibiannaso no ada adi. Obisa sɛ, “Mudwen Kristo no ho dɛn? Hena ba ne no?”

Farisifo no bua sɛ, “Dawid.”

Ɛwom sɛ Yesu mpow sɛ Dawid ne Kristo anaa Mesia no honam fam agya de, nanso obisa sɛ: “Ɛnde adɛn na Dawid nam honhom mu [wɔ Dwom 110] frɛ no owura ka sɛ: [Yehowa] see me wura sɛ: Tra me nifa kosi sɛ mede w’atamfo megu wo nan ase? Sɛ Dawid frɛɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”

Farisifo no yɛ komm efisɛ wonnim Kristo anaasɛ nea wɔasra no no. Mesia no nyɛ Dawid ɔdesani aseni ara kwa, sɛnea ɛda adi sɛ Farisifo no gye di no, na mmom ɔtraa ɔsoro na ná ɔsen Dawid anaasɛ ɔyɛ ne Wura.

Afei Yesu dan n’ani kyerɛ nkurɔfokuw no ne n’asuafo no na ɔbɔ wɔn kɔkɔ wɔ kyerɛwfo ne Farisifo no ho. Esiane sɛ eyinom kyerɛ Onyankopɔn mmara na wɔatra “Mose agua so” nti, Yesu hyɛ sɛ: “Nea wobese mo sɛ munni so no nyinaa, munni so na monyɛ.” Nanso ɔde ka ho sɛ: “Na wɔn nnwuma de, monnyɛ; efisɛ wɔka, nanso wɔnyɛ.”

Wɔyɛ nyaatwomfo, na Yesu kasa tia wɔn te sɛ nea ɔyɛe bere a ɔredidi wɔ Farisini bi fi asram kakra a atwam mu no. Ɔka sɛ: “Wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛnea nnipa behu wɔn.” Ɔde nhwɛso ahorow ma sɛ:

“Wɔyɛ wɔn nkae nhoma atɛtrɛtɛ.” Mmara no afã horow anan: Exodus 13:1–10, 11–16; ne Deuteronomium 6:4–9; 11:13–21 na wɔde ayɛ boaa nketenkete yi a wɔde to wɔn moma so anaasɛ wɔn nsa no. Nanso Farisifo no yɛ boaa yi akɛse na wɔde akyerɛ sɛ wɔbɔ mmara no ho mmɔden.

Yesu toa so sɛ “wɔyɛ wɔn ntade ano nnwow akɛse.” Wɔ Numeri 15:38–40 no, wɔhyɛ Israelfo no sɛ wɔnyɛ nnwow wɔ wɔn ntade ano, nanso Farisifo yɛ wɔn de no akɛse sen obiara de. Wɔyɛ biribiara sɛnea nnipa behu! Yesu ka sɛ: “Wɔpɛ mpanyin trabea.”

Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wogye din yi wɔ n’ankasa asuafo no nso mu. Enti ɔde afotu ma sɛ: “Na mo de, wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom. Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no. Nanso wɔmmfrɛ mo akyerɛkyerɛfo; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, ɔne Kristo no.” Ɛsɛ sɛ asuafo no twe wɔn ho fi biribiara mu a wɔbɛpɛ sɛ wodi kan ho akɔnnɔ no ho! Yesu de afotu ma sɛ: “Na mo mu kɛse no nyɛ mo somfo.”

Eyi akyi no ɔka due ahorow a ɛtoatoa so gu kyerɛwfo ne Farisifo no so, na ɔkɔ so frɛ wɔn nyaatwomfo. Ɔka sɛ wɔto “ɔsoro ahenni mu nnipa anim” na wɔmene “akunafo adan na wɔbɔ mpae atenten kyerɛ.”

Yesu ka sɛ, “Munnue mo kwankyerɛfo anifuraefo.” Yesu kasa tia Farisifo no honhom mu su pa a wonni a nea wobu no ade titiriw no di ho adanse no. Sɛ nhwɛso no, wɔka sɛ, ‘Obi de asɔredan no ka ntam a ɛnyɛ hwee, nanso sɛ ɔde asɔredan no mu sika ka ntam a wato mmara.’ Wɔma wɔn abrabɔ mu anifurae no da adi denam asɔredan no mu sika no so a wɔtwe adwene si pii mmom sen honhom mu mfaso a ɛwɔ beae a wɔsom wɔ hɔ yi so no so.

Afei, te sɛ nea Yesu ayɛ bere a atwam no, ɔkasa tia Farisifo no sɛ wogyaw “mmara mu nea ɛsom bo no: atemmu ne mmɔborohunu ne nokwaredi” bere a wɔtwe adwene si nhaban a ɛho nhia so ntotoso du du a wotua so no.

Yesu frɛ Farisifo no “akwankyerɛfo anifuraefo a mosɔn yi nwansena, na momene yoma.” Wɔsɔn wɔn nsã so yi nwansena fi mu, ɛnyɛ sɛ ɔyɛ akoekoeboa ara kwa nti, na mmom sɛ ne ho ntew nso. Nanso, wɔn ani a wobu gu mmara mu nea ɛsom bo so no te sɛ nea wɔmene yoma a ɔno nso ho ntew no. Mateo 22:41–23:24; Marko 12:35–40; Luka 20:41–47; Leviticus 11:4, 21–24.

▪ Dɛn nti na Farisifo no yɛ komm bere a Yesu bisa wɔn nea Dawid kae wɔ Dwom 110 no ho asɛm no?

▪ Dɛn nti na Farisifo yɛ wɔn boaa a kyerɛwsɛm wom ne wɔn ntade ano nnwow akɛse no?

▪ Afotu bɛn na Yesu de ma n’asuafo no?

▪ Dɛn na Farisifo no bu no ade titiriw, na ɔkwan bɛn so na Yesu kasa tia wɔn wɔ nea ɛsom bo a wobu wɔn ani gu so no ho?