Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Kyerɛkyerɛ wɔ Yeriko

Yesu Kyerɛkyerɛ wɔ Yeriko

Ti 99

Yesu Kyerɛkyerɛ wɔ Yeriko

ANKYƐ, Yesu ne nkurɔfokuw a ɔne wɔn tu kwan no du Yeriko, ɛyɛ kurow bi a efi Yerusalem kɔ hɔ no bɛyɛ da koro kwan. Ɛda adi sɛ Yeriko yɛ nkurow abien, Yudafo kurow dedaw a ɛbɛyɛ sɛ akwansin akron kɔ Romafo kurow a ɛno yɛ foforo no mu no. Bere a nkurɔfokuw no fi kurow dedaw no mu na wɔrebɛn foforo no, anifuraefo baanu a wɔsrɛsrɛ ade te gyegyeegye no. Wɔfrɛ obiako sɛ Bartimeo.

Bere a Bartimeo te sɛ Yesu na ɔresen no, ɔne ne hokafo no fi ase teɛteɛm sɛ: “Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!” Bere a nkurɔfokuw no teɛteɛ wɔn sɛ wɔnyɛ komm no wɔteɛm kɛse sen saa mpo sɛ: “Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!”

Bere a Yesu te nteɛteɛm no, ogyina. Ɔka kyerɛ wɔn a wɔne no nam no sɛ wɔmfrɛ wɔn a wɔteɛteɛm no. Wɔkɔ anifuraefo no nkyɛn na wɔka kyerɛ wɔn mu biako sɛ: “Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre, ɔrefrɛ wo.” Onifuraefo no de anigye kɛse yi n’atade nguguso gu hɔ na ɔsɔre na ɔkɔ Yesu nkyɛn.

Yesu bisa no sɛ: “Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo?”

Anifuraefo baanu no srɛ sɛ: “Awurade, sɛ yɛn aniwa mmue!”

Ayamhyehye maa Yesu de ne nsa keka wɔn ani. Sɛnea Marko kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, Yesu ka sɛ: “Kɔ, wo gyidi agye wo!” Amonom hɔ ara onifuraefo no hu ade, na akyinnye biara nni ho sɛ wɔn nyinaa fi ase hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Bere a nnipa no nyinaa hu nea asi no, wɔn nso wɔkamfo Onyankopɔn. Ntɛm ara, Bartimeo ne ne yɔnko no fi ase di Yesu akyi.

Bere a Yesu retwam wɔ Yeriko no, nkurɔfokuw no yɛ pii. Obiara pɛ sɛ ohu nea wasa anifuraefo no yare no. Nnipa no kyere so wɔ Yesu ho nyinaa enti ebinom nhu no mpo. Eyinom mu biako ne Sakeo, Yeriko ne ne mpɔtam towgyefo panyin. Ɔyɛ tiaa araa ma onhu nea ɛrekɔ so no.

Enti Sakeo tu mmirika di kan kɔforo borɔdɔma dua wɔ ɔkwan a Yesu nam so no so. Wɔ ɛha yi no, obetumi ahu biribiara yiye. Bere a nkurɔfokuw no reba no, Yesu frɛ nea ɔwɔ dua no so no: “Sakeo, yɛ ntɛm si fam; na wo fi na ɛsɛ sɛ metra nnɛ.” Sakeo de anigye si fam na ɔyɛ ntɛm kɔ fie kɔyɛ ahoboa ma ne hɔho kɛse no.

Nanso, bere a nkurɔfo hu nea ɛkɔ so no, wɔn nyinaa fi ase nwiinwii. Wosusuw sɛ ɛnsɛ sɛ Yesu soɛ onipa a ɔte saa. Wunim, Sakeo yɛɛ ɔdefo denam apoobɔ so a ɔnam gyigyee sika wɔ ne towgye adwuma no mu no so.

Nnipa bebree di akyi, na bere a Yesu hyɛn Sakeo fi no, wɔka sɛ: “Ɔkɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.” Nanso Yesu hu sɛ Sakeo betumi asakra. Na nea Yesu hui no yɛ nokware efisɛ Sakeo sɔre na ɔka sɛ: “Awurade, hwɛ, mede m’ahode fa mekyɛ ahiafo, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mebɔ ho mpɛn anan mitua ka.”

Sakeo ma ɛda adi sɛ n’ahonu no yɛ nokware denam n’ahode fa a ɔde ma ahiafo ne fa a aka a ɔde tua wɔn a wasisi wɔn ka no so. Ɛda adi sɛ obetumi ahwɛ afi ne towgye kyerɛwtohɔ ahorow mu abu ka a ɔde nkurɔfo yi pɛpɛɛpɛ. Enti ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ ho mpɛn anan de di Onyankopɔn mmara a ɛka sɛ: ‘Sɛ obi kowia oguan a ɔmfa nguan anan nsi biako anan mu’ no so.

Yesu ani gye sɛnea Sakeo hyɛ bɔ sɛ ɔbɛkyɛ n’ahode mu no ho, efisɛ ɔka sɛ: “Ɛnnɛ nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ ɔno nso yɛ Abraham ba. Na onipa ba no bae sɛ ɔbɛhwehwɛ na wabegye nea ayera.”

Ɛnkyɛe biara na ná Yesu de ɔba hohwini asɛm no abu ‘wɔn a wɔayera’ tebea no ho bɛ. Afei yɛanya obi a ɔyerae na wɔahu no ankasa asetra mu osuahu. Ɛwom sɛ nyamesom akannifo no ne wɔn a wodi wɔn akyi no kasakasa na wonwiinwii wɔ Yesu ani a egye nnipa te sɛ Sakeo ho no ho de, nanso Yesu kɔ so hwehwɛ na osiesie Abraham mma a wɔayera yi. Mateo 20:29–34; Marko 10:46–52; Luka 18:35–19:10; Exodus 22:1.

▪ Ɛhe na ɛda adi sɛ Yesu hyia anifuraefo adesrɛfo no, na dɛn na ɔyɛ ma wɔn?

▪ Hena ne Sakeo, na dɛn nti na ɔforo dua?

▪ Ɔkwan bɛn so na Sakeo da n’ahonu adi?

▪ Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Yesu ne Sakeo dii no mu?