Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Ma Mpempem Pii Aduan Anwonwa Kwan So

Yesu Ma Mpempem Pii Aduan Anwonwa Kwan So

Ti 52

Yesu Ma Mpempem Pii Aduan Anwonwa Kwan So

ASOMAFO 12 no anya asɛnka a etu mpɔn a wɔyɛɛ no Galilea nyinaa no mu anigye. Afei, wɔ Yohane kum no akyi bere tiaa bi no, wɔsan ba Yesu nkyɛn bɛka wɔn suahu ahorow a ɛyɛ nwonwa kyerɛ no. Bere a Yesu hu sɛ wɔabrɛ na nnipa pii redi akɔneaba na wɔrenya bere nidi mpo no, ɔka sɛ: ‘Momma yɛnkɔ sare so fa baabi, na yɛnkɔhome kakra.’

Wɔtra wɔn korow mu, ebia wɔ beae a ɛbɛn Kapernaum, na wɔde wɔn ani kyerɛ baabi, akyinnye biara nni ho sɛ Yordan apuei fãm wɔ Betsaida akyi. Nanso nnipa pii hu sɛ wɔkɔ, na afoforo te. Eyinom nyinaa tu mmirika fa po no ano, na bere a ɔkorow no du hɔ no, nnipa no hyia wɔn.

Bere a Yesu fi ɔkorow no mu si na ohu nnipakuw no, wɔn ade yɛ no mmɔbɔ efisɛ na nnipa no te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. Enti ɔsa wɔn mu ayarefo no yare na ofi ase kyerɛkyerɛ wɔn nneɛma pii.

Ade resã ntɛmntɛm, na Yesu asuafo no ba ne nkyɛn na wɔka sɛ: “Ɛha yɛ sare so, na onwini reyɛ adwo; gya wɔn kwan na wɔnkɔ mfuw ne nkuraa a atwa ahyia yi ase nkɔtɔ abodoo bi nni.”

Nanso, mmuaema mu no, Yesu ka sɛ: “Mo ara momma wɔn biribi nni!” Afei, esiane sɛ Yesu nim nea ɔrebɛyɛ dedaw nti, ɔsɔ Filipo hwɛ na obisa no sɛ: “Ɛhe na yɛbɛtɔ abodoo ama eyinom adi?”

Wɔ Filipo ani so no, tebea no yɛ nea wontumi nyɛ ho hwee. Bɛyɛ sɛ mmarima 5,000, na sɛ wɔkan mmea ne mmofra ka ho a, ebia bɛyɛ nnipa a wɔboro 10,000 na wɔwɔ hɔ! Filipo bua sɛ: “Abodoo denare ahanu [na denare biako yɛ da koro akatua saa bere no] renso wɔn sɛ wɔn mu biara benya kakra.”

Ebia wɔ ɔkwan a ɛbɛkyerɛ sɛ wontumi mma nnipa dodow a ɛte saa aduan no so no, Andrea ka sɛ: “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ atoko abodoo anum ne mpataa nketewa abien,” ɔka ka ho sɛ: “Na eyi yɛ dɛn ma nnipa pii yi?”

Esiane sɛ ɛyɛ fefɛw bere mu wɔ Twam Afahyɛ wɔ 32 Y.B. mu akyi bere tiaa bi nti, na sare frɔmfrɔm pii wɔ hɔ. Enti Yesu ma n’asuafo ka kyerɛ nkurɔfo no sɛ wɔntratra sare no so akuwakuw 50 ne 100. Ogye abodoo anum ne mpataa abien no, ɔhwɛ soro na ohyira so. Afei ofi ase bubu abodoo no mu na ɔkyɛ mpataa no. Ɔde ma n’asuafo no, na wɔn nso wɔkyɛ ma nkurɔfo no. Ɛyɛ nwonwa sɛ nnipa no nyinaa adidi ameemee!

Ɛno akyi no Yesu ka kyerɛ n’asuafo no sɛ: “Mommoaboa mporoporowa a aka no ano, na ebi anyera.” Bere a wɔyɛ saa no, nea wodii no mporoporowa no yɛ nkɛntɛn 12 mama! Mateo 14:13–21; Marko 6:30–44; Luka 9:10–17; Yohane 6:1–13.

▪ Dɛn nti na Yesu hwehwɛ baabi ama n’asuafo no akohintaw?

▪ Ɛhe na Yesu de n’asuafo no kɔ, na dɛn nti na wɔantumi anhome?

▪ Bere a ade reyɛ asa no, dɛn na asuafo no ka, nanso ɔkwan bɛn so na Yesu hwɛ nkurɔfo no?