Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Ma Okunafo

Yesu Ma Okunafo

Ti 37

Yesu Ma Okunafo

bi Awerɛhow Gyae

BERE a Yesu sa ɔsraani panyin no akoa yare akyi bere tiaa bi no, ofi hɔ kɔ Nain a ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ bɛyɛ akwansin 20 wɔ Kapernaum kesee fam atɔe. N’asuafo no ne nnipa kuw kɛse ne no kɔ. Ɛda adi sɛ woduu Nain kurotia anwummere. Ɛha no wohyia ayiasefo. Wɔso abrante bi amu refi kurow no mu akosie no.

Ɛnã no ade yɛ mmɔbɔ pii, efisɛ ɔyɛ okunafo na oyi nkutoo ne ne ba. Bere a ne kunu wui no, ɔde nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔwɔ ba no kyekyee ne werɛ. N’anidaso, n’apɛde ne botae nyinaa gyina ne ba no daakye so. Nanso afei de onni ɔwerɛkyekyefo biara bio. Bere a kurom hɔfo ne no kɔ amusiei no ne werɛ how kɛse.

Bere a Yesu hu ɔbea no, ne werɛ a ahow pii no ma ne yam hyehye no. Enti ɔde ayamye ne pintinyɛ a ɛhyɛ nkuran ka kyerɛ no sɛ: “Nsu!” N’adeyɛ ma nkurɔfokuw no adwene ba no so. Enti bere a ɔbɛn wɔn na ɔde ne nsa ka funu adaka no, wɔn a wɔso no gyina. Obiara hwɛ nea ɔbɛyɛ.

Ɛyɛ nokware sɛ wɔn a wɔka Yesu ho no ahu sɛ ɔnam anwonwa kwan so asa nnipa pii yare. Nanso ɛda adi sɛ wonhuu sɛ wanyan obi a wawu da. So obetumi ayɛ ade a ɛte saa? Yesu ka kyerɛ amu no sɛ: “Aberante, mise wo sɛ: Sɔre!” Na ɔbarima no sɔre tra ase! Ofi ase kasa, na Yesu de no ma ne maame.

Bere a nnipa no hu sɛ aberante no anyan ampa no, wofi ase ka sɛ: “Odiyifo kɛse asɔre yɛn mu.” Afoforo ka sɛ: “Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.” Ntɛm ara anwonwade yi ho asɛm trɛw Yudea ne aman a atwa ho ahyia no nyinaa mu.

Osuboni Yohane da so ara da afiase, na ɔpɛ sɛ ɔte nnwuma a Yesu tumi yɛ no ho nsɛm pii. Yohane asuafo ka anwonwade ahorow yi ho asɛm kyerɛ no. Dɛn na ɔka wɔ ho? Luka 7:11-18.

▪ Bere a Yesu bɛn Nain no na dɛn na asi?

▪ Nea Yesu hu no ka no dɛn, na ɔyɛ dɛn?

▪ Nnipa no yɛ wɔn ade dɛn wɔ Yesu anwonwade no ho?