Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Sɔhwɛ Ahorow No a Yebesua Ade Afi Mu

Yesu Sɔhwɛ Ahorow No a Yebesua Ade Afi Mu

Ti 13

Yesu Sɔhwɛ Ahorow No a Yebesua Ade Afi Mu

BERE a wɔbɔ Yesu asu wie ara pɛ, Onyankopɔn honhom de no kɔ Yudea sare so. Na nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Yesu susuw ho, efisɛ bere a wɔbɔɔ no asu no, ‘ɔsoro buei’ sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ate ɔsoro nneɛma ase. Nokwarem no, nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ odwennwen ho!

Yesu di nnafua 40, awia ne anadwo, wɔ sare no so na wanni hwee bere yi mu. Afei bere a ɔkɔm de Yesu kɛse no, Ɔbonsam ba ne nkyɛn bɛsɔ no hwɛ, na ɔka sɛ: “Sɛ wone Onyankopɔn ba no a, kasa na ɔbo yi nnan abodoo.” Nanso Yesu nim sɛ ɛnteɛ sɛ ɔde anwonwade tumi a ɔwɔ no bedi dwuma de anya nneɛma a n’ankasa pɛ. Enti wampene so.

Nanso Ɔbonsam mpa abaw. Ɔfa ɔkwan foforo so. Ɔka kyerɛ Yesu sɛ onhuruw mfi asɔrefi no atifi na Onyankopɔn abɔfo bɛsɔw no. Nanso Yesu ampene so sɛ ɔbɛyɛ ɔyɛkyerɛ a ɛte saa. Yesu fa Kyerɛwnsɛm no mu asɛm ka de kyerɛ sɛ enye sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ahwɛ saa kwan yi so.

Wɔ sɔhwɛ a ɛto so abiɛsa mu no, Ɔbonsam nam anwonwa kwan bi so kyerɛ Yesu wiase ahenni nyinaa na ose: “Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa mɛma wo.” Na bio nso, Yesu ampene sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnteɛ na ɔpaw sɛ obedi nokware ama Onyankopɔn.

Yebetumi asua biribi afi sɔhwɛ ahorow a ɛbaa Yesu so yi mu. Sɛ nhwɛso no, ɛkyerɛ sɛ Ɔbonsam nyɛ bɔne su bi ara kwa sɛnea nnipa binom ka no, na mmom ɔyɛ obi ankasa a aniwa ntumi nhu no. Yesu sɔhwɛ no kyerɛ nso sɛ wiase ahenni nyinaa yɛ Ɔbonsam apɛgyade. Sɛ ɛnyɛ Ɔbonsam de a, anka ɔkwan bɛn so na kyerɛ a ɔde kyerɛ Yesu no betumi ayɛ sɔhwɛ ankasa?

Susuw eyi ho: Ɔbonsam kae sɛ, sɛ Yesu kotow sɔre no pɛnkoro pɛ mpo a, obetua no so ka, ɔde wiase ahenni nyinaa mpo bɛma no. Ebia Ɔbonsam bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ yɛn ahwɛ wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so, ebia ɔde hokwan ahorow a ɛbɛma yɛanya wiase no mu ahonyade, tumi, anaasɛ dibea besi yɛn anim. Nanso hwɛ anyansafo ara a yɛbɛyɛ sɛ yebedi Yesu nhwɛso no akyi denam nokware a yɛbɛkɔ so adi ama Onyankopɔn so a sɔhwɛ biara a ɛbɛba yɛn so no mfa ho! Mateo 3:16; 4:1–11; Marko 1:12, 13; Luka 4:1–13.

▪ Nneɛma bɛn na ɛda adi sɛ Yesu dwennwen ho wɔ nnafua 40 a odi wɔ sare so no mu?

▪ Ɔkwan bɛn so na Ɔbonsam bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Yesu ahwɛ?

▪ Dɛn na yebetumi asua afi sɔhwɛ ahorow a ɛbaa Yesu so no mu?