Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Soma 70 No

Yesu Soma 70 No

Ti 72

Yesu Soma 70 No

ƐYƐ twabere wɔ 32 Y.B. mu, mfe abiɛsa wɔ Yesu asubɔ akyi. Na ɔne n’asuafo no kɔɔ Asesebɔ Afahyɛ no ase wɔ Yerusalem no nkyɛe biara na na ɛda adi sɛ wɔda so ara wɔ baabi a ɛbɛn hɔ. Nokwarem no, Yesu de ne som adwuma no mu asram asia a aka no mu fã kɛse no tra Yudea anaasɛ Yordan Asubɔnten no akyi wɔ Perea mantam mu. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ asasesin yi mu adwuma nso.

Ɛwom, wɔ 30 Y.B. mu Twam no akyi no, Yesu de asram bɛyɛ awotwe kaa asɛm wɔ Yudea. Nanso bere a na Yudafo no abɔ mmɔden sɛ wobekum no wɔ Twam afahyɛ no ase wɔ 31 Y.B. mu akyi no, ɛkame ayɛ sɛ ɔde afe biako ne fã a edi hɔ no kyerɛkyerɛe wɔ Galilea nkutoo. Wɔ saa bere no mu no, onyaa asɛnkafo a wɔatete wɔn yiye ahyehyɛde kɛse bi, ade a anka kan onni bi. Enti afei ofi adansedi ɔsatu kɛse a etwa to ase wɔ Yudea.

Yesu fi ɔsatu yi ase denam asuafo 70 a ɔpaw wɔn na ɔsoma wɔn baanu baanu no so. Enti wɔyɛ Ahenni asɛnkafo akuw 35 a wɔbɛyɛ asasesin no mu adwuma. Eyinom di kan kɔ kurow biara mu ne beae a ɛda adi sɛ Yesu a n’asomafo no ka ne ho reyɛ nhyehyɛe akɔ no.

Sɛ anka Yesu bɛma 70 no akɔ hyia adan mu no, ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔ afie mu na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ofi biara a mobɛkɔ mu no, munse kan sɛ: Asomdwoe mmra ofie ha yi! Na sɛ asomdwoe ba wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛtra no so.” Asɛm bɛn na wɔbɛka? Yesu ka sɛ: “Na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn ahenni abɛn mo.” Ɛdefa 70 no dwumadi ho no, Matthew Henry’s Commentary bɔ amanneɛ sɛ: “Te sɛ wɔn wura no, wɔkaa asɛm wɔ afie afie wɔ baabiara a wɔkɔe.”

Ahyɛde horow a Yesu de maa 70 no te sɛ nea ɔde maa 12 no bere a ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm wɔ Galilea bɛyɛ afe biako a na atwam no mu no. Ɛnyɛ sɛ ɔbɔɔ 70 no kɔkɔ wɔ ɔsɔretia a wobehyia ho na osiesiee wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka asɛm no akyerɛ afiewuranom nko, na mmom nso ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnsa nyarewa. Enti sɛ Yesu du hɔ bere tiaa bi akyi a, nnipa pii benya ɔpɛ sɛ wobehyia Owura a n’asuafo tumi yɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛte sɛɛ no.

Nnipa 70 no asɛnka ne akyi a Yesu di no gye bere tiaa bi. Wɔ bere tiaa bi akyi no, Ahenni asɛnkafo akuw 35 no san ba Yesu nkyɛn. Wɔde anigye ka sɛ: “Awurade, wo din nti ahonhommɔne po abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.” Ɔsom adwuma ho amanneɛbɔ pa a ɛte saa no ma Yesu ani gye, efisɛ ɔka sɛ: “Mihuu Satan sɛ ofi soro hwee ase sɛ anyinam. Hwɛ, mema mo ho kwan sɛ muntiatia awɔ ne nkekantwɛre . . . so.”

Yesu nim sɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni no awo akyi wɔ awiei bere no mu no, wɔbɛpam Satan ne n’adaemone afi soro. Nanso nnipa kɛkɛ a wɔpam adaemone a aniwa nhu wɔn no yɛ awerɛhyem foforo a ɛfa saa asɛm a ebesi no ho. Enti Yesu ka Satan asehwe fi soro a ɛbɛba daakye no ho asɛm sɛ ɛbɛba ampa. Enti, wɔde tumi ma 70 no sɛ wontiatia awɔ ne nkenkantwɛre so wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Nanso Yesu ka sɛ: “Mommma mo ani nnnye sɛ ahonhommɔne abrɛ wɔn ho ase ama mo; na mmom mo ani nnye sɛ wɔakyerɛw mo din ɔsoro.”

Yesu ani gye mmoroso na ɔkamfo n’Agya wɔ baguam sɛ ɔde ne nkoa ahobrɛasefo yi di dwuma wɔ ɔkwan a tumi wom so. Bere a ɔdan n’ani kyerɛ n’asuafo no ɔka sɛ: “Nhyira ne aniwa a ehu nea muhu yi; na mise mo sɛ, adiyifo ne ahene bebree pɛe sɛ anka wohu nneɛma a muhu yi, na wɔanhu, na wɔte nneɛma a mote yi, na wɔante.” Luka 10:1–24; Mateo 10:1–42; Adiyisɛm 12:7–12.

▪ Ɛhe na Yesu kaa asɛm wɔ mfe abiɛsa a edi kan wɔ ne som adwuma no mu no, na asasesin bɛn na ɔyɛ mu adwuma wɔ asram asia a etwa to no mu?

▪ Ɛhe na Yesu kyerɛ 70 no kwan kɔ sɛ wɔnkɔhwehwɛ nkurɔfo?

▪ Dɛn nti na Yesu kae sɛ ohui sɛ Satan afi soro ahwe ase dedaw no?

▪ Ɔkwan bɛn so na 70 no tiatia awɔ ne nkenkantwɛre so?