Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Twam a Edi Akyiri Abɛn

Yesu Twam a Edi Akyiri Abɛn

Ti 112

Yesu Twam a Edi Akyiri Abɛn

BERE a Benada, Nisan 11 rebɛn no, Yesu wie asomafo no kyerɛkyerɛ wɔ Ngo Bepɔw no so. Ná wayɛ adwuma pii saa da no! Afei, ebia bere a wɔresan aba Betania abɛda no, ɔka kyerɛ n’asomafo no sɛ: “Munim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wobeyi onipa ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛndua mu.”

Akyinnye biara nni ho sɛ da a edi hɔ, Wukuda, Nisan 12 no, Yesu ne n’asomafo no home. Adekyee ansa na saa da no aba no, na wakasa atia nyamesom akannifo no wɔ baguam, na ohu sɛ wɔhwehwɛ no akum no. Enti Wukuda no, ɔde ne ho sie, efisɛ ɔmpɛ sɛ biribiara sɛe Twam afahyɛ a ɔne n’asomafo no rebedi no.

Saa bere yi no, ná asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no ahyia wɔ ɔsɔfo panyin Kaiafa fi. Esiane sɛ Yesu kasa tiaa wɔn ansa na ade bɛkye saa da no nti, wɔreyɛ nhyehyɛe ahorow a wɔde bɛkyere no anifere kwan so akum no. Nanso wɔkɔ so ka sɛ: “Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na sakasaka amma ɔman mu.” Wosuro nnipa a wɔpɛ Yesu asɛm no.

Bere a nyamesom akannifo no rebɔ pɔw bɔne sɛ wobekum Yesu no, obi ba wɔn nkyɛn. Wɔn ho dwiriw wɔn sɛ ná ɛyɛ Yesu ankasa asomafo no mu biako, Yuda Iskariot a Satan de sɛnea obeyi ne Wura no ama ho adwemmɔne ahyɛ ne mu no! Hwɛ sɛnea ɛyɛ wɔn anigye bere a Yuda bisa sɛ: “Dɛn na mobɛma me na mayi no mahyɛ mo nsa?” no. Wɔde anigye pene so sɛ wɔbɛma no nnwetɛbona aduasa a ɛyɛ akoa bo wɔ Mose mmara mu no. Efi saa bere no Yuda hwehwɛ sɛnea obeyi Yesu ama bere a nkurɔfokuw no nni hɔ.

Nisan 13 fi ase Wukuda bere a owia akɔtɔ. Yesu fi Yeriko ba Fida, enti eyi ne n’anadwo a ɛto so asia ne nea etwa to wɔ Betania. Da a edi hɔ a ɛyɛ Yawda no, wɔbɛyɛ ahoboa a edi akyiri ama Twam a efi ase bere a owia akɔtɔ no. Ɛno ne bere a ɛsɛ sɛ wokum Twam guan no na afei wɔtoto ne mũ no nyinaa. Ɛhe na wobedi afahyɛ no na hena na ɔbɛyɛ nhyehyɛe ahorow no? Ná Yesu mmaa akwankyerɛ a ɛte saa biara, ebia sɛnea ɛbɛyɛ a Yuda renkɔka nkyerɛ asɔfo mpanyin no na wɔabɛkyere Yesu bere a Twam afahyɛ no rekɔ so no. Nanso afei, bɛyɛ sɛ Yawda awia no, Yesu soma Petro ne Yohane fi Betania, sɛ: ‘Monkɔ kurow no mu na monkɔsiesie Twam no mma yɛn!’

Wobisa sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yekosiesie ma wo na wukodi Twam no?”

Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Monkɔ kurow no mu! Na onipa bi a ɔso ahina behyia mo; munni n’akyi, na baabiara a ɔbɛhyɛn no, munse ofiewura no sɛ: Kyerɛkyerɛfo no se: Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafo bedi mu Twam no wɔ? Na ɔno ara bɛkyerɛ mo abansoro asa kɛse bi a wɔahyehyɛ mu, na wɔasiesie mu, ɛhɔ na munsiesie Twam no mma yɛn!”

Akyinnye biara nni ho sɛ ofiewura no yɛ Yesu suani a ebia ɔhwɛ kwan sɛ Yesu bebisa no na wadi afahyɛ titiriw yi wɔ ne fie hɔ. Ɔkwan biara so no, bere a Petro ne Yohane du Yerusalem no, wohu biribiara sɛnea Yesu ka siei no. Enti wɔn baanu no hwɛ ma wosiesie oguan no na wɔyɛ nnipa 13 a wobedi Twam no, Yesu ne n’asomafo 12 no ahiade ahorow ho nhyehyɛe afoforo nyinaa. Mateo 26:1–5, 14–19; Marko 14:1, 2, 10–16; Luka 22:1–13; Exodus 21:32.

▪ Dɛn na ɛda adi sɛ Yesu yɛ Wukuda no, na dɛn ntia?

▪ Nhyiam bɛn na wɔyɛ wɔ ɔsɔfo panyin no fi, na dɛn nti na Yuda kɔ nyamesom akannifo no nkyɛn?

▪ Henanom na Yesu soma wɔn Yerusalem Yawda no, na dɛn ntia?

▪ Dɛn na wɔn a wɔsomaa wɔn yi hu a ɛkyerɛ bio sɛ Yesu wɔ tumi a ɔde yɛ anwonwade ahorow?