Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Yɛ Nea Onyankopɔn Hwehwɛ Nyinaa Wie

Yesu Yɛ Nea Onyankopɔn Hwehwɛ Nyinaa Wie

Ti 133

Yesu Yɛ Nea Onyankopɔn Hwehwɛ Nyinaa Wie

BERE a Yesu Kristo, Ɔhene Ɔkofo no ayi Satan ne ne wiase bɔne no afi hɔ no, hwɛ ade a ɛbɛma wɔanya anigye ara a ɛbɛyɛ! Yesu asomdwoe Mfirihyia Apem Ahenni no fi ase afei!

Wɔ Yesu ne ne mfɛfo ahemfo no akwankyerɛ ase no, wɔn a wobetwa Harmagedon no besiesie nneɛma a saa trenee ɔko no sɛee no no. Ebia wɔn a wobefi mu aka atra asase so no bɛwo akosi bere bi, na eyinom benya adwuma a ɛyɛ anigye a ɛne asase no a wosiesie no ma ɛdan turo fɛfɛ no mu kyɛfã.

Bere rekɔ so no, Yesu benyan ɔpepem pii afi wɔn adamoa mu ma wɔabegye wɔn ani wɔ Paradise fɛfɛ yi mu. Ɔbɛyɛ eyi na ama n’ankasa bɔhyɛ a ɔde mae no abam sɛ: ‘Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa befi adi.’

Obi a na ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo a owui wɔ Yesu nkyɛn wɔ asɛndua so no bɛka wɔn a Yesu nyan wɔn no ho. Kae sɛ Yesu hyɛɛ no bɔ sɛ: ‘Nokware mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho Paradise hɔ.’ Dabi, wɔremfa saa ɔbarima no nkɔ soro na ɔne Yesu akodi tumi sɛ ɔhene, na Yesu nso renyɛ onipa bio na ɔne no atra Paradise asase no so. Mmom no, tra a Yesu ne nea na ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo no bɛtra no kyerɛ sɛ Obenyan no aba nkwa mu wɔ Paradise na wahwɛ ma ne nsa aka ne honam fam ne honhom fam ahiade nyinaa, sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ kratafã a edi hɔ no mu no.

Susuw ho hwɛ! Wɔ Yesu ɔdɔ ɔhwɛ ase no, adesamma abusua no nyinaa—wɔn a wobetwa Harmagedon, wɔn mma, ne awufo a wɔanyan wɔn a wotie no ɔpepem pii—benyin akɔ ɔdesani pɛyɛ mu. Yehowa nam ne Ba, ɔhene Yesu Kristo so, ne adesamma bɛtra wɔ honhom mu. Sɛnea ɛnne a efi soro a Yohane tee no ka no, “Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.” Obiara nni asase so a obehu amane anaasɛ ɔbɛyare.

Wɔ Yesu Mfirihyia Apem Ahenni no awiei no, tebea no bɛyɛ sɛnea na Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw te bere a ɔka kyerɛɛ nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, sɛ wɔnnɔ na wɔnyɛ asase so ma no. Yiw, adesamma abusua atreneefo a wɔyɛ pɛ bɛhyɛ asase no so ma. Ɛbɛba saa efisɛ na wɔde Yesu agyede afɔrebɔ no mfaso horow no adi dwuma ama obiara. Owu a esiane Adam bɔne no nti ɛbae no rentra hɔ bio!

Saa kwan yi so no, Yesu bɛyɛ nea Yehowa hwehwɛ afi ne hɔ no nyinaa. Enti, mfirihyia apem no awiei no, ɔbɛdan Ahenni no ne adesamma abusua a wɔayɛ pɛ no ama n’Agya. Afei Onyankopɔn begyaa Satan ne n’adaemone no afi ebun a ɛkyerɛ tebea a ɛte sɛ owu a wontumi nyɛ hwee no mu. Dɛn ntia?

Wiɛ, mfirihyia apem no awiei no, wɔn a wɔbɛtra Paradise no mu dodow no ara bɛyɛ wɔn a wɔanyan wɔn a wɔnsɔɔ wɔn gyidi nhwɛe da. Ansa na wɔrewu no, na wɔntee Onyankopɔn bɔhyɛ ho asɛm da ma enti wɔantumi ankyerɛ mu gyidi. Afei, wonyanee wɔn na wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Bible mu nokware ahorow akyi no, na ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn wɔ Paradise a wɔanhyia ɔsɔretia biara. Nanso sɛ wɔma Satan kwan sɛ ɔmmɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔagyae Onyankopɔn som a, so wobedi nokware wɔ sɔhwɛ mu anaa? Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabua saa asɛm yi nti, wobegyaa Satan.

Adiyisɛm a wɔde maa Yohane no da no adi sɛ Yesu mfirihyia Apem Ahenni akyi no, Satan betumi adan nnipa bi a wɔankyerɛ wɔn dodow afi Onyankopɔn som ho. Nanso, sɛ sɔhwɛ a etwa to no ba awiei a, wɔbɛsɛe Satan, n’adaemone, ne wɔn a otumi daadaa wɔn no nyinaa koraa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nokwaredifo a wɔbɛka, a wɔasɔ wɔn ahwɛ awie koraa no bɛkɔ so atra ase na wɔanya wɔn soro Agya no nhyira horow mu anigye akosi daa.

Ɛda adi pefee sɛ Yesu anya kyɛfã a ɛho hia kɛse wɔ Onyankopɔn anuonyam atirimpɔw ahorow ho dwumadi mu, na ɔbɛkɔ so ayɛ saa. Daakye a ɛyɛ anigye bɛn na yebenya sɛɛ yi, esiane nea otumi yɛ sɛ Onyankopɔn ɔsoro Hene kɛse nyinaa nti! Nanso, yɛn werɛ rentumi mfi nea ɔyɛe nyinaa bere a na ɔyɛ onipa no.

Yesu fii ne pɛ mu baa asase so bɛkyerɛkyerɛɛ yɛn n’Agya ho nsɛm. Nea ɛkyɛn saa no, ɔyɛɛ Onyankopɔn su horow a ɛsom bo no ho nhwɛso. Sɛ yesusuw n’akokoduru ne mmaninyɛ a ɛyɛ ahodwiriw, ne nyansa a ɛso nni, n’ahokokwaw sɛ ɔkyerɛkyerɛfo, ɔkannifo ɔkokodurufo a ɔyɛ, ne mmɔborɔhunu ne tema no ho a, ɛka yɛn koma. Sɛ yɛkae sɛnea ohuu amane a enni kabea, bere a ɔde agyede a ɛno nkutoo so na yɛnam benya nkwa no rema no a, ampa ara ɛka yɛn koma ma yenya ne ho anisɔ!

Nokwarem no, onipa bɛn ara na yɛahu sɛɛ wɔ Yesu asetra ho adesua yi mu! Ne kɛseyɛ da adi pefee na ɛyɛ ahodwiriw. Ɛka yɛn ma yɛka nsɛm a Romani amrado Pontio Pilato kae no bi sɛ: “Hwɛ! Ɔbarima no ni!” Yiw ampa “Ɔbarima no,” onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn!

Sɛ yegye n’agyede afɔrebɔ a ɔde mae no tom a, wobetumi ayi adesoa a ɛne bɔne ne owu a yenya fii Adam nkyɛn no afi yɛn so, na Yesu betumi ayɛ yɛn “Daa Agya.” Ɛnyɛ Onyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔn a wobenya daa nkwa nyinaa nya ne ho nimdeɛ, na mmom ne Ba, Yesu Kristo nso. Ɛmmra sɛ nhoma yi akenkan ne ne sua bɛboa wo ma woanya nimdeɛ a ɛma nkwa yi! 1 Yohane 2:17; 1:7; Yohane 5:28, 29; 3:16; 17:3; 19:5; Luka 23:43; Genesis 1:28; 1 Korintofo 15:24-28; Adiyisɛm 20:1-3, 6-10; 21:3, 4; Yesaia 9:6.

▪ Hokwan a ɛyɛ anigye bɛn na wɔn a wobetwa Harmagedon ne wɔn mma benya?

▪ Wɔn a wobetwa Harmagedon ne wɔn mma akyi no, henanom na wɔbɛtra Paradise, na ntease bɛn mu na Yesu ne wɔn bɛtra?

▪ Mfirihyia apem no akyi no, tebea no bɛyɛ dɛn, na dɛn na Yesu bɛyɛ afei?

▪ Dɛn nti na wobegyaa Satan afi ebun no mu, na dɛn na awiei koraa no, ɛbɛba ɔne n’akyidifo nyinaa so?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu betumi abɛyɛ yɛn “Daa Agya”?