Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu ne Ɔdefo Sodifo Kumaa Bi

Yesu ne Ɔdefo Sodifo Kumaa Bi

Ti 96

Yesu ne Ɔdefo Sodifo Kumaa Bi

BERE a Yesu fa Perea mantam mu de n’ani kyerɛ Yerusalem no, aberante bi tutu mmirika bɛkotow n’anim. Wɔka sɛ ɔbarima no yɛ sodifo, a ɛkyerɛ sɛ ebia na okura dibea a ɛkorɔn wɔ ɛhɔ hyiadan mu anaasɛ ɔyɛ Sanhedrin no muni mpo. Afei nso, ɔyɛ ɔdefo. Obisa sɛ: “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya daa nkwa?”

Yesu bua sɛ: “Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye obiako, ɔne Nyankopɔn.” Ɛda adi sɛ aberante no de “papa” di dwuma sɛ abodin, enti Yesu ma ohu sɛ wɔde abodin a ɛte saa ma Onyankopɔn nkutoo.

Yesu toa so sɛ: “Na sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, di mmara nsɛm no so!”

Ɔbarima no bisa sɛ: “Nea ɛwɔ he?”

Yesu bɔ Mmara Nsɛm Du no mu anum din de bua sɛ: “Nea ese: Nni awu! Nsɛe aware! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di w’agya ne wo na ni!” Yesu de mmarasɛm a ɛho hia kɛse mpo ka ho na ɔka sɛ “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”

Ɔbarima no fi koma pa mu bua sɛ: “Eyinom nyinaa mifi me mmofraase na midii so. Ɛdɛn na ɛka me bio?”

Bere a Yesu tie ɔbarima no abisade a emu yɛ den no, onya ɔdɔ ma no. Nanso Yesu hu sɛ ɔde ne ho afam honam fam nneɛma ho, enti ɔda nea ohia adi, sɛ: “Aka wo ade biako: Kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafo, na wubenya ademude ɔsoro; na bra bedi m’akyi.”

Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu de ayamhyehye hwɛ bere a ɔbarima no sɔre brɛoo na ɔde awerɛhow kɛse dan ne ho kɔ no. N’ahonyade no mma onhu bo a nokware ahonyade som. Yesu ka sɛ: “Moahu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ade sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu!”

Yesu nsɛm no ma n’asuafo no ho dwiriw wɔn. Nanso wɔn ho dwiriw wɔn kɛse mpo bere a ɔkɔ so de nnyinasosɛm bi ma no: “Ɛyɛ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.”

N’asuafo no bisa sɛ: “Ɛnde na hena na wobetumi agye no nkwa?”

Yesu hwɛ wɔn anim na obua sɛ: “Nnipa fam na entumi nyɛ yiye, na ɛnyɛ Onyankopɔn fam, efisɛ Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ.”

Esiane sɛ Petro hu sɛ wɔapaw biribi a ɛnte sɛ nea ɔdefo sodifo kumaa no apaw nti, ɔka sɛ: “Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa abedi w’akyi.” Enti obisa sɛ: “Dɛn na yebenya?”

Yesu hyɛ bɔ sɛ: “Awofoforo no mu no, da a onipa ba no bɛtra n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtra nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.” Yiw, Yesu kyerɛ sɛ tebea horow bɛsan ayɛ foforo wɔ asase so ma enti nneɛma bɛyɛ te sɛ nea ná ɛte wɔ Eden turo mu no. Na Petro ne asuafo afoforo no benya akatua a ɛne sɛ wɔne Kristo bedi asase so nyinaa Paradise so hene. Akyinnye biara nni ho sɛ akatua a ɛte saa no fata afɔre biara a yɛbɛbɔ!

Nanso, mprempren mpo yɛwɔ akatua sɛnea Yesu ka pefee no: “Obi nni hɔ a wagyaw ofi anaa, nuabeanom anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa asase, me ne asɛmpa no nti, na ɔrennya afi ne nuabarimanom ne nuabeanom ne ɛnanom ne mma ne nsase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seesei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.”

Sɛnea Yesu hyɛ bɔ no, baabiara a n’asuafo kɔ wɔ wiase no mu no, wɔne wɔn mfɛfo Kristofo nya abusuabɔ a emu yɛ den na ɛsom bo kɛse sen nea wɔne wɔn honam fam abusuafo nya no. Saa akatua yi ne akatua a ɛne daa nkwa wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no mu bɔ ɔdefo sodifo kumaa no.

Eyi akyi no, Yesu de ka ho sɛ: “Na adikanfo pii bɛka akyiri, na akyikafo abedi kan.” Ɔkyerɛ dɛn?

Ɔkyerɛ sɛ nnipa pii a wɔyɛ “adikanfo” wɔ ɔsom mu hokwan ahorow a wonya mu te sɛ ɔdefo sodifo kumaa no renhyɛn Ahenni no mu. Wɔbɛyɛ “akyikafo.” Nanso nnipa pii a Yesu asuafo ahobrɛasefo a Farisifo a wobu wɔn ho atreneefo bu wɔn animtiaa sɛ “akyikafo”—sɛ famfo anaasɛ ‛am ha· ’a ΄rets ka ho—bɛba abɛyɛ “adikanfo.”

“Adikanfo” a wɔbɛyɛ no kyerɛ sɛ wobenya hokwan ne Kristo ayɛ yɔnko sodifo wɔ Ahenni no mu. Marko 10:17–31; Mateo 19:16–30; Luka 18:18–30.

▪ Ɛda adi sɛ aberante ɔdefo no yɛ sodifo bɛn?

▪ Dɛn nti na Yesu ampene sɛ ɔbɛma wɔafrɛ no papa?

▪ Ɔkwan bɛn so na sodifo kumaa no osuahu no kyerɛkyerɛ sɛ asiane wɔ ɔdefo a obi bɛyɛ no mu?

▪ Akatua bɛn na Yesu de hyɛ n’akyidifo bɔ?

▪ Ɔkwan bɛn so na adikanfo dan akyikafo, na akyikafo dan adikanfo?