Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu ne Nsoromma mu Ahwɛfo No

Yesu ne Nsoromma mu Ahwɛfo No

Ti 7

Yesu ne Nsoromma mu Ahwɛfo No

MMARIMA dodow bi fi Apuei Fam ba. Wɔyɛ nsoromma mu ahwɛfo—nnipa a wɔkyerɛ sɛ wotumi kyerɛ nsoromma gyinabea ase. Bere a na wɔwɔ wɔn kurom wɔ Apuei Fam no, wohuu nsoromma foforo bi na wodii akyi akwansin ɔhaha pii baa Yerusalem.

Bere a nsoromma mu ahwɛfo no bedu Yerusalem no, wobisa sɛ: “Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahu ne nsoromma wɔ apuei, na yɛreba abɛkotow no.”

Bere a Ɔhene Herode a ɔwɔ Yerusalem no te eyi no, ne bo fuw yiye. Enti ɔfrɛ asɔfo mpanyin no na obisa beae a wɔbɛwo Kristo no. Wogyina Kyerɛwnsɛm so bua sɛ: “Betlehem.” Afei Herode ma wɔde nsoromma mu ahwɛfo no ba n’anim na ɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔhwehwɛ abofra no yiye; na sɛ munya hu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔ nkɔkotow no bi.” Nanso, na Herode hwehwɛ sɛ okum abofra no!

Wofi hɔ kɔ akyi no, anwonwasɛm bi si. Nsoromma a wohui bere a na wɔwɔ Apuei Fam no di wɔn anim. Ɛda adi sɛ eyi nyɛ nsoromma bi kɛkɛ na mmom wɔhyɛɛ da de mae sɛ ɛnkyerɛ wɔn kwan. Nsoromma mu ahwɛfo no kɔ so di akyi kosi sɛ egyina wɔ ofi a Yosef ne Maria wom no atifi.

Bere a nsoromma mu ahwɛfo no hyɛn ofi no mu no, wohu Maria ne ne ba kumaa Yesu. Afei wɔn nyinaa kotow no. Na woyi sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne krobow fi wɔn nneɛma mu kyɛ no. Ɛno akyi bere a wɔresan akɔka faako a abofra no wɔ akyerɛ Herode no, Onyankopɔn bɔ wɔn kɔkɔ wɔ ɔdae mu sɛ wɔnnyɛ sa. Enti wɔfa ɔkwan foforo so kɔ wɔn kurom.

Wususuw sɛ hena na ɔde nsoromma a na ɛnam soro no mae sɛ ɛnkyerɛ nsoromma mu ahwɛfo no kwan no? Kae, nsoromma no ankyerɛ wɔn kwan ankɔ Yesu nkyɛn wɔ Betlehem tẽẽ. Mmom no, ɛde wɔn kɔɔ Yerusalem, wɔ Ɔhene Herode a na ɔpɛ sɛ okum Yesu no nkyɛn. Sɛ Onyankopɔn amfa ne ho annye mu na wammɔ nsoromma mu ahwɛfo no kɔkɔ sɛ wɔnnka nkyerɛ Herode a, anka ɔbɛyɛ saa. Na ɛyɛ Onyankopɔn tamfo, Satan Ɔbonsam, na ɔpɛe sɛ wokum Yesu, na ɔde nsoromma no dii dwuma de bɔɔ mmɔden sɛ ɔde bedi n’atirimpɔw ho dwuma. Mateo 2:1–12; Mika 5:2.

▪ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nsoromma a nsoromma mu ahwɛfo no hui no nyɛ nsoromma bi ara kwa?

▪ Bere a nsoromma mu ahwɛfo no hu Yesu no, na ɔwɔ he?

▪ Dɛn nti na yetumi hu sɛ Satan na ɔde nsoromma no mae sɛ ɛnkyerɛ nsoromma mu ahwɛfo no kwan?