Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yohane Siesie Ɔkwan Mu

Yohane Siesie Ɔkwan Mu

Ti 11

Yohane Siesie Ɔkwan Mu

MFIRIHYIA dunson atwam fi bere a na Yesu adi mfirihyia 12 a na ɔrebisabisa akyerɛkyerɛfo no nsɛm wɔ asɔrefi hɔ no. Ɛyɛ asusow bere wɔ afe 29 Y.B. mu, na ɛte sɛ nea obiara reka Yesu ne na nua ba Yohane a ɔreka asɛm wɔ ɔman no mu nyinaa wɔ Yordan Asubɔnten ho no ho asɛm.

Nokwarem no, sɛnea Yohane te ne ne kasa nyinaa ma ne ho yɛ anigye. Ne ntama a ofura yɛ yoma nhwi, na nhoma abɔso bɔ n’asen. N’aduan ne mmoadabi ne wuram ɛwo. Asɛm bɛn na ɔka? “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.”

N’atiefo ani gye asɛm yi ho. Pii hu hia a ɛho hia sɛ wɔsakra wɔn adwene no, a nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔbɛsesa wɔn su na wɔapow wɔn kan asetra kwan no sɛ nea enye. Enti nnipa pii fi Yordan ho asase no nyinaa so, ne Yerusalem mpo, ba Yohane nkyɛn na ɔbɔ wɔn asu, ɔde wɔn hyɛ Yordan mu nsu no ase. Dɛn ntia?

Yohane bɔ nnipa no asu de yɛ bɔne a wɔyɛe wɔ Onyankopɔn Mmara apam no ho no ho adwensakra a efi koma mu ho sɛnkyerɛnne. Enti bere a Farisifo ne Sadukifo nyamesomfo no bi ba Yordan ho no, Yohane kasa tia wɔn. Ɔka sɛ: “Nhurutoa mma! Monsow aba a ɛfata adwensakra. Na munnsusuw nnse mo ho sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham. Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw; enti dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato gya mu.”

Esiane sɛ nkurɔfo tie Yohane nti, Yudafo no soma asɔfo ne Lewifo ba ne nkyɛn. Wobisa sɛ: “Woyɛ hena”?

Yohane ka pen sɛ: “Ɛnyɛ mene Kristo no.”

Wobisa sɛ: “Ɛnde na woyɛ hena? Wone Elia?”

Obua sɛ: “Ɛnyɛ mene no.”

“Wone odiyifo no?”

“Dabi.”

Enti wɔkɔ so bisa sɛ: “Ɛhena ne wo? na yennya bi nkobua wɔn a wɔsomaa yɛn no; wo ka wo ho asɛm bɛn?”

Yohane kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mene ɛnne a ɛteɛm sare so sɛ: Monteɛ [Yehowa] kwan! sɛnea odiyifo Yesaia kae no.”

Wobisa no sɛ: “Sɛ wonyɛ Kristo anaa Elia anaa odiyifo no a, ɛnde dɛn nti na wobɔ asu yi?”

Obua sɛ: “Me de, mebɔ asu nsu mu, na obi a munnim no gyina mo mfinimfini. Ɔno ne nea odi m’akyi.”

Na Yohane resiesie kwan mu denam nnipa no a ɔma wonya koma a ɛteɛ a ɛbɛma wɔagye Mesia a ɔbɛyɛ Ɔhene no atom no so. Ɔno na Yohane ka ne ho asɛm sɛ: “Nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura.” Nokwarem no, Yohane ka sɛ: “Ɔno ne nea odi m’akyi reba a wadi me kan na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.”

Enti Yohane asɛm, “ɔsoro ahenni no abɛn” no yɛ amanneɛbɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Hene a wapaw no, Yesu Kristo, som adwuma no reyɛ afi ase. Yohane 1:6–8, 15–28; Mateo 3:1–12; Luka 3:1–18; Asomafo no Nnwuma 19:4.

▪ Onipa bɛn na Yohane yɛ?

▪ Dɛn nti na Yohane bɔ nkurɔfo asu?

▪ Dɛn nti na Yohane betumi aka sɛ Ahenni no abɛn?