Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔhene-Kofoni No Di Nkonim wɔ Harmagedon

Ɔhene-Kofoni No Di Nkonim wɔ Harmagedon

Ti 39

Ɔhene-Kofoni No Di Nkonim wɔ Harmagedon

Anisoadehu 13​—Adiyisɛm 19:11-21

Asɛmti: Yesu di ɔsoro dɔm anim kɔsɛe Satan nneɛma nhyehyɛe

Bere a enya mmamu: Babilon Kɛse no sɛe akyi

1. Dɛn ne Harmagedon, na dɛn na ɛde ba?

HARMAGEDON—asɛmfua a ɛma nnipa pii bɔ hu! Nanso wɔ trenee adɔfo fam no, ɛkyerɛ ɛda a wɔde bere tenten atwɛn a Yehowa bedi atemmu a edi akyiri a ɔde bɛba amanaman no so ho dwuma a obedi no. Ɛnyɛ onipa ko, na mmom “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko”—n’aweredi a ɔde ba asase so atumfoɔ so no da. (Adiyisɛm 16:14, 16; Hesekiel 25:17) Bere a wɔbɛsɛe Babilon kɛse no pasaa no, na ahohiahia kɛse no afi ase dedaw. Afei bere a Satan hyɛ aboa kɔkɔɔ no ne ne mmɛn du no, wɔbɛdan wɔn ntua nyinaa aba Yehowa nkurɔfo so. Ɔbonsam a ne bo afuw Onyankopɔn ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔbea no denneennen sen bere biara a atwam no asi ne bo sɛ ɔde wɔn a ne nsa aka wɔn no bɛko atia ɔbea no asefo nkaefo no akosi awiei koraa. (Adiyisɛm 12:17) Eyi yɛ hokwan a etwa to ma Satan!

2. Hena ne Gog a ofi Magog, na ɔkwan bɛn so na Yehowa daadaa no ma ɔbɛtoa N’ankasa nkurɔfo?

2 Wɔaka Ɔbonsam ntua a ano yɛ den no ho asɛm fefeefe wɔ Hesekiel ti 38. Ɛhɔ na wɔfrɛ Satan a wɔabrɛ no ase no sɛ “Gog a ofi Magog.” Yehowa de sɛnkyerɛnne kwan so akɔtɔkorɔ bewurawura Gog afono mu atwe ɔne ne dɔm bebree a wɔka ne ho no ma wɔabɛtoa ne nkurɔfo. Ɔkwan bɛn so na ɔnam yɛ eyi? Ɔnam Gog a ɔma ohu N’adansefo no sɛ nkurɔfo a wonni ahobammɔ biara a “wɔaboaboa wɔn ano afi amanaman mu na wɔanya mmoa ne nneɛma na wɔte asase mfinimfini” no so. Eyinom nkutoo na wɔwɔ asase mfinimfini sɛ ɔman biako a wɔpowee sɛ wɔbɛkotow aboa no ne ne honi no. Wɔn honhom mu ahoɔden ne yiyedi no hyɛ Gog abufuw. Enti Gog ne ne dɔm bebree, a aboa a ofi po mu ne ne mmɛn du no nso ka ho, tu ba sɛ wɔrebekunkum wɔn. Nanso, nea ɛnte sɛ Babilon Kɛse no, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔn ho tew no nya ɔsoro ahobammɔ!—Hesekiel 38:1, 4, 11, 12, 15; Adiyisɛm 13:1.

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam yi Gog dɔm no hɔ?

3 Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam yi Gog ne n’asafo bebree no nyinaa hɔ? Tie! “Na mefrɛ nkrante mahyɛ no, me mmepɔw nyinaa so, [Yehowa] Nyankopɔn asɛm ni, wɔn nyinaa nkrante, obi de bɛka ne nua.” Nanso nuklea akode anaa akode foforo biara rentumi nyɛ hwee saa ɔko no mu, efisɛ Yehowa se: “Na mede owuyare ne mogya ne wɔn bedi, na mɛtɔ osu a ehwie na ɛsram so ne amparuwbo, ogya ne sufre agu ɔno ne n’asafotow ne aman bebree a wɔkeka ne ho no so. Na mɛyɛ me ho kɛse na mayɛ me ho kronkron, na mama wɔahu me, amanaman bebree anim, na wɔahu sɛ mene [Yehowa].”—Hesekiel 38:21-23; 39:11; fa toto Yosua 10:8-14; Atemmufo 7:19-22; 2 Beresosɛm 20:15, 22-24; Hiob 38:22, 23 ho.

Nea Wɔfrɛ no “Ɔnokwafo ne Nokware”

4. Yohane ka Yesu Kristo a wasiesie ne ho rekɔko no ho asɛm dɛn?

4 Yehowa frɛ nkrante. Hena na okura nkrante yi? Sɛ yɛsan kɔ Adiyisɛm mu a, yenya mmuae no wɔ anisoadehu foforo a ɛyɛ anigye mu. Ɔsoro bue na ɛda biribi a ɛyɛ hu ankasa adi kyerɛ Yohane—Yesu Kristo ankasa a wasiesie ne ho ama ɔko! Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no, wɔfrɛ no Nea Ɔsɛ gyidi ne Ɔnokwafo, na obu ntɛn na otu sa trenee mu. Na n’aniwa te sɛ ogyaframa, na ahemmotiri pii bobɔ ne ti.”—Adiyisɛm 19:11, 12a.

5, 6. Eyinom kyerɛ dɛn (a) “ɔpɔnkɔ fitaa” no? (b) edin “Nea Ɔsɛ gyidi ne Ɔnokwafo”? (d) aniwa a ɛte sɛ “gyaframa”? (e) “ahemmotiri pii”?

5 Sɛnea na ɛte wɔ apɔnkɔsotefo baanan no ho anisoadehu a edi kan no mu no, “ɔpɔnkɔ fitaa” yi yɛ trenee akodi ho sɛnkyerɛnne a ɛfata. (Adiyisɛm 6:2) Na Onyankopɔn mma no mu hena na obetumi ayɛ ɔtreneeni asen Ɔkofoni kɛse yi? Esiane sɛ wɔfrɛ no “Nea Ɔsɛ gyidi ne Ɔnokwafo” no nti, na ɔbɛyɛ “ɔdansefo a ɔsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo,” Yesu Kristo. (Adiyisɛm 3:14) Odi ako sɛnea ɛbɛyɛ na wadi Yehowa atemmu horow ho dwuma. Enti, odi dwuma ne dibea mu sɛ Ɔtemmufo a Yehowa apaw no, “Onyankopɔn-tumfoɔ.” (Yesaia 9:6) N’aniwa yɛ hu, te sɛ “ogyaframa,” na ɔhwɛ n’atamfo sɛe a ɛte sɛ nea wɔde ogya hyew wɔn a ɛreba no kwan.

6 Ahemmotiri bobɔ Ɔhene Kofoni yi ti. Ná aboa a Yohane hui sɛ efi po mu bae no wɔ ahemmotiri du, a ɛyɛ asase so tumi a obedi bere tiaa bi no ho mfonini. (Adiyisɛm 13:1) Nanso, Yesu wɔ “ahemmotiri pii.” N’anuonyam tumidi no ne ebiara nsɛ esiane sɛ ɔyɛ “ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade” nti.​—1 Timoteo 6:15.

7. Dɛn ne din a wɔakyerɛw a Yesu wɔ no?

7 Yohane nkyerɛkyerɛmu no kɔ so sɛ: “Na wɔakyerɛw ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko.” (Adiyisɛm 19:12b) Bible no de din ahorow te sɛ Yesu, Immanuel ne Mikael ka Onyankopɔn Ba no ho asɛm dedaw. Nanso ɛte sɛ nea “din” a wɔammɔ yi gyina hɔ ma dibea ne hokwan ahorow a Yesu nya Awurade da no mu no. (Fa toto Adiyisɛm 2:17 ho.) Yesaia reka Yesu ho asɛm fi 1914 mu no, ose: “Wɔbɛfrɛ ne din sɛ: Nwonwa, Ɔfotufo, Onyankopɔn-tumfoɔ, Daa-agya, Asomdwoe-hene.” (Yesaia 9:6) Ɔsomafo Paulo de Yesu din bataa ɔsom mu hokwan ahorow a ɛkorɔn yiye a Ɔwɔ no ho bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn nso ama [Yesu] so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so, sɛ Yesu din mu na ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa nkotow.”—Filipifo 2:9, 10.

8. Dɛn nti na Yesu nkutoo na obetumi ahu din a wɔakyerɛw no, na ɔne henanom na ɛkyɛ hokwan ahorow a ɛkorɔn a ɔwɔ no bi?

8 Hokwan ahorow a Yesu wɔ no yɛ soronko. Yehowa ankasa akyi no, Yesu nkutoo na obetumi ate dibea a ɛkorɔn saa a obi wɔ no ase. (Fa toto Mateo 11:27 ho.) Enti, Onyankopɔn abɔde nyinaa mu no, Yesu nkutoo na obetumi ate din yi ase. Nanso Yesu ma n’ayeforo no nya hokwan ahorow yi bi. Enti ɔhyɛ bɔ yi sɛ: “Nea odi nkonim no . . . mɛkyerɛw . . . me din foforo no” wɔ no so.​—Adiyisɛm 3:12.

9. Dɛn na wɔde eyinom kyerɛ (a) Yesu a “ɔhyɛ atade bi a wɔde abɔ mogya mu” no? (b) Yesu a wɔfrɛ no “Onyankopɔn Asɛm” no?

9 Yohane de ka ho sɛ: “Na ɔhyɛ atade bi a wɔde abɔ mogya mu, na ne din de: Onyankopɔn Asɛm.” (Adiyisɛm 19:13) Hena “mogya” ni? Ebetumi ayɛ Yesu mogya a adesamma nti ohwie gui no. (Adiyisɛm 1:5) Nanso, asɛm yi mu no, ɛte sɛ nea ɛka n’atamfo mogya a wohwie gu bere a wodi Yehowa atemmu ahorow ho dwuma wɔ wɔn so no ho asɛm mmom. Wɔkae yɛn anisoadehu a adi anim no a emu na wotwa asase so obobe na wotiatia so Onyankopɔn abufuw nsa-kyi-amoa kɛse no mu araa kosi sɛ mogya no du “apɔnkɔ nnareka ho” tɔnn—a ɛkyerɛ Onyankopɔn atamfo so nkonimdi kɛse no. (Adiyisɛm 14:18-20) Saa ara nso na mogya a wɔde apete Yesu atade mu no si so dua sɛ ne nkonimdi no yɛ prɛko na ewie koraa. (Fa toto Yesaia 63:1-6 ho.) Afei, Yohane ka Yesu ho asɛm bio sɛ wɔde din bi frɛ no. Afei de ɛyɛ din bi a wonim yiye—“Onyankopɔn Asɛm”—a ɛkyerɛ sɛ Ɔhene Kofoni yi ne Yehowa Kasamafo Kɛse ne Nea odi nokware no mu akoten.​—Yohane 1:1; Adiyisɛm 1:1.

Yesu Yɔnko Akofofo

10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na Yohane kyerɛ sɛ ɛnyɛ Yesu nkutoo na otu ɔsa no? (b) Dɛn na wɔde nokwasɛm a ɛyɛ sɛ apɔnkɔ no yɛ fitafitaa ne sɛ apɔnkɔsotefo no hyehyɛ “nwera pa fitaa a ɛho tew” no kyerɛ? (d) Henanom na wɔka bom yɛ ɔsoro “dɔm” no?

10 Ɛnyɛ Yesu nkutoo na otu ɔsa yi. Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na ɛdɔm a wɔwɔ ɔsoro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho tew.” (Adiyisɛm 19:14) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ apɔnkɔ no yɛ “fitafitaa” no kyerɛ sɛ ɛyɛ trenee ko. “Nwera pa” fata ma Ɔhene no apɔnkɔsotefo, na hyerɛn a ɛhyerɛn na ɛho tew fitaa no kyerɛ trenee gyinabea a ɛyɛ kronn wɔ Yehowa anim. Ɛnde, henanom na wɔwɔ “dɔm” yi mu? Akyinnye biara nni ho sɛ abɔfo kronkron no ka ho. Awurade da no mfiase na Mikael ne n’abɔfo tow Satan ne n’adaemone fii soro gui. (Adiyisɛm 12:7-9) Bio, ‘abɔfo nyinaa’ bɛsom Yesu bere a ɔte n’anuonyam ahengua so na ofi ase bu amanaman no ne asase sofo atɛn no. (Mateo 25:31, 32) Ampa, ɔko prɛko no mu, bere a wodi Onyankopɔn atemmu ahorow ho dwuma wie koraa no, Yesu abɔfo no bɛka ne ho bio.

11 Afoforo nso bɛka ho. Bere a Yesu de ne nkrasɛm no rekɔma asafo a ɛwɔ Tiatira no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Na nea odi nkonim ne nea okura me nnwuma kosi ase no, mɛma no amanaman so tumi, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn, na ɔbɛbobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo nkuku, sɛnea me nso minyae wɔ m’agya nsam no.” (Adiyisɛm 2:26, 27) Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ bere no du a, Kristo nuanom a wɔwɔ soro dedaw no benya kyɛfa wɔ saa dade poma a wɔde bɛyɛn nkurɔfo ne amanaman no mu.

12. (a) So Onyankopɔn nkoa a wɔwɔ asase so bɛko bi wɔ Harmagedon anaa? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ asase so no ho wɔ Harmagedon mu?

12 Na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so ha no nso ɛ? Yohane kuw no rennya kyɛfa ɔko ankasa a wɔbɛko wɔ Harmagedon no mu; saa ara nso na wɔn ahokafo anokwafo, nkurɔfo a wofi aman nyinaa mu na wɔasen yuu aba Yehowa honhom mu asɔrefi no rennya mu kyɛfa. Saa adesamma a wɔpɛ asomdwoe yi de wɔn nkrante abobɔ nsɔw dedaw. (Yesaia 2:2-4) Nanso wɔn ho wom ara yiye! Sɛnea yɛahu dedaw no, ɛyɛ Yehowa nkurɔfo a ɛte sɛ nea wonni ahobammɔ biara no na Gog ne ne dɔm nyinaa betua wɔn no. Ɛno ne sɛnkyerɛnne ma Ɔhene Kofoni, a ɔsoro dɔm no ka ne ho no sɛ omfi ɔko a ɔde bɛtɔre amanaman no ase no ase. (Hesekiel 39:6, 7, 11; fa toto Daniel 11:44-12:1 ho.) Sɛ bɛhwɛadefo no, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so no ani begye ho yiye. Harmagedon bɛkyerɛ wɔn nkwagye, na wɔbɛtra hɔ daa sɛ wɔn a wɔde wɔn ani ahu Yehowa ko kɛse a ɔde san ne din ho no.

13. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa Adansefo nsɔre ntia nniso biara?

13 So eyi kyerɛ sɛ Yehowa Adansefo sɔre tia nniso nyinaa anaa? Ɛnte saa koraa! Wotie ɔsomafo Paulo afotu no sɛ: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase mma atumfo a wɔkorɔn no.” Wohu sɛ mpɛn dodow a mprempren nhyehyɛe yi wɔ hɔ no, Onyankopɔn na wama kwan ma saa “atumfo a wɔkorɔn” no wɔ hɔ na wɔama nhyehyɛe bi atra adesamma abusua no mu. Enti Yehowa Adansefo tua wɔn tow ahorow, di mmara ahorow so, kyerɛ obu ma lɔre akwan so ahwehwɛde ahorow, wɔkyerɛw wɔn din, ne nea ɛkeka ho. (Romafo 13:1, 6, 7, New World Translation) Bio nso, wodi Bible nnyinasosɛm ahorow akyi wɔ nokware a wɔka ne nokwaredi mu; yɔnko dɔ a wɔda no adi; abusua a ɛyɛ den na emufo bu ɔbra pa a wɔhyehyɛ; wɔn mma a wɔtete wɔn ma wɔyɛ ɔmamma pa mu. Ɔkwan yi so no, wɔde nea ɛyɛ ‘Kaesare de ma Kaesare ne Nyankopɔn de ma Nyankopɔn.’ (Luka 20:25; 1 Petro 2:13-17) Esiane sɛ Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ wiase tumi horow no tumi a wodi no rentra hɔ daa nti, Yehowa Adansefo siesie wɔn ho mprempren ma asetra a ɛkyɛn so, nkwa ankasa, a ɛrenkyɛ wobenya wɔ Kristo Ahenni tumidi ase no. (1 Timoteo 6:17-19) Ɛwom sɛ Adansefo no rennya wiase tumi horow a wɔdannan ani no mu kyɛfa biara de, nanso wonya osuro a obu wom ma nea Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu, Kyerɛw Kronkron Bible, no ka fa Yehowa atemmu a ɔrebedi ho dwuma wɔ Harmagedon no.​—Yesaia 26:20, 21; Hebrifo 12:28, 29.

Wɔrekɔ Ɔko a Etwa To no!

14. Dɛn ho sɛnkyerɛnne na wɔde “afoa nnamnam” a efi Yesu anom no yɛ?

14 Tumi bɛn na Yesu de wie ne nkonimdi no? Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na afoa nnamnam bi fi n’anom a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn.” (Adiyisɛm 19:15a) ‘Afoa nnamnam tenten’ no gyina hɔ ma tumi a Onyankopɔn de ama Yesu sɛ ɔmfa ahyɛde mma na wonkunkum wɔn a wɔpow sɛ wobegyina Onyankopɔn Ahenni no akyi nyinaa no. (Adiyisɛm 1:16; 2:16) Saa sɛnkyerɛnne kwan so asɛm a emu da hɔ yi ne Yesaia nsɛm no hyia: “[Yehowa] yɛɛ m’ano sɛ afoa nnamnam, ne nsa ase nwini mu na ɔde me siei, na ɔde me yɛɛ agyan a ɛho akokwaw.” (Yesaia 49:2) Ɛha no, Yesaia yɛɛ Yesu a ɔka Onyankopɔn atemmu horow kyerɛ na odi ho dwuma te sɛ agyan a ɛmfom no ho mfonini.

15. Wɔ saa bere yi mu no, na henanom na wɔada wɔn adi na wɔabu wɔn atɛn dedaw na ama afi dɛn ase?

15 Saa bere yi, ná Yesu adi dwuma ma Paulo nsɛm no aba mu dedaw sɛ: “Na ɛno ansa na wobeyi nea onni mmara bi no adi, nea Awurade de n’anom home bekum no na ɔde ne ba no pue beyi no hɔ koraa no.” Yiw, wɔayi ba a Yesu aba (Hela, pa·rou·siʹa) no adi akyerɛ fi 1914 de reba denam nea onni mmara, Kristoman asɔfo, no adiyi ne wɔn atemmu no so. Wɔbɛda ne ba no adi ma ayɛ nwonwa bere a aboa kɔkɔɔ no mmɛn du no bedi saa atemmu no ho dwuma ayɛ Kristoman ne Babilon Kɛse nkae no pasaa no. (2 Tesalonikafo 2:1-3:8) Ɛno bɛyɛ ahohiahia kɛse no mfiase! Ɛno akyi no, Yesu dan n’adwene si nea aka wɔ Satan ahyehyɛde no mu no so, sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛ no: “Ɔde n’anom abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anom honhom akum ɔbɔnefo.”—Yesaia 11:4.

16. Nnwom no ne Yeremia ka Ɔhene Kofoni a Yehowa apaw no no afã a ɔwɔ no ho asɛm dɛn?

16 Ɔhene Kofoni no, sɛ nea Yehowa apaw no no, bɛma nsonoe ada wɔn a wɔbɛka ne wɔn a wobewuwu no ntam. Yehowa rekasa nkɔmhyɛ kwan so akyerɛ Onyankopɔn Ba yi no, ose: “Wode dade poma bebubu wɔn [asase so atumfoɔ], na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.” Na Yeremia kasa kyerɛ nniso mu mpanyimfo a wɔte sɛɛ a wɔaporɔw no ne wɔn asomfo sɛ: “Mommɔ abubuw, nguanhwɛfo, na monteɛteɛm, na mompirepirew, nguankuw mu akunini, na kum nna adu; na mɛpansam mo na moabobɔ fam sɛ kuruwa a ne bo yɛ den.” Ɛmfa ho sɛ ebia na saa sodifo no yɛ wiase bɔne no ade a wɔpɛ sɛ dɛn ara no, Ɔhene no dade poma no a ɛbɛbɔ wɔn prɛko no bɛbobɔ wɔn te sɛ nea wɔbobɔ anwenne fɛfɛ bi. Ɛbɛyɛ sɛ nea Dawid hyɛɛ nkɔm faa Awurade Yesu ho no ara pɛ: “Wo tumidi poma no, [Yehowa] fi Sion bɛteɛ. Di hene w’atamfo mfinimfini! [Yehowa] a ɔwɔ wo nifa so no bɛbobɔ ahene, n’abufuw da no. Obedi amanaman mu asɛm, ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma.”—Dwom 2:9, 12; 83:17, 18; 110:1, 2, 5, 6; Yeremia 25:34.

17. (a) Yohane ka Ɔhene Kofoni no dwuma a odi de kunkum nkurɔfo no ho asɛm dɛn? (b) Ka nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛkyerɛ bɔne a Onyankopɔn abufuw da no bɛyɛ ama amanaman no ho asɛm.

17 Ɔhene Kofoni otumfoɔ yi pue bio anisoadehu a edi hɔ no mu: “Na ɔno na otiatia Onyankopɔn Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, abufuw a ɛyɛ den no nsa-kyi-amoa no so.” (Adiyisɛm 19:15b) Anisoadehu bi a edi kan mu no, ná Yohane ahu “Onyankopɔn abufuw . . . nsa-kyi-amoa” no so a wotiatia no dedaw. (Adiyisɛm 14:18-20) Yesaia nso ka nsa-kyi-amoa a wɔde kum nnipa ho asɛm, na adiyifo afoforo ka sɛnea Onyankopɔn abufuw da no bɛyɛ bɔne ama amanaman nyinaa no ho asɛm.​—Yesaia 24:1-6; 63:1-4; Yeremia 25:30-33; Daniel 2:44; Sefania 3:8; Sakaria 14:3, 12, 13; Adiyisɛm 6:15-17.

18. Dɛn na odiyifo Yoel da no adi wɔ amanaman nyinaa atɛn a Yehowa bebu no ho?

18 Odiyifo Yoel de nsa-kyi-amoa bata ba a Yehowa reba abebu “amanaman a wofi afa nyinaa atɛn” no ho. Na ɛyɛ Yehowa na ɔde ahyɛde no ma nea akyinnye biara nni ho sɛ ɔne Ne Temmufo a ɔka ne ho, Yesu ne ne soro dɔm no sɛ: “Mommfa kantankrankyi nhyɛ mu, na nea wotwa ahoa. Mommra mmetiatia so, na nsa-kyi-amoa no ayɛ ma, ntɔɔpoo no abu so, na wɔn bɔne adɔɔso. Nnipa yuu, nnipa yuu wɔ atemmu bon no mu; efisɛ [Yehowa] da no abɛn, atemmu bon no mu. Owia ne ɔsram aduru sum, na nsoromma agyae haran. Na [Yehowa] fi Sion bobom na ofi Yerusalem ma ne nne so, na ɔsoro ne asase wosowosow; nanso [Yehowa] yɛ guankɔbea ma ne man, ne aban a ɛyɛ den ma Israel mma. Na mubehu sɛ me, [Yehowa], mene mo Nyankopɔn.”—Yoel 3:12-17.

19. (a) Wobebua asɛm a wobisae wɔ 1 Petro 4:17 no dɛn? (b) Din bɛn na wɔakyerɛw wɔ Yesu atade no mu, na dɛn nti na ɛbɛyɛ nea ɛfata?

19 Ampa, ɛno bɛyɛ amanaman ne adesamma asoɔdenfo sɛe da, nanso ɛbɛyɛ ahotɔ da ama wɔn a wɔde Yehowa ne ne Hene Ɔkofoni no ayɛ wɔn guankɔbea nyinaa! (2 Tesalonikafo 1:6-9) Ná atemmu a efii ase fii Onyankopɔn fi so wɔ 1918 mu no akɔ so ara akodu n’awiei, na abua asɛm a wobisae wɔ 1 Petro 4:17 no: “Ebewie wɔn a wontie Onyankopɔn asɛmpa no dɛn?” Ná Nkonimdifo onuonyamfo no atiatia nsa-kyi-amoa no so awie, akyerɛ sɛ ɔne Nea ɔkorɔn a Yohane ka ne ho asɛm sɛ: “Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw n’atade ne n’asen so sɛ: Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.” (Adiyisɛm 19:16) Wɔakyerɛ sɛ ɔwɔ tumi koraa sen asase so tumidifo biara, ɔhene anaa owura bi a ɔyɛ ɔdesani koraa. Ne kɛseyɛ ne n’anuonyam yɛ nea ɛtra so. Ɔkɔ n’anim “ma nokware ne ahobrɛase ne trenee” na wadi nkonim daa apem! (Dwom 45:4, NW) N’atade a wɔde mogya apete mu no mu na wɔakyerɛw din a Amansan Hene Yehowa a ne din ho Sanfo na ɔyɛ no de ama no no!

Onyankopɔn Adidi Kɛse No

20. Yohane ka “Onyankopɔn adidi kɛse” no ho asɛm dɛn, na tete nkɔmhyɛ bi a ɛte sɛ ɛno ara bɛn na ɛkae yɛn?

20 Hesekiel anisoadehu no mu no, bere a wɔasɛe Gog dɔm kɛse no akyi no, wɔto nsa frɛ nnomaa ne wuram mmoa sɛ wommedidi! Wodi Yehowa atamfo a wɔawuwu no nam de yi afunu fi asase no so. (Hesekiel 39:11, 17-20) Yohane nsɛm a edi hɔ no ma wɔkae saa tete nkɔmhyɛ no ɔkwan a emu da hɔ so: “Na mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Na ɔde nne kɛse teɛɛm ka kyerɛɛ nnomaa a wotu wim nyinaa sɛ: Mommra mmehyia Onyankopɔn adidi kɛse no ase mmedi ahene nam ne asafohene nam ne atumfo nam, ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so nam, ne adehye ne nkoa, ne nketewa ne akɛse nyinaa nam.”—Adiyisɛm 19:17, 18.

21. Dɛn na eyinom kyerɛ: (a) ɔbɔfo no a “ogyina owia mu” no? (b) nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wogyaw awufo no gu asase ani no? (d) wɔn a wobegyaw wɔn afunu agu asase ani no? (e) asɛm “Onyankopɔn adidi kɛse” no?

21 Ɔbɔfo no gyina “owia mu,” a ɛyɛ gyinabea a eye a wobetumi afi hɔ afrɛ nnomaa. Ɔto nsa frɛ wɔn sɛ wonsiesie wɔn ho na wommedi wɔn a Ɔhene Kofoni no ne ne soro dɔm no rebekunkum wɔn no nam mmee. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wogyaw afunu no gu asase ani no kyerɛ sɛ wobewuwu wɔ baguam animguase mu. Te sɛ Isebel a ɔtraa ase tete no, wɔrensie wɔn osie pa. (2 Ahene 9:36, 37) Wɔn a wɔn afunu bɛdeda hɔ no kyerɛ faako a ɔsɛe no bɛkɔ akodu: ahene, asafohene, ahoɔdenfo, adehye ne nkoa. Wɔrenyi obiara mfi mu. Wobeyi atuatew wiase a ɛsɔre tia Yehowa no ho biribiara a ɛbɛka afi hɔ korakora. Eyi akyi no, adesamma a wɔn adwene atu afra ɛpo a ehuru no rentra hɔ bio. (Adiyisɛm 21:1) Eyi yɛ “Onyankopɔn adidi kɛse,” esiane sɛ Yehowa na ɔto nsa frɛ nnomaa no sɛ wommedi bi nti.

22. Yohane ka sɛnea wɔbɛko ɔko a etwa to no ho asɛm tiawa dɛn?

22 Yohane ka awiei no ho asɛm tiawa sɛ: “Na mihuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ho ano, na wɔne nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa no so no ne ne dɔm bedii ako. Na wɔkyeree aboa no ne atoro diyifo no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no kaa ne ho: wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu. Na wɔde nea ɔte ɔpɔnkɔ no so no afoa a efi n’anom no kunkum wɔn a aka no, na nnomaa nyinaa dii wɔn nam mee.”—Adiyisɛm 19:19-21.

23. (a) Ntease bɛn mu na wɔko “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no da kɛse no mu ko” no wɔ “Harmagedon”? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na “asase so ahene” antie, na ɛbɛkɔ akowie dɛn?

23 Wohwiee Yehowa abufuw kuruwa a ɛto so asia no gui akyi no, Yohane bɔɔ amanneɛ sɛ adaemone nnaadaasɛm boaboaa “wiase nyinaa ahene” ano kɔɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no da kɛse no mu ko no.” Wɔko eyi wɔ Harmagedon—a ɛnyɛ beae ankasa bi, na mmom wiase nyinaa tebea bi a ɛhwehwɛ sɛ wodi Yehowa atemmu ho dwuma. (Adiyisɛm 16:12, 14, 16) Afei Yohane hu mpasua ahorow no. Wɔn a wɔreko atia Onyankopɔn wɔ hɔ ne “wiase nyinaa ahene ne wɔn dɔm.” Wɔapirim wɔn koma sɛ wɔremmmrɛ wɔn ho ase mmma Yehowa Hene no. Wɔabɔ wɔn kɔkɔ sɛnea ɛfata wɔ nkrasɛm a efi honhom mu no mu sɛ: “Mumfew ɔba no ano, na [Yehowa] bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu.” Esiane sɛ wɔammrɛ wɔn ho ase amma Kristo tumidi nti, ɛsɛ sɛ wowuwu.​—Dwom 2:12.

24. (a) Atemmu bɛn ho dwuma na wodi wɔ aboa no ne atoro diyifo no so, na ɔkwan bɛn so na wɔda so “te ase”? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ “ogya tare” no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so kasa?

24 Wɔatow aboa a ofi po mu a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du a egyina hɔ ma Satan amammui ahyehyɛde no akyene ma wɔayera na atoro diyifo, wiase tumi a ɛto so ason no, ka ne ho kɔ. (Adiyisɛm 13:1, 11-13; 16:13) Bere a ‘wɔda so te ase,’ anaasɛ wɔda so di dwuma wɔ biakoyɛ a wɔde sɔre tia Onyankopɔn nkurɔfo wɔ asase so no mu no, wɔtow wɔn gu “ogya tare” no mu. So eyi yɛ ogya tare ankasa? Dabi, sɛnea aboa no ne atoro diyifo no nyɛ mmoa ankasa no. Mmom no ɛyɛ ɔsɛe koraa a etwa to, baabi a wɔnsan mfi hɔ mma bio ho sɛnkyerɛnne. Ɛha na akyiri yi wɔtow owu ne Hades, ne Ɔbonsam ankasa nso gu. (Adiyisɛm 20:10, 14) Ɛda adi sɛ ɛnyɛ ogya bi a wɔyɛ abɔnefo ayayade wom daa esiane sɛ beae a ɛte sɛɛ ho adwene ankasa yɛ akyide ma Yehowa nti.​—Yeremia 19:5; 32:35; 1 Yohane 4:8, 16.

25. (a) Henanom ne wɔn a “wɔde nea ɔte ɔpɔnkɔ no so no afoa . . . no kunkum wɔn” no? (b) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔn a ‘wɔakunkum wɔn’ no bi benya owusɔre anaa?

25 Afoforo a wɔnyɛ nniso no fã nanso wɔyɛ adesamma wiase a aporɔw yi fa a wɔsesɛw wɔn a ɛnyɛ yiye no nyinaa nso, “wɔde nea ɔte ɔpɔnkɔ no so no afoa a efi n’anom no kunkum wɔn.” Yesu bebu wɔn kumfɔ. Esiane sɛ wɔn fam de wɔammɔ ogya tare din nti, yɛbɛhwɛ kwan sɛ wobenya owusɔre anaa? Wɔnka nkyerɛ yɛn wɔ baabiara sɛ wobenyan wɔn a Yehowa Temmufo no bekunkum wɔn saa bere no mu. Sɛnea Yesu ankasa kae no, wɔn a wɔnyɛ “nguanten” nyinaa befi hɔ akɔ “daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no mu,” kyerɛ sɛ, “daa ntwa-fi-hɔ mu.” (Mateo 25:33-41, 46, NW) Eyi na ɛde “atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no” ba awiei.​—2 Petro 3:7; Nahum 1:2, 7-9; Malaki 4:1.

26. Ka nea ebefi Harmagedon mu aba no ho asɛm tiaa.

26 Ɔkwan yi so no, Satan asase so ahyehyɛde no nyinaa ba awiei. “Kan soro” a ɛyɛ amammui nniso no atwam kɔ. Afei de wɔasɛe “asase,” a ɛyɛ nhyehyɛe a Satan de asi hɔ mfehaha no mu a ɛte sɛ nea ɛbɛtra hɔ daa no pasaa. “Ɛpo” a ɛne adesamma abɔnefo abusua a wɔsɔre tia Yehowa no nni hɔ bio. (Adiyisɛm 21:1; 2 Petro 3:10) Nanso, dɛn na Yehowa de asie ama Satan ankasa? Yohane kɔ so ka kyerɛ yɛn.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]