Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsoro Foforo ne Asase Foforo

Ɔsoro Foforo ne Asase Foforo

Ti 42

Ɔsoro Foforo ne Asase Foforo

1. Dɛn na Yohane ka ho asɛm bere a ɔbɔfo no de no san akyi kɔ Mfirihyia Apem Ahenni no mfiase mu hɔ no?

ANISOADEHU fɛfɛ yi kɔ so da adi bere a ɔbɔfo no de Yohane san akyi kɔ Mfirihyia Apem Ahenni no mfiase no. Dɛn na ɔka ho asɛm? “Na mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan soro ne kan asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio.” (Adiyisɛm 21:1) Adehu bi a ɛyɛ nwonwa da adi!

2. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa ɔsoro foforo ne asase foforo ho no baa mu Yudafo a wɔsan de wɔn bae wɔ 537 A.Y.B. mu no so? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no mmamu foforo bi bɛba bio, na ɔkwan bɛn so na bɔhyɛ yi ba mu?

2 Mfehaha ansa na Yohane bere no reba no, ná Yehowa aka akyerɛ Yesaia sɛ: “Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo, na wɔrenkae kan de no na ɛremma komam bio.” (Yesaia 65:17; 66:22) Nkɔmhyɛ yi baa mu nea edi kan bere a Yudafo anokwafo san baa Yerusalem wɔ 537 A.Y.B. mu wɔ wɔn Babilon mfirihyia 70 tukɔ no akyi no. Wɔ saa sanba no mu no, wɔbɛyɛɛ ɔman a wɔatew wɔn ho, “asase foforo,” wɔ nniso nhyehyɛe foforo, “ɔsoro foforo,” ase. Nanso, ɔsomafo Petro twee adwene sii nkɔmhyɛ no mmamu foforo so sɛ: “Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Afei Yohane kyerɛ sɛ bɔhyɛ yi ba mu Awurade da no mu. “Kan soro ne kan asase,” Satan nneɛma nhyehyɛe a wahyehyɛ ne ne nniso nhyehyɛe a Satan ne n’adaemone kɛntɛn so no betwam akɔ. Adesamma atuatewfo abɔnefo “ɛpo” a ɛyɛ bagyabagya no rentra hɔ bio. “Ɔsoro foforo ne asase foforo”—asase so abusua foforo a ɛhyɛ nniso foforo, Onyankopɔn Ahenni, ase na ɛbɛba abesi ananmu.​—Fa toto Adiyisɛm 20:11 ho.

3. (a) Dɛn na Yohane ka ho asɛm, na dɛn ne Yerusalem Foforo no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yerusalem Foforo no ‘fi soro sian’?

3 Yohane toa so sɛ: “Na mihuu kurow kronkron no, Yerusalem Foforo, sɛ efi soro Onyankopɔn nkyɛn resian, na wɔasiesie no sɛ ayeforo a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.” (Adiyisɛm 21:2) Yerusalem Foforo no ne Kristo ayeforo a Kristofo a wɔasra wɔn a wodi nokware kodu wu mu na wonyan wɔn ma wɔbɛka Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no ho abɛyɛ ahene ne asɔfo no na wɔwom. (Adiyisɛm 3:12; 20:6) Sɛnea asase so Yerusalem bɛyɛɛ nea wofi dii tete Israel so no, saa ara na Yerusalem Foforo fɛfɛ ne n’Ayeforokunu no bɛyɛ nniso a edi nneɛma nhyehyɛe foforo no so. Eyi ne ɔsoro foforo no. ‘Ayeforo no fi soro sian,’ ɛnyɛ paara, na mmom wɔ ntease a ɛne sɛ wɔdan adwene ba asase so no mu. Oguammaa no ayeforo no bɛyɛ ne boafo ɔnokwafo wɔ trenee nniso a wɔde di adesamma nyinaa so no mu. Eyi yɛ nhyira ma asase foforo no ampa!

4. Bɔ bɛn na Onyankopɔn hyɛ a ɛte sɛ nea ɔhyɛɛ Israel man a na wɔahyehyɛ no foforo no?

4 Yohane ka kyerɛ yɛn bio sɛ: “Na metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra.” (Adiyisɛm 21:3) Bere a Yehowa ne saa bere no mu Israel man foforo no yɛɛ Mmara apam no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Mede me trabea mesi mo mu, na mo ho renyɛ me kra nwini. Na mɛnantew mu mo, na mayɛ mo Nyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman.” (Leviticus 26:11, 12) Afei, Yehowa rehyɛ adesamma anokwafo bɔ a ɛte saa ara. Mfirihyia apem Atemmu Da no mu no, wɔbɛyɛ ɔman titiriw bi ama no.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ne adesamma bɛtra Mfirihyia Apem Ahenni no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɛtra adesamma mu Mfirihyia Apem Ahenni no akyi?

5 Mfirihyia Apem Ahenni no mu no, Yehowa ‘bɛtra’ adesamma mu wɔ nhyehyɛe bi a ɛbɛtra hɔ kakraa mu, a ne Ba ɔnokwafo, Yesu Kristo na obesi n’ananmu. Nanso, Mfirihyia Apem Ahenni no awiei bere a Yesu de Ahenni no hyɛ n’Agya nsa no, ɛrenhia ɔnanmusifo anaa ntamgyinafo ɔnokwafo biara bio. Yehowa ne “ne man” bɛtra honhom mu ɔkwan a ɛtra hɔ daa na ɛyɛ tee so. (Fa toto Yohane 4:23, 24 ho.) Hokwan a ɛkorɔn ma adesamma a wɔasan agye wɔn atom bɛn ara ni!

6, 7. (a) Bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye bɛn na Yohane ka ho asɛm, na henanom na wobenya nhyira horow yi? (b) Yesaia ka honhom fam ne honam fam paradise bi ho asɛm dɛn?

6 Yohane kɔ so ka sɛ: “Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:4) Bio, wɔkae yɛn bɔhyɛ ahorow a efi honhom mu a wɔaka ho asɛm dedaw. Yesaia nso hwɛɛ bere a owu ne osu nni hɔ bio na ahurusidi besi awerɛhow ananmu no kwan. (Yesaia 25:8; 35:10; 51:11; 65:19) Afei Yohane si so dua sɛ nkɔmhyɛ ahorow yi nya mmamu bi a ɛyɛ nwonwa wɔ mfirihyia apem Atemmu Da no mu. Nea edi kan no, nnipakuw kɛse no benya nhyira horow. “Oguammaa a ɔwɔ ahengua no mfinimfini” no bɛkɔ so ayɛn wɔn na ɔde wɔn akɔ “nkwa nsuti ho, na Onyankopɔn bɛpopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.” (Adiyisɛm 7:9, 17) Nanso awiei no, wɔn a wɔanyan wɔn na wɔkyerɛ gyidi wɔ Yehowa nsiesiei ahorow no mu no nyinaa bɛka wɔn ho wɔ hɔ, na wɔanya honhom fam ne honam fam nyinaa Paradise mu anigye.

7 Yesaia se: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforɔte, na mum tɛkrɛma ato dwom.” (Yesaia 35:5, 6) Saa bere no nso, “wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.” (Yesaia 65:21, 22) Enti wɔrentu wɔn ase mfi asase so.

8. Dɛn na Yehowa ankasa ka wɔ sɛnea wobetumi de ho ato bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye yi so no ho?

8 Nneɛma fɛfɛ a yebenya daakye bɛn ara na ɛhyɛ yɛn adwene mu ma bere a yedwen bɔhyɛ ahorow yi ho sɛɛ yi! Nsiesiei pa a ɛyɛ nwonwa wɔ hɔ ma adesamma anokwafo daakye wɔ ɔsoro nniso a ɔdɔ wom no ase. Bɔhyɛ ahorow a ɛtete saa yɛ dɛ dodo sɛ ɛbɛyɛ nokware anaa? So ɛyɛ akwakoraa bi a wɔatwa no asu akɔtra Patmo supɔw so no adaeso ara kwa anaa? Yehowa ankasa bua sɛ: “Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfiase ne awiei no.”—Adiyisɛm 21:5, 6a.

9. Dɛn nti na yebetumi abu daakye nhyira horow yi sɛ nea ɛbɛba ampa?

9 Ɛte sɛ nea Yehowa ankasa de ne nsa rehyɛ adanse, anaasɛ krataa, bi ase wɔ adesamma anokwafo nhyira horow a ɛbɛba daakye yi ho. Hena na obetumi agye Ɔdansefo a ɔte sɛɛ asɛm ho kyim? Yehowa bɔhyɛ ahorow yi bɛbam ampa araa ma ɔka ho asɛm te sɛ nea abam dedaw sɛ: “Wɔawie!” So ɛnyɛ Yehowa ne “Alfa ne Omega no, nea ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dedaw, na ɔreba, ade nyinaa so tumfoɔ” no anaa? (Adiyisɛm 1:8) Ampa ɔne no! Ɔno ankasa pae mu ka sɛ: “Mene odikanfo na mene okyiridifo, na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko.” (Yesaia 44:6) Enti, obetumi ama wɔahyɛ nkɔm ahorow na wɔama aba mu pɛpɛɛpɛ. Eyi hyɛ gyidi den dɛn ara! Enti ɔhyɛ bɔ sɛ: “Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo”! Sɛ anka yebegye kyim sɛ anwonwade ahorow yi bɛbam ampa mmom no, ɛda adi sɛ nea ɛsɛ sɛ yebisa ne sɛ: ‘Dɛn na ɛsɛ sɛ m’ankasa meyɛ na manya nhyira horow a ɛtete saa?’

“Nsu” ma Wɔn a Sukɔm de Wɔn

10. “Nsu” bɛn na Yehowa de ma, na egyina hɔ ma dɛn?

10 Yehowa ankasa na ɔka sɛ: “Me na mede nkwa nsuti mu nsu mɛkyɛ obiara a osukɔm de no no kwa.” (Adiyisɛm 21:6b) Sɛnea ɛbɛyɛ na obi akum saa sukɔm no, ebehia sɛ ohu ne honhom mu ahiade na onya ɔpɛ sɛ obegye “nsu” a Yehowa de ma no. (Yesaia 55:1; Mateo 5:3) “Nsu” bɛn? Yesu ankasa bua saa asɛm no bere a ɔredi ɔbea bi adanse wɔ abura bi ho wɔ Samaria no. Ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.” “Nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu” no fi Onyankopɔn nkyɛn nam Kristo so na ɛsen sɛ ne nsiesiei a wɔnam so bɛsan de adesamma akɔ asetra a ɛyɛ pɛ mu. Te sɛ Samariani ɔbea no, ɛsɛ sɛ yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛnom nsu pii afi saa asubura no mu dɛn ara! Na sɛnea saa ɔbea no yɛe no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho gyae wiase nneɛma gu hɔ na yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo mmom!—Yohane 4:14, 15, 28, 29.

Wɔn a Wodi Nkonim

11. Bɔ bɛn na Yehowa hyɛ, na henanom na nsɛm no fa wɔn ho kan?

11 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnom saa nsu a edwudwo onipa no di nkonim nso, sɛnea Yehowa kɔ so ka no: “Nea odi nkonim no benya eyinom adi, na mayɛ no Onyankopɔn, na ɔno nso ayɛ me ɔba.” (Adiyisɛm 21:7) Bɔhyɛ yi te sɛ bɔhyɛ ahorow a wohu wɔ nkrasɛm a wɔde kɔmaa asafo ason no mu no; enti, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ saa nsɛm yi fa asuafo a wɔasra wɔn no ho. (Adiyisɛm 2:7, 11, 17, 26-28; 3:5, 12, 21) Mfe no nyinaa mu no, Kristo honhom mu nuanom no de ahopere ahwɛ hokwan a wobenya ayɛ Yerusalem Foforo no fã no kwan. Sɛ wodi nkonim, sɛnea Yesu dii nkonim no a, wɔn anidaso no bɛyɛ hɔ.​—Yohane 16:33.

12. Yehowa bɔhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 21:7 no bɛba mu wɔ nnipakuw kɛse no ho dɛn?

12 Nnipakuw kɛse a wofi amanaman nyinaa mu no nso hwɛ bɔhyɛ yi kwan. Wɔn nso, ɛsɛ sɛ wodi nkonim, de nokwaredi som Onyankopɔn kosi sɛ wobefi ahohiahia kɛse no mu aka. Ɛno ansa na wɔn nsa bɛka wɔn asase so apɛgyade, ‘ahenni a wɔasiesie ama wɔn fi wiase asefi no.’ (Mateo 25:34) Wɔfrɛ eyinom ne Awurade asase so nguan afoforo a wobedi sɔhwɛ no mu nkonim mfirihyia apem no awiei no “ahotefo.” (Adiyisɛm 20:9) Wɔne wɔn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, benya abusuabɔ kronkron a ɔdɔ wom sɛ n’amansan ahyehyɛde no mufo.​—Yesaia 66:22; Yohane 20:31; Romafo 8:21.

13, 14. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛyɛ anigye yi adi no, nneyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati koraa, na dɛn ntia?

13 Esiane sɛ akwanhwɛ kɛse yi da yɛn anim nti, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ Yehowa Adansefo tew wɔn ho mprempren wɔ Satan wiase nneɛma a egu nnipa ho fi no ho! Ɛho hia sɛ yɛyɛ den, yegyina pintinn, na yesi yɛn bo sɛ yɛremma Ɔbonsam ntwe yɛn nkɔka kuw a Yehowa ankasa ka wɔn ho asɛm wɔ ha no ho da: “Na ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.” (Adiyisɛm 21:8) Yiw, ɛsɛ sɛ nea obenya nneɛma yi adi no kwati nneyɛe a asɛe nneɛma nhyehyɛe dedaw yi no. Ɛsɛ sɛ odi nkonim denam nokware a obedi wɔ nhyɛso ne sɔhwɛ ahorow nyinaa mu no so.​—Romafo 8:35-39.

14 Ɛwom sɛ Kristoman ka sɛ ɔyɛ Kristo ayeforo de, nanso nneyɛe bɔne a Yohane ka ho asɛm wɔ ha no ne ne su. Enti ɔne Babilon Kɛse nkae no nyinaa kɔ daa ɔsɛe mu. (Adiyisɛm 18:8, 21) Saa ara nso na wɔn a wɔasra wɔn anaasɛ nnipakuw kɛse no muni biara a ɔbɛyɛ nneɛma bɔne a ɛtete saa no bi, anaa obefi ase ahyɛ nkuran sɛ wɔnyɛ saa no benya daa ɔsɛe. Sɛ wɔkɔ so yɛ saa nneɛma no a, wɔrennya bɔhyɛ ahorow no nni. Na asase foforo no mu no, wɔbɛsɛe obiara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde nneyɛe a ɛtete saa bɛba no ntɛm, na obenya owuprenu a onni owusɔre ho anidaso.​—Yesaia 65:20.

15. Henanom ne nkonimdifo atitiriw no, na anisoadehu bɛn na ɛde Adiyisɛm ba awiei fɛfɛ?

15 Nkonimdifo atitiriw ne Oguammaa, Yesu Kristo, ne n’ayeforo 144,000, Yerusalem Foforo no. Ɛnde, fata bɛn ara na ɛfata sɛ wɔde Adiyisɛm no ba awiei fɛfɛ denam Yerusalem Foforo no hwɛbea a edi akyiri a ɛtra adwene nyinaa so no so! Afei Yohane ka anisoadehu biako a etwa to ho asɛm.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 302 mfonini ahorow]

Asase foforo abusua no mu no, obiara benya nnwuma ne fekubɔ a anigye wom